Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Asomafoɔ Nnwuma 7
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ

Deɛ woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

Asomafoɔ Nnwuma Mu Nsɛntitire

      • Stefano kasaa wɔ Sanhedrin no anim (1-53)

        • Agyanom berɛ so (2-16)

        • Mose dii wɔn anim; Israelfo som abosom (17-43)

        • Onyankopɔn nte asɔrefie a nnipa de wɔn nsa asi mu (44-50)

      • Wɔsii Stefano aboɔ (54-60)

Asomafoɔ Nnwuma 7:2

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ge 11:31

Asomafoɔ Nnwuma 7:3

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ge 12:1

Asomafoɔ Nnwuma 7:4

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ge 11:32
  • +Ge 12:4, 5; Heb 11:8

Asomafoɔ Nnwuma 7:5

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Nt., “n’aba.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ge 12:7; 13:14, 15; 17:1, 8

Asomafoɔ Nnwuma 7:6

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Nt., “n’aba.”

  • *

    Anaa “wɔadi wɔn ani.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ge 15:13; Ex 12:40

Asomafoɔ Nnwuma 7:7

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ge 15:14
  • +Ex 3:12

Asomafoɔ Nnwuma 7:8

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “duatwa.”

  • *

    Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “Isak nso yɛɛ Yakob saa ara.”

  • *

    Anaa “tete agyanom.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ge 17:9, 10
  • +Ge 21:1-3
  • +Ge 21:4

Asomafoɔ Nnwuma 7:9

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ge 37:9-11
  • +Ge 37:28; 45:4
  • +Ge 39:2, 3

Asomafoɔ Nnwuma 7:10

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ge 41:40-46

Asomafoɔ Nnwuma 7:11

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ge 41:54; 42:5

Asomafoɔ Nnwuma 7:12

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ge 42:2, 6

Asomafoɔ Nnwuma 7:13

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ge 45:1, 16

Asomafoɔ Nnwuma 7:14

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “akra.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ge 45:9-11
  • +Ge 46:27; De 10:22

Asomafoɔ Nnwuma 7:15

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ge 46:29; De 26:5
  • +Ge 49:33
  • +Ex 1:6

Asomafoɔ Nnwuma 7:16

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ge 23:16; Ex 13:19; Yos 24:32

Asomafoɔ Nnwuma 7:18

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 1:7, 8

Asomafoɔ Nnwuma 7:19

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 1:10, 22

Asomafoɔ Nnwuma 7:20

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “ne ho yɛ fɛ wɔ Onyankopɔn anim.”

  • *

    Anaa “wɔtetee no.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 2:2; Heb 11:23

Asomafoɔ Nnwuma 7:21

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 2:3
  • +Ex 2:5, 10

Asomafoɔ Nnwuma 7:22

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 11:3

Asomafoɔ Nnwuma 7:23

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “ɔyɛɛ n’adwene.”

  • *

    Anaa “akɔhwɛ.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 2:11-15

Asomafoɔ Nnwuma 7:25

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “nam ne nsa so.”

Asomafoɔ Nnwuma 7:29

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 2:21, 22; 18:2-4

Asomafoɔ Nnwuma 7:30

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “nkyɛkyerɛ.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 3:2-10

Asomafoɔ Nnwuma 7:31

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Hwɛ Nkh. A5.

Asomafoɔ Nnwuma 7:32

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 3:6; Mr 12:26; Lu 20:37

Asomafoɔ Nnwuma 7:33

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Hwɛ Nkh. A5.

Asomafoɔ Nnwuma 7:34

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 2:23, 24

Asomafoɔ Nnwuma 7:35

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “nkyɛkyerɛ.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 2:14; Aso 7:27
  • +Ex 4:19

Asomafoɔ Nnwuma 7:36

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 12:41
  • +Ex 7:3
  • +Ex 14:21, 22; 15:4, 5
  • +Ex 16:35; Nu 14:33, 34

Asomafoɔ Nnwuma 7:37

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 18:15; Aso 3:22

Asomafoɔ Nnwuma 7:38

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 7:53; Ga 3:19
  • +Ex 19:3; De 5:27
  • +Ex 21:1; De 9:10

Asomafoɔ Nnwuma 7:39

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Nu 14:3, 4
  • +Ex 16:3

Asomafoɔ Nnwuma 7:40

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 32:1, 23

Asomafoɔ Nnwuma 7:41

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 32:4, 6

Asomafoɔ Nnwuma 7:42

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Ah 17:16

Asomafoɔ Nnwuma 7:43

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ah 11:7
  • +Yer 25:11; Am 5:25-27

Asomafoɔ Nnwuma 7:44

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 25:40

Asomafoɔ Nnwuma 7:45

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 3:28; 31:3; Yos 3:14
  • +Ge 17:1, 8; Yos 23:9; 24:18

Asomafoɔ Nnwuma 7:46

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Sa 7:2; 1Be 22:7; Dw 132:1-5

Asomafoɔ Nnwuma 7:47

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ah 6:1

Asomafoɔ Nnwuma 7:48

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 17:24

Asomafoɔ Nnwuma 7:49

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Hwɛ Nkh. A5.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Dw 11:4
  • +Mt 5:34, 35

Asomafoɔ Nnwuma 7:50

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Yes 66:1, 2; Heb 3:4

Asomafoɔ Nnwuma 7:51

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “Asobrakyefoɔ.”

  • *

    Nt., “akoma ne aso mu momonotofoɔ.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Yes 63:10

Asomafoɔ Nnwuma 7:52

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Be 36:16
  • +Mt 23:31
  • +Yes 53:8; Aso 3:13, 14

Asomafoɔ Nnwuma 7:53

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 7:38; Ga 3:19

Asomafoɔ Nnwuma 7:54

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “wɔfirii aseɛ twɛree wɔn se guu ne so.”

Asomafoɔ Nnwuma 7:55

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Dw 110:1; Mt 26:64

Asomafoɔ Nnwuma 7:56

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Da 7:13
  • +Ro 8:34

Asomafoɔ Nnwuma 7:58

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Le 24:14, 16; Mt 23:37; Yoh 16:2
  • +De 17:7
  • +Aso 8:1; 22:20

Asomafoɔ Nnwuma 7:59

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Nt., “honhom.”

Asomafoɔ Nnwuma 7:60

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Hwɛ Nkh. A5.

  • *

    Nt., “ɔdaeɛ.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Mt 5:44

Bible Afoforɔ

Klike nkyekyɛmu bi so. Ɛbɛma woahunu asɛm korɔ no ara wɔ Bible afoforɔ mu.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So No Nyinaa

Aso. 7:2Ge 11:31
Aso. 7:3Ge 12:1
Aso. 7:4Ge 11:32
Aso. 7:4Ge 12:4, 5; Heb 11:8
Aso. 7:5Ge 12:7; 13:14, 15; 17:1, 8
Aso. 7:6Ge 15:13; Ex 12:40
Aso. 7:7Ge 15:14
Aso. 7:7Ex 3:12
Aso. 7:8Ge 17:9, 10
Aso. 7:8Ge 21:1-3
Aso. 7:8Ge 21:4
Aso. 7:9Ge 37:9-11
Aso. 7:9Ge 37:28; 45:4
Aso. 7:9Ge 39:2, 3
Aso. 7:10Ge 41:40-46
Aso. 7:11Ge 41:54; 42:5
Aso. 7:12Ge 42:2, 6
Aso. 7:13Ge 45:1, 16
Aso. 7:14Ge 45:9-11
Aso. 7:14Ge 46:27; De 10:22
Aso. 7:15Ge 46:29; De 26:5
Aso. 7:15Ge 49:33
Aso. 7:15Ex 1:6
Aso. 7:16Ge 23:16; Ex 13:19; Yos 24:32
Aso. 7:18Ex 1:7, 8
Aso. 7:19Ex 1:10, 22
Aso. 7:20Ex 2:2; Heb 11:23
Aso. 7:21Ex 2:3
Aso. 7:21Ex 2:5, 10
Aso. 7:22Ex 11:3
Aso. 7:23Ex 2:11-15
Aso. 7:29Ex 2:21, 22; 18:2-4
Aso. 7:30Ex 3:2-10
Aso. 7:32Ex 3:6; Mr 12:26; Lu 20:37
Aso. 7:34Ex 2:23, 24
Aso. 7:35Ex 2:14; Aso 7:27
Aso. 7:35Ex 4:19
Aso. 7:36Ex 12:41
Aso. 7:36Ex 7:3
Aso. 7:36Ex 14:21, 22; 15:4, 5
Aso. 7:36Ex 16:35; Nu 14:33, 34
Aso. 7:37De 18:15; Aso 3:22
Aso. 7:38Aso 7:53; Ga 3:19
Aso. 7:38Ex 19:3; De 5:27
Aso. 7:38Ex 21:1; De 9:10
Aso. 7:39Nu 14:3, 4
Aso. 7:39Ex 16:3
Aso. 7:40Ex 32:1, 23
Aso. 7:41Ex 32:4, 6
Aso. 7:422Ah 17:16
Aso. 7:431Ah 11:7
Aso. 7:43Yer 25:11; Am 5:25-27
Aso. 7:44Ex 25:40
Aso. 7:45De 3:28; 31:3; Yos 3:14
Aso. 7:45Ge 17:1, 8; Yos 23:9; 24:18
Aso. 7:462Sa 7:2; 1Be 22:7; Dw 132:1-5
Aso. 7:471Ah 6:1
Aso. 7:48Aso 17:24
Aso. 7:49Dw 11:4
Aso. 7:49Mt 5:34, 35
Aso. 7:50Yes 66:1, 2; Heb 3:4
Aso. 7:51Yes 63:10
Aso. 7:522Be 36:16
Aso. 7:52Mt 23:31
Aso. 7:52Yes 53:8; Aso 3:13, 14
Aso. 7:53Aso 7:38; Ga 3:19
Aso. 7:55Dw 110:1; Mt 26:64
Aso. 7:56Da 7:13
Aso. 7:56Ro 8:34
Aso. 7:58Le 24:14, 16; Mt 23:37; Yoh 16:2
Aso. 7:58De 17:7
Aso. 7:58Aso 8:1; 22:20
Aso. 7:60Mt 5:44
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
  • Kenkan wɔ Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ (Asante) mu
  • 1
  • 2
  • 3
  • 4
  • 5
  • 6
  • 7
  • 8
  • 9
  • 10
  • 11
  • 12
  • 13
  • 14
  • 15
  • 16
  • 17
  • 18
  • 19
  • 20
  • 21
  • 22
  • 23
  • 24
  • 25
  • 26
  • 27
  • 28
  • 29
  • 30
  • 31
  • 32
  • 33
  • 34
  • 35
  • 36
  • 37
  • 38
  • 39
  • 40
  • 41
  • 42
  • 43
  • 44
  • 45
  • 46
  • 47
  • 48
  • 49
  • 50
  • 51
  • 52
  • 53
  • 54
  • 55
  • 56
  • 57
  • 58
  • 59
  • 60
Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
Asomafoɔ Nnwuma 7:1-60

Asomafoɔ Nnwuma

7 Na ɔsɔfo panin no bisaa no sɛ: “Nsɛm yi te saa anaa?” 2 Ɛnna Stefano buaa sɛ: “Mmarima, anuanom ne agyanom, montie. Animuonyam Nyankopɔn no yii ne ho adi kyerɛɛ yɛn nana Abraham, berɛ a na ɔwɔ Mesopotamia, ansa na ɔrekɔtena Haran,+ 3 na ɔka kyerɛɛ no sɛ: ‘Firi w’asaase so ne w’abusuafoɔ mu na kɔ asaase a mɛkyerɛ wo no so.’+ 4 Enti ɔfirii Kaldeafoɔ asaase so kɔtenaa Haran. Berɛ a ne papa wuiɛ no,+ Onyankopɔn maa no tu firii hɔ, na ɔbɛtenaa asaase a mote so seesei yi so.+ 5 Nanso wamma no bi sɛ agyapadeɛ. Daabi, wamma no baabi a ɔde ne nan bɛsi mpo. Mmom ɔhyɛɛ bɔ sɛ ɔde bɛma no sɛ agyapadeɛ, na n’akyi no, ɔde bɛma n’asefoɔ.*+ Nanso saa berɛ no, na ɔnni ba. 6 Bio nso, Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ n’asefoɔ* bɛkɔ akɔyɛ ahɔhoɔ wɔ obi man so, na ɛhɔfoɔ de wɔn bɛyɛ nkoa na wɔateetee wɔn* mfeɛ 400.+ 7 Onyankopɔn kaa sɛ, ‘Mɛbu ɔman a ɛde wɔn bɛyɛ nkoa no atɛn,+ na weinom akyi no, wɔbɛfiri hɔ na wɔabɛsom me wɔ ha.’+

8 “Ɔsan ne Abraham yɛɛ twetiatwa* apam.+ Enti berɛ a ɔwoo Isak+ no, da a ɛtɔ so nwɔtwe no, ɔtwaa no twetia.+ Na Isak woo Yakob,* na Yakob woo mmusua ti* 12 no. 9 Na mmusua ti no ani beree Yosef,+ na wɔtɔn no kɔɔ Egypt.+ Nanso na Onyankopɔn ka ne ho,+ 10 na ɔgyee no firii ne haw nyinaa mu, na ɔmaa no nyaa adom ne nyansa wɔ Egypt hene Farao anim. Na Farao de Egypt ne ne fie nyinaa hyɛɛ ne nsa sɛ ɔnhwɛ so.+ 11 Na ɛkɔm baa Egypt ne Kaanan nyinaa, aane, ahokyerɛ kɛse paa, na na yɛn agyanom nnya biribiara nni.+ 12 Ɛnna Yakob tee sɛ aduane wɔ Egypt, enti ɔsomaa yɛn agyanom kɔɔ hɔ deɛ ɛdi kan.+ 13 Berɛ a wɔkɔɔ ne mprenu so no, Yosef yii ne ho adi kyerɛɛ ne nuanom, na Farao huu Yosef abusuafoɔ.+ 14 Enti Yosef de nkra kɔmaa ne papa Yakob ne n’abusuafoɔ nyinaa sɛ wɔmfiri hɔ mmra.+ Ná wɔn nyinaa dodoɔ si nnipa* 75.+ 15 Enti Yakob kɔɔ Egypt,+ na ɔwuu wɔ hɔ.+ Na yɛn agyanom nso wuwuu saa ara.+ 16 Na wɔde wɔn kɔɔ Sekem kɔsiee wɔn. Wɔsiee wɔn wɔ ɛda a Abraham de dwetɛ sika tɔ firii Hamor mma nkyɛn wɔ Sekem no mu.+

17 “Berɛ a aka kakra ama ɛbɔ a Onyankopɔn hyɛɛ Abraham no aba mu no, nnipa no yɛɛ bebree, na wɔdɔɔso wɔ Egypt, 18 kɔsii sɛ ɔhene foforɔ bɛdii adeɛ wɔ Egypt. Ɔno deɛ, na ɔnnim Yosef.+ 19 Saa ɔhene no nam nyansakwan so dii yɛn abusua no so, na ɔde atirimuɔden hyɛɛ agyanom no sɛ wɔnnya wɔn mma nketewa hɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛwuwuo.+ 20 Saa berɛ no na wɔwoo Mose, na na ne ho yɛ fɛ yie.* Na wɔhwɛɛ no* wɔ ne papa fie abosome mmiɛnsa.+ 21 Na berɛ a wɔgyaa no too baabi no,+ Farao babaa faa no, na ɔtetee no sɛ ɔno ara ne ba.+ 22 Enti wɔkyerɛɛ Mose Egyptfoɔ nyansa nyinaa. Nokwasɛm ne sɛ, na ɔde tumi kasa, na ɔyɛɛ nneɛma akɛseɛ.+

23 “Berɛ a ɔdii mfeɛ 40 no, ɛbaa n’akomam* sɛ ɔbɛkɔ akɔsra* ne nuanom, Israel mma no.+ 24 Berɛ a ɔhuu sɛ wɔreyɛ wɔn mu baako bɔne no, ɔkɔboaa no, na ɔkum Egyptni no tuaa ka. 25 N’adwene yɛɛ no sɛ ne nuanom no bɛhu sɛ Onyankopɔn nam ne so* regye wɔn, nanso wɔanhu no saa. 26 Berɛ a adeɛ kyeeɛ no, ɔkɔtoo wɔn sɛ wɔreko, na ɔyɛɛ sɛ ɔbɛka wɔn abom ama asomdwoeɛ aba wɔn ntam. Enti ɔkaa sɛ: ‘Mmarima, moyɛ anuanom. Adɛn nti na moatwa mo ho reko?’ 27 Ɛnna deɛ ɔreyɛ ne yɔnko bɔne no piaa Mose, na ɔkaa sɛ: ‘Hwan na ɔde wo sii yɛn so sɛ sodifoɔ ne ɔtemmufoɔ? 28 Wopɛ sɛ woku me sɛdeɛ nnora wokum Egyptni no anaa?’ 29 Berɛ a Mose tee saa no, ɔdwanee, na ɔkɔyɛɛ ɔhɔhoɔ wɔ Midian asaase so. Ɛhɔ na ɔwoo mma mmarima mmienu.+

30 “Mfeɛ 40 akyi no, ɔbɔfoɔ bi yii ne ho adi kyerɛɛ no wɔ Sinai Bepɔ serɛ so wɔ nwura* bi a ɛredɛre mu.+ 31 Berɛ a Mose hunuiɛ no, ɛyɛɛ no nwanwa. Na ɔrebɛn ho akɔhwɛ no, ɔtee Yehowa* nne sɛ: 32 ‘Mene w’agyanom Nyankopɔn, Abraham ne Isak ne Yakob Nyankopɔn.’+ Na ehu kaa Mose, enti wannya akokoɔduro bio sɛ ɔbɛkɔ akɔhwɛ dekodeɛ. 33 Yehowa* ka kyerɛɛ no sɛ: ‘Yi wo nan ase mpaboa, na baabi a wogyina no yɛ asaase kronkron. 34 Sɛdeɛ wɔreteetee me nkurɔfoɔ a wɔwɔ Egypt no m’ani tua, na mate wɔn sufrɛ,+ na masiane aba sɛ merebɛgye wɔn. Enti bra ma mensoma wo nkɔ Egypt.’ 35 Mose yi a wɔkaa sɛ wɔnnim no, a wɔbisaa no sɛ: ‘Hwan na ɔde wo sii yɛn so sɛ sodifoɔ ne ɔtemmufoɔ?’+ no, ɔno ara na Onyankopɔn nam ɔbɔfoɔ a ɔyii ne ho adi kyerɛɛ no wɔ nwura* mu no so somaa no+ sɛ sodifoɔ ne ɔgyefoɔ. 36 Ɔbarima yi na ɔyii wɔn firii Egypt,+ na ɔyɛɛ anwanwadeɛ ne nsɛnkyerɛnne wɔ Egypt+ ne Ɛpo Kɔkɔɔ no+ mu ne serɛ no so mfeɛ 40.+

37 “Mose yi na ɔka kyerɛɛ Israel mma sɛ: ‘Onyankopɔn bɛyi odiyifoɔ bi a ɔte sɛ me afiri mo nuanom mu ama mo.’+ 38 Mose yi na na ɔne asafo no wɔ serɛ so no. Ná ɔbɔfoɔ+ a ɔkasa kyerɛɛ+ Mose wɔ Sinai Bepɔ so, a ɔsan kasa kyerɛɛ yɛn agyanom no ne Mose na ɛwɔ hɔ. Na Mose nsa kaa nkwa nsɛm kronkron sɛ ɔmfa mmrɛ yɛn.+ 39 Yɛn agyanom antie no.+ Mmom wɔpiaa no too baabi, na wɔn akoma san kɔɔ Egypt,+ 40 na wɔka kyerɛɛ Aaron sɛ: ‘Yɛ anyame ma yɛn ma wɔnni yɛn anim. Ɛfiri sɛ Mose yi a ɔdii yɛn anim firii Egypt asaase so no deɛ, yɛnnim deɛ ato no.’+ 41 Enti wɔyɛɛ nantwie ba bi wɔ saa nna no mu, na wɔbɔɔ afɔreɛ maa ohoni no, na wɔfirii aseɛ gyee wɔn ani wɔ wɔn nsa ano adwuma no ho.+ 42 Enti Onyankopɔn twee ne ho firii wɔn ho, na ɔgyaa wɔn maa wɔsom ɔsoro asafo,+ sɛdeɛ wɔatwerɛ no Adiyifoɔ no nwoma mu no. Wɔatwerɛ wɔ mu sɛ: ‘O Israel fie, ɛnyɛ me na mode akyɛdeɛ brɛɛ me na mobɔɔ afɔreɛ maa me wɔ serɛ so mfeɛ 40 no. 43 Mmom, mofaa Molok+ ntomadan ne mo nyame Refan nsoromma no, ahoni a moyɛɛ wɔn sɛ mobɛsom wɔn no. Ɛno nti, mɛtwa mo asu akɔ Babilon akyi nohoa.’+

44 “Berɛ a yɛn agyanom nam serɛ so no, wɔnyaa adanseɛ ntomadan no. Sɛdeɛ Onyankopɔn de akwankyerɛ maa Mose berɛ a ɔrekasa akyerɛ no no, ɔyɛɛ no pɛpɛɛpɛ te sɛ ɛho nhwɛsoɔ a Nyankopɔn de kyerɛɛ no no.+ 45 Yɛn agyanom nsa kaa ntomadan no, na wɔne Yosua de baa amanaman no asaase so,+ aman a Onyankopɔn pamoo wɔn firii yɛn agyanom anim no.+ Na ɛtenaa ha ara kɔsii Dawid berɛ so. 46 Onyankopɔn hyiraa Dawid, na Dawid srɛɛ sɛ wɔmma no nsi tenabea mma Yakob Nyankopɔn no.+ 47 Nanso, Solomon na ɔsii fie maa no.+ 48 Nso deɛ ɛwom ne sɛ, Ɔsorosoroni no nte afie a nnipa de wɔn nsa asi mu,+ sɛdeɛ odiyifoɔ no kaeɛ no. Ɔkaa sɛ: 49 ‘Ɔsoro yɛ m’ahennwa,+ na asaase yɛ me nan ntiasoɔ.+ Efie bɛn na mobɛsi ama me? Yehowa* na ɔseɛ. Anaa homebea bɛn na mode bɛma me? 50 Ɛnyɛ me ara me nsa na ayɛ nneɛma yi nyinaa?’+

51 “Nnipa a moasene mo kɔn* a mo akoma ne mo aso awuo,* daa moko tia honhom kronkron no. Sɛdeɛ mo agyanom yɛeɛ no, saa ara na moyɛ.+ 52 Adiyifoɔ no mu hwan na mo agyanom antan n’ani?+ Aane, wɔn a wɔkaa ɔteneneeni a ɔreba no ho asɛm too hɔ no, mo agyanom kunkum wɔn.+ Saa ɔteneneeni no na nnansa yi ara mo nso moyii no maeɛ, na mokum no no,+ 53 mo a monyaa Mmara no sɛdeɛ abɔfoɔ de maeɛ+ nanso moanni so no.”

54 Berɛ a wɔtee saa nsɛm no, ɛwowɔɔ wɔn akomam, na wɔn bo fuu no dendeenden.* 55 Nanso ɔno deɛ, na honhom kronkron ayɛ no ma. Enti ɔhwɛɛ soro dinn, na ɔhuu Onyankopɔn animuonyam, na ɔhuu Yesu nso sɛ ɔgyina Onyankopɔn nsa nifa.+ 56 Ɛnna ɔkaa sɛ: “Hwɛ! Mehu sɛ ɔsoro abue, na onipa Ba no+ gyina Onyankopɔn nsa nifa.”+ 57 Berɛ a ɔkaa saa no, wɔde nne kɛseɛ teateaam, na wɔde wɔn nsa sisii wɔn aso, na wɔn nyinaa gyee bum kɔɔ ne so. 58 Ɛnna wɔde no firii kuro no mu kɔɔ kuro no akyi, na wɔfirii aseɛ sii no aboɔ.+ Na adansefoɔ no+ de wɔn ntaadeɛ ngugusoɔ guu aberanteɛ bi a wɔfrɛ no Saul+ nan ase. 59 Berɛ a wɔgu so resi Stefano aboɔ no, ɔsrɛɛ sɛ: “Awurade Yesu, mede me nkwa* hyɛ wo nsa.” 60 Afei ɔbuu nkotodwe, na ɔde nne kɛseɛ teaam sɛ: “Yehowa,* ntwe wɔn aso wɔ bɔne yi ho.”+ Berɛ a ɔkaa saa no, ɔwuiɛ.*

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane