Ɔde Kɔmaa Romafoɔ
9 Mereka nokorɛ wɔ Kristo mu; ɛnyɛ atorɔ na meredi, ɛfiri sɛ m’ahonim* di me adanseɛ wɔ honhom kronkron mu 2 sɛ, medi awerɛhoɔ kɛseɛ, na ɛyea a ɛnnyae da wɔ m’akoma mu. 3 Me yam a, anka wɔate me afiri Kristo ho sɛ deɛ wɔadome no, na wɔde me asi me nuanom ananmu, me honam fam abusuafoɔ 4 a wɔyɛ Israelfoɔ no. Wɔn na wɔagye wɔn ayɛ mma,+ na wɔn na animuonyam ne apam ahodoɔ+ ne Mmara a wɔde maeɛ+ ne ɔsom kronn+ ne bɔhyɛ ahodoɔ+ no yɛ wɔn dea. 5 Wɔn na wɔyɛ agyanom no asefoɔ,*+ na wɔn mu na Kristo firi baa wɔ ɔhonam mu.+ Onyankopɔn a ɔdi adeɛ nyinaa so no, ɔno na ayeyie nka no daa daa. Amen.
6 Nanso, ɛnyɛ sɛ ebia Onyankopɔn asɛm no amma mu. Ɛfiri sɛ ɛnyɛ wɔn a wɔfiri Israel mu nyinaa na wɔyɛ “Israelfoɔ” ankasa.+ 7 Afei nso, ɛnyɛ sɛ wɔyɛ Abraham asefoɔ* nti wɔn nyinaa yɛ mma.+ Na mmom, “Deɛ wɔbɛfrɛ no w’aseni* no nam Isak so na ɔbɛba.”+ 8 Kyerɛ sɛ, ɔhonam mma no nyɛ Onyankopɔn mma ankasa,+ na mmom bɔhyɛ mma+ no na wɔbu wɔn sɛ asefoɔ.* 9 Ɛfiri sɛ bɔhyɛ no kaa sɛ: “Afe sɛsɛɛ, berɛ a mɛsan aba saa berɛ yi no, na Sara awo ɔbabarima.”+ 10 Nanso ɛnyɛ saa berɛ no nko, na mmom berɛ a Rebeka ne onipa baako no, yɛn nana Isak, nyinsɛn ntaafoɔ no nso.+ 11 Berɛ a wɔnnya nwoo wɔn, na wɔnnya nyɛɛ papa anaa bɔne biara no, Onyankopɔn kyerɛɛ sɛ, deɛ wayɛ n’adwene sɛ ɔbɛyɛ no, ɛnnyina nnwuma so, na mmom ɛgyina deɛ Ɔbɛyi no na wafrɛ no no so. 12 Enti wɔka kyerɛɛ Rebeka sɛ: “Panin no bɛyɛ kumaa no akoa.”+ 13 Sɛdeɛ wɔatwerɛ no: “Medɔɔ Yakob, na Esau deɛ, metan no.”+
14 Ɛnneɛ deɛn na yɛbɛka? Onyankopɔn ntene anaa? Daabida!+ 15 Ɛfiri sɛ ɔka kyerɛɛ Mose sɛ: “Deɛ mepɛ sɛ mehu no mmɔbɔ no, ɔno na mɛhu no mmɔbɔ, na deɛ mepɛ sɛ me yam hyehye me ma no no, ɔno na me yam bɛhyehye me ama no.”+ 16 Enti ɛnnyina deɛ obi pɛ anaa ne mmɔdemmɔ so,* na mmom ɛgyina Onyankopɔn a ɔwɔ ahummɔborɔ no so.+ 17 Ɛfiri sɛ Twerɛnsɛm no ka kyerɛɛ Farao sɛ: “Deɛ enti a mama woda so te ase nie: mepɛ sɛ mefa wo so da me tumi adi, na mema nkurɔfoɔ bɔ me din asaase nyinaa so.”+ 18 Enti deɛ ɔpɛ na ɔhu no mmɔbɔ, na deɛ ɔpɛ nso na ɔma no sene ne kɔn.+
19 Ne saa nti, wobɛka akyerɛ me sɛ: “Adɛn nti na ɔda so nya nnipa ho mfomsoɔ? Na hwan na ɔbɛsi n’apɛdeɛ kwan?” 20 Wo onipa, hwan ne wo a wo ne Onyankopɔn yiyi nsɛm ano?+ Anwenneɛ bɛbisa ne nwemfoɔ sɛ: “Adɛn nti na woyɛɛ me sei?”+ 21 Adɛn? Ɔnwemfoɔ nni dɔteɛ so tumi+ sɛ ɔde dɔtetoa* koro no ara bɛnwene kukuo baako a ɛho wɔ nyam, na wanwene foforɔ nso a ɛho nni nyam anaa? 22 Enti sɛ Onyankopɔn a ɔpɛ sɛ ɔyi n’abufuo adi na ɔma wɔhunu ne tumi no nyaa abufuo anwenneɛ a wɔasiesie ama ɔsɛeɛ no ho aboterɛ pii a, deɛn na yɛwɔ ka wɔ ho? 23 Na sɛ ɔyɛɛ saa sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔbɛda n’animuonyam kɛseɛ adi akyerɛ mmɔborɔhunu anwenneɛ+ a wadi kan asiesie sɛ ɔbɛhyɛ wɔn animuonyam, 24 kyerɛ sɛ, yɛn a ɔfrɛɛ yɛn firii Yudafoɔ ne amanaman mu no+ a, ɛno nso deɛn na yɛwɔ ka? 25 Ɛte sɛ deɛ waka wɔ Hosea nwoma no nso mu no: “Wɔn a wɔnyɛ me man no,+ mɛfrɛ wɔn ‘me man,’ na deɛ na mennɔ no no nso, mɛfrɛ no ‘ɔdɔfoɔ’;+ 26 na baabi a wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, ‘Ɛnyɛ me man ne mo’ no, ɛhɔ ara na wɔbɛfrɛ wɔn ‘Onyankopɔn teasefoɔ no mma.’”+
27 Bio nso, Yesaia kaa Israel ho asɛm sɛ: “Sɛ Israel mma dodoɔ te sɛ mpoano anwea mpo a, nkaefoɔ no nko ara na wɔbɛgye wɔn nkwa.+ 28 Ɛfiri sɛ Yehowa* bɛma wɔabu akonta akyerɛ no wɔ asaase so, na ɔbɛwie no ntɛm so.”+ 29 Afei nso, sɛdeɛ Yesaia ka too hɔ no: “Sɛ asafo Yehowa* annya asefoɔ* amma yɛn a, anka yɛayɛ sɛ Sodom, na yɛadane sɛ Gomora.”+
30 Ɛnneɛ deɛn na yɛbɛka? Ɛne sɛ, amanaman mufoɔ anni tenenee akyi deɛ, nanso wɔn nsa kaa tenenee,+ tenenee a ɛfiri gyidie mu no;+ 31 na Israel deɛ, ɛwom sɛ wɔdii tenenee mmara akyi, nanso wɔantumi anni saa mmara no so pɛpɛɛpɛ. 32 Adɛn ntira? Ɛfiri sɛ ɛnyɛ gyidie na wɔde dii akyire, na mmom wɔnam nnwuma so na ɛdii akyire. Wɔsuntii wɔ “suntiboɔ” no so;+ 33 sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ: “Hwɛ! mede suntiboɔ ne watiri boɔ reto Sion,+ na obiara a ɔnya mu gyidie no nsa rensi fam.”+