Krataa a Ɔde Kɔmaa Kolosefoɔ
1 Me Paul a menam Onyankopɔn pɛ so yɛ Kristo Yesu somafoɔ a yɛn nua Timoteo+ ka me ho, 2 meretwerɛ krataa yi akɔma akronkronfoɔ ne anuanom anokwafoɔ a wɔwɔ Kristo mu wɔ Kolose:
Adom ne asomdwoeɛ a ɛfiri yɛn Agya Onyankopɔn hɔ nka mo.
3 Berɛ biara a yɛbɛbɔ mpaeɛ ama mo no, yɛda Onyankopɔn a ɔne yɛn Awurade Yesu Kristo Agya no ase, 4 ɛfiri sɛ gyidie a mowɔ wɔ Kristo Yesu mu ne ɔdɔ a mowɔ ma akronkronfoɔ nyinaa no, yɛate ho asɛm; 5 anidasoɔ a Onyankopɔn de asie ama mo wɔ ɔsoro+ no nti na moda suban a ɛte saa adi. Nokwasɛm a ɛfa asɛmpa no ho a wɔka kyerɛɛ mo no, ɛno na monam so tee saa anidasoɔ yi ho asɛm. 6 Saa asɛmpa yi na aduru mo nkyɛn no, na sɛdeɛ ɛreso aba na ɛrenya nkɔanimu wɔ wiase nyinaa+ no, saa ara na ɛfiri da a motee Onyankopɔn adom ho asɛm na mohunuu deɛ ɛkyerɛ ankasa no, ɛrekɔ so wɔ mo nso mo mu. 7 Ɛno na mosua firii yɛn yɔnko akoa Epafra+ a yɛdɔ no no hɔ. Ɔyɛ Kristo somfoɔ nokwafoɔ a ɔyɛ adwuma ma yɛn. 8 Ɔdɔ a monam honhom so anya* no nso, ɔno na waka ho asɛm akyerɛ yɛn.
9 Wei nso nti ɛfiri da a yɛtee ho asɛm no, yɛnnyaee sɛ yɛbɛbɔ mpaeɛ ama mo.+ Ɛyɛ a yɛsrɛ sɛ n’apɛdeɛ ho nokorɛ nimdeɛ nhyɛ mo mã,+ na moanya nyansa ne honhom mu nteaseɛ nyinaa,+ 10 sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mobɛnante ɔkwampa so wɔ Yehowa* anim; ɛno bɛma moasɔ n’ani koraa na moakɔ so aso aba wɔ adwuma pa biara mu, na moanya Onyankopɔn ho nokorɛ nimdeɛ pii.+ 11 Yɛsan srɛ sɛ Onyankopɔn mfa n’animuonyam tumi mma mo ahoɔden pii+ na ama mode aboterɛ ne anigyeɛ amia mo ani agyina mu akɔsi aseɛ, 12 na moada Agya no ase, ɛfiri sɛ agyapadeɛ a ɛda hɔ ma akronkronfoɔ+ a wɔwɔ hann mu no, ɔno na wama moafata sɛ monya mu kyɛfa.
13 Wagye yɛn afiri sum tumi ase+ de yɛn aba ne Ba a ɔdɔ no no ahennie mu, 14 na ɔno na yɛnam ne so anya ɔgyeɛ, kyerɛ sɛ, yɛanya bɔnefakyɛ.+ 15 Ɔno ne Onyankopɔn a wɔnhu no no suban,+ abɔdeɛ nyinaa mu abakan;+ 16 ɛfiri sɛ ne so na wɔnam bɔɔ nneɛma a aka nyinaa wɔ soro ne asaase so, deɛ wɔhunu ne deɛ wɔnhunu,+ nhennwa, mpaninnie, nnisoɔ, anaa tumidie. Nneɛma a aka nyinaa wɔnam ne so na ɛbɔeɛ,+ na wɔbɔ maa no. 17 Bio nso, na ɔwɔ hɔ ansa na nneɛma a aka nyinaa reba,+ na ne so na wɔnam yɛɛ nneɛma a aka nyinaa, 18 na ɔno ne nipadua no ti, kyerɛ sɛ, asafo no ti.+ Ɔno ne mfitiaseɛ, deɛ ɔdi kan a wɔnyanee no firii awufoɔ mu,*+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔbɛyɛ odikanfoɔ wɔ nneɛma nyinaa mu; 19 ɛfiri sɛ ɛsɔɔ Onyankopɔn ani sɛ ɔbɛma ne Ba no adi mu korakora,+ 20 na ɔnam ne so, kyerɛ sɛ, ne mogya+ a ɔhwie guu asɛndua* no so nti, wasan aka nneɛma nyinaa abom bio,+ asaase so nneɛma ne ɔsoro nneɛma nyinaa, na ama asomdwoeɛ aba Onyankopɔn ne wɔn ntam.
21 Deɛ ɛteɛ ne sɛ, berɛ bi, na mo ne Onyankopɔn ntam kwan ware, na na moyɛ n’atamfo ɛfiri sɛ na mo adwene wɔ nnwuma bɔne so. 22 Nanso afei deɛ, ɔnam deɛ ɔwuiɛ no honam nipadua so aka mo ne no abom bio, na ama ɔde mo akɔma Onyankopɔn sɛ nnipa kronkron a dɛm nni wɔn ho na asɛm biara nni wɔn ho;+ 23 nanso gye sɛ mokɔ so tena gyidie no mu,+ na mogyina fapem no so pintinn,+ na motintim+ a momma biribiara ntwe mo mfiri anidasoɔ a monam asɛmpa no so nyaeɛ no ho; saa asɛmpa no, wɔaka ho asɛm wɔ abɔdeɛ a ɛwɔ ɔsoro ase nyinaa mu,+ na ɛno na me Paul, mabɛyɛ ho somfoɔ.+
24 Afei ɛmfa ho sɛ merehunu amane ma mo+ no, meredi ahurisie. Na mehu sɛ amanehunu a Kristo nipadua no fã a meyɛ,+ kyerɛ sɛ, asafo no+ fã a meyɛ nti ɛsɛ sɛ mefa mu no, ɛnnya nnii mu. 25 Onyankopɔn ama me fiehwɛ adwuma+ bi sɛ mensom asafo yi. Mo nti na wɔde adwuma yi maa me sɛ menka Onyankopɔn asɛm no nkɔsi aseɛ; 26 ebi ne ahintasɛm kronkron+ a wɔde siee wiase a aba atwam*+ ne awoɔ ntoatoasoɔ a aba kɔ no. Nanso afei deɛ wɔayi no adi akyerɛ n’akronkronfoɔ.+ 27 Bio nso, Onyankopɔn ani gye ho sɛ ɔbɛma akronkronfoɔ no ahu ahintasɛm kronkron a ɛnni ano+ a ɔreda no adi wɔ amanaman mu no. Ɛno ne Kristo a wɔaka mo ne no abom ayɛ baako no, kyerɛ sɛ, moanya anidasoɔ sɛ wɔbɛhyɛ mo ne no nyinaa animuonyam.+ 28 Ɔno na yɛbɔ ne ho dawuro, yɛtu onipa biara fo, na yɛde nyansa a emu dɔ kyerɛkyerɛ obiara, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a obiara a ɔne Kristo ayɛ baako no, yɛde no bɛma Onyankopɔn sɛ obi a ɔdi mũ.+ 29 Wei ho na meyɛ adwumaden, na ɛsiane ne tumi a ɛyɛ adwuma dendeenden wɔ me mu no nti, meyere me ho.+