Asomafoɔ Nnwuma
4 Berɛ a wɔn mmienu gu so rekasa akyerɛ nkurɔfoɔ no, asɔfoɔ no ne asɔrefie hwɛfoɔ no ne Sadukifoɔ+ no baa wɔn so. 2 Ná wɔn bo afu, ɛfiri sɛ na asomafoɔ no rekyerɛkyerɛ nkurɔfoɔ no, na na wɔreka no pefee sɛ Yesu anyane afiri awufoɔ mu.*+ 3 Enti wɔkyee wɔn, na wɔde wɔn kɔguu afiase+ maa adeɛ kyeeɛ, ɛfiri sɛ na ɛyɛ anwummerɛ.* 4 Nanso wɔn a wɔtiee ɔkasa no mu pii gye diiɛ, na mmarima no dodoɔ bɛduruu bɛyɛ 5,000.+
5 Berɛ a adeɛ kyeeɛ no, ɔman no atumfoɔ, ne mpanimfoɔ ne atwerɛfoɔ no hyiaam wɔ Yerusalem. 6 Ná ɔsɔfo panin Anas+ ne Kaiafa+ ne Yohane ne Aleksandro, ne wɔn a na wɔyɛ ɔsɔfo panin no abusuafoɔ nyinaa nso ka ho. 7 Ɛnna wɔde Petro ne Yohane gyinaa wɔn mfimfini, na wɔfirii aseɛ bisabisaa wɔn sɛ: “Tumi bɛn na mode yɛɛ wei, na hwan din mu na moyɛeɛ?” 8 Ɛnna Petro a honhom kronkron+ ahyɛ no ma no ka kyerɛɛ wɔn sɛ:
“Ɔman atumfoɔ ne mpanimfoɔ, 9 papa a yɛayɛ ama obubuafoɔ+ bi nti, ɛnnɛ morehwehwɛ yɛn nsɛm mu, na mopɛ sɛ mohu onii a wama ɔbarima yi ho atɔ no. 10 Ɛnneɛ, mo ne nnipa a ɛwɔ Israel nyinaa nhu sɛ, Nasaretni+ Yesu Kristo a mobɔɔ no asɛndua mu+ a Onyankopɔn nyanee no firii awufoɔ mu+ no, ɛnam ne so na ɔbarima yi ho atɔ no a ɔgyina mo anim ha yi. 11 Yesu yi ne ‘ɛboɔ a mo a moyɛ adansifoɔ amfa anyɛ hwee a abɛyɛ ntwea so boɔ titire+ no.’ 12 Bio nso, nkwagyeɛ nni obi foforɔ biara mu, ɛfiri sɛ edin+ foforɔ biara nni ɔsoro ase a wɔde ama nnipa sɛ yɛmfa so nnya nkwa.”+
13 Berɛ a wɔhunuu sɛdeɛ Petro ne Yohane kasa akokoɔduro so, na wɔhuu sɛ wɔyɛ nnipa a wɔnsuaa nwoma,* na wɔnyɛ nnipa titire biara+ no, ɛyɛɛ wɔn nwanwa. Na wɔhuu sɛ na wɔka Yesu ho.+ 14 Berɛ a wɔhwɛɛ ɔbarima a ɔgyina wɔn nkyɛn a ne ho atɔ no+ no, wɔannya hwee anka.+ 15 Enti wɔmaa wɔfirii Sanhedrin asa no so pueeɛ, na wɔfirii aseɛ dwendwenee asɛm no ho. 16 Wɔkekaa sɛ: “Ɛdeɛn na yɛnyɛ saa mmarima yi?+ Nokwasɛm ne sɛ, wɔayɛ sɛnkyerɛnne kɛseɛ bi, na wɔn a wɔte Yerusalem+ nyinaa nim, na yɛrentumi nnye ho akyinnyeɛ. 17 Nanso, deɛ ɛbɛyɛ a asɛm no nkɔ so ntrɛ wɔ nnipa no mu nti, momma yɛnhunahuna wɔn, na yɛnka nkyerɛ wɔn sɛ, wɔnhwɛ na wɔanka edin yi ho asɛm ankyerɛ obiara bio.”+
18 Ɛno nti wɔfrɛɛ wɔn, na wɔka kyerɛɛ wɔn dendeenden sɛ wɔnnka biribiara wɔ Yesu din mu, na wɔnnkyerɛkyerɛ wɔ ne din mu nso. 19 Nanso Petro ne Yohane ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Sɛ ɛtene wɔ Onyankopɔn ani so sɛ yɛtie mo mmom sene Onyankopɔn a, mo ara mummua.* 20 Na yɛn deɛ, deɛ yɛate na yɛahunu no, yɛrentumi nnyae ho asɛm ka.”+ 21 Enti berɛ a wɔhunahunaa wɔn bio no, wɔgyaa wɔn, ɛfiri sɛ wɔannya biribiara a wɔbɛgyina so atwe wɔn aso. Afei nso, na wɔsuro nkurɔfoɔ no,+ ɛfiri sɛ na wɔn nyinaa rehyɛ Onyankopɔn animuonyam wɔ deɛ asi no ho. 22 Ná ɔbarima a wɔsaa no yareɛ anwanwakwan so yi adi boro mfeɛ 40.
23 Berɛ a wɔgyaa wɔn no, wɔkɔɔ asuafoɔ a aka no nkyɛn, na asɛm a asɔfoɔ mpanimfoɔ ne mpanimfoɔ no ka kyerɛɛ wɔn no, wɔbɔɔ wɔn amanneɛ. 24 Berɛ a wɔtee wei no, wɔde adwenkorɔ* maa wɔn nne so ka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ:
“Awurade Tumfoɔ, wo na woyɛɛ ɔsoro ne asaase ne ɛpo ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa,+ 25 na wonam honhom kronkron so faa yɛn agya Dawid+ a ɔyɛ w’akoa no anom so kaa sɛ: ‘Adɛn nti na amanaman yɛɛ gyegyeegye, na nkurɔfoɔ no dwendwene nneɛma hunu* ho? 26 Asaase so ahemfo sɔre gyinaeɛ, na atumfoɔ boom sɔre tiaa Yehowa,* na wɔsɔre tiaa deɛ wasra no+ no.’* 27 Ɛfiri sɛ Herode ne Pontio Pilato+ ne amanaman mufoɔ ne nkurɔfoɔ a wɔfiri Israel ka boom wɔ kuro yi mu, na wɔko tiaa w’akoa kronkron Yesu a wosraa no+ no, 28 sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛyɛ deɛ woka too hɔ no. Weinom baa mu, ɛfiri sɛ wowɔ tumi,* na na ɛyɛ wo pɛ nso.+ 29 Afei, Yehowa,* tie wɔn ahunahuna no, na ma wo nkoa nkɔ so mfa akokoɔduro kɛseɛ nka w’asɛm, 30 na tene wo nsa ma nnipa nnya ayaresa, na nsɛnkyerɛnne ne anwanwadeɛ+ mfa w’akoa kronkron Yesu+ din so mmra.”
31 Berɛ a wɔbɔɔ mpaeɛ dendeenden wieeɛ no,* baabi a wɔhyiaam no wosoeɛ, na honhom kronkron hyɛɛ wɔn nyinaa mama,+ na wɔde akokoɔduro kaa Onyankopɔn asɛm no.+
32 Bio nso, nnipadɔm a wɔgye diiɛ no nyaa akoma ne ɔkra* korɔ. Na wɔn mu baako mpo anka sɛ ne nneɛma yɛ ɔno nko ara ne dea. Mmom, na wɔn nyinaa nneɛma bom.+ 33 Na asomafoɔ no de tumi kɛseɛ kɔɔ so dii Awurade Yesu+ wusɔreɛ no ho adanseɛ, na wɔn nyinaa nyaa adom pii. 34 Nokorɛm no, wɔn mu biara nni hɔ a na biribi hia no,+ ɛfiri sɛ na wɔn a wɔwɔ nsaase anaa afie no nyinaa tɔn de deɛ wɔnya firi mu no ba, 35 na na wɔde brɛ asomafoɔ no.+ Ná wɔn nso kyekyɛ ma obiara nya deɛ ɔhia.+ 36 Ná Yosef bi wɔ hɔ a asomafoɔ no too no din Barnaba+ (asekyerɛ ne “Awerɛkyekyerɛ Ba”). Ná ɔyɛ Lewini a ɔfiri Kipro. 37 Ná ɔwɔ asaase bi, na ɔtɔn de sika no brɛɛ asomafoɔ no.+