Petro Nwoma a Ɛtɔ So Mmienu
3 Adɔfo, wei ne krataa a ɛtɔ so mmienu a meretwerɛ mo, na merekaakae mo de akanyan mo adwene+ sɛdeɛ meyɛɛ no krataa a ɛdi kan no mu no, 2 na moakae nsɛm a adiyifoɔ kronkron no aka ato hɔ* no ne ahyɛdeɛ a Awurade ne Agyenkwa no nam asomafoɔ* no so de too dwa no. 3 Deɛ ɛdi kan koraa, monhu sɛ awieeɛ mmerɛ no mu no, fɛdifoɔ bɛdi wɔn ankasa akɔnnɔ akyi abɛdi fɛ,+ 4 na wɔbɛka sɛ: “Ne mmaeɛ a wɔahyɛ ho bɔ no wɔ he?+ Hwɛ, ɛfiri da a yɛn agyanom wuwuiɛ* no, biribiara te sɛ deɛ ɛteɛ firi berɛ a Onyankopɔn bɔɔ nnipa.”+
5 Na wɔboapa bu wɔn ani gu nokwasɛm yi so sɛ ɛfiri tete no, na ɔsoro wɔ hɔ, na Onyankopɔn asɛm nti, asaase firi nsuo mu bɛtim hɔ maa nsuo twaa ho hyiaeɛ;+ 6 na ɛnam so na nsuo yiri sɛee wiase a na ɛwɔ hɔ saa berɛ no.+ 7 Na ɛnam asɛm korɔ no ara so na wɔakora ɔsoro ne asaase a ɛwɔ hɔ seesei yi so ama egya de retwɛn atemmuo ne da a wɔbɛsɛe amumuyɛfoɔ.+
8 Nanso, adɔfo, mommma mo ani mmpa nokwasɛm yi so sɛ Yehowa* ani so no, da koro yɛ mfeɛ apem, na mfeɛ apem nso yɛ da koro.+ 9 Yehowa* nkyɛ ne bɔhyɛ ho+ sɛdeɛ ebinom bu biribi sɛ ɛkyɛ no, na mmom ɔwɔ mo ho aboterɛ ɛfiri sɛ ɔmpɛ sɛ obiara bɛsɛe; deɛ ɔpɛ ne sɛ obiara bɛsakra n’adwene.+ 10 Nanso Yehowa* da+ no bɛba sɛ korɔmfoɔ,+ na emu na ɔsoro bɛbobom kurududu atwam,+ na nneɛma a adɔ ayɛ kɔɔ no bɛnane, na asaase ne emu nnwuma bɛda adi.+
11 Ɛsiane sɛ weinom nyinaa bɛnane saa nti, monhu nnipa ko a ɛsɛ sɛ moyɛ; momma mo abrabɔ ho nte na momfa onyamesom pa ntena ase, 12 berɛ a motwɛn na moma Yehowa* da a ɛreba no+ yɛ ntɛm wɔ mo adwenem* no; saa da no egya bɛhye ɔsoro asɛe no,+ na egya a ano yɛ den bɛnane emu nneɛma! 13 Nanso sɛdeɛ wahyɛ bɔ no, yɛretwɛn ɔsoro foforɔ ne asaase foforɔ,+ na emu na tenenee bɛtena.+
14 Enti adɔfo, ɛsiane sɛ moretwɛn weinom nti, monyɛ deɛ mobɛtumi biara mma no mmɛhu mo sɛ nnipa a nkekaeɛ ne dɛm biara nni wɔn ho na wɔwɔ asomdwoeɛ.+ 15 Bio nso, mommu aboterɛ a yɛn Awurade anya no sɛ nkwagyeɛ sɛdeɛ yɛn nua ne yɛn dɔfo Paul de nyansa a wɔde ama no no twerɛɛ mo no;+ 16 ɔkaa weinom ho asɛm sɛdeɛ ɔtaa yɛ wɔ ne nkrataa nyinaa mu no. Nanso emu nsɛm bi aseteɛ yɛ den, na wɔn a wɔnni nimdeɛ* na wɔn ase ntimiiɛ no kyinkyim no sɛdeɛ wɔkyinkyim Twerɛnsɛm a aka no, na ɛde wɔn bɛkɔ ɔsɛeɛ mu.
17 Enti adɔfo, ɛsiane sɛ monim wei dada nti, monhwɛ mo ho yie na mmaratofoɔ amfa wɔn nnaadaa no antwe mo ankɔ, na berɛ a mo ase atim* yi, moanhwe ase.+ 18 Daabida, na mmom monkɔ so nnyini wɔ yɛn Awurade ne yɛn Agyenkwa Yesu Kristo adom ne nimdeɛ mu. Ɔno na animuonyam nka no nnɛ ne daa. Amen.