Mateo Twerɛtohɔ
5 Berɛ a ɔhuu nnipakuo no, ɔforo kɔɔ bepɔ no so, na berɛ a ɔtenaa ase no, n’asuafoɔ no baa ne nkyɛn. 2 Afei ɔbuee n’ano, na ɔfirii aseɛ kyerɛkyerɛɛ wɔn sɛ:
3 “Anigyeɛ ne wɔn a wɔhu sɛ wɔhia Onyankopɔn akwankyerɛ,*+ ɛfiri sɛ ɔsoro Ahennie no yɛ wɔn dea.
4 “Anigyeɛ ne wɔn a wɔdi awerɛhoɔ, ɛfiri sɛ wɔbɛkyekye wɔn werɛ.+
5 “Anigyeɛ ne wɔn a wɔdwoɔ,+ ɛfiri sɛ asaase no bɛyɛ wɔn dea.+
6 “Anigyeɛ ne wɔn a tenenee ho kɔm ne sukɔm de wɔn,+ ɛfiri sɛ wɔbɛmee.+
7 “Anigyeɛ ne mmɔborɔhunufoɔ,+ ɛfiri sɛ wɔbɛhu wɔn mmɔbɔ.
8 “Anigyeɛ ne wɔn a wɔn akoma mu teɛ,+ ɛfiri sɛ wɔbɛhu Onyankopɔn.
9 “Anigyeɛ ne wɔn a wɔhwehwɛ asomdwoeɛ,*+ ɛfiri sɛ wɔbɛfrɛ wɔn Onyankopɔn mma.
10 “Anigyeɛ ne wɔn a tenenee nti wɔtan wɔn ani,+ ɛfiri sɛ ɔsoro Ahennie no yɛ wɔn dea.
11 “Anigyeɛ ne mo sɛ me nti nkurɔfoɔ didi mo atɛm,+ na wɔtan mo ani,+ na wɔdi atorɔ ka asɛmmɔne biara to mo so.+ 12 Momma mo ani nnye na monni ahurisie,+ ɛfiri sɛ mo akatua+ so wɔ soro, na saa ara na wɔtan adiyifoɔ a wɔdii mo kan no ani.+
13 “Mone asaase so nkyene.+ Na sɛ nkyene dɛ* firi mu a, ɛbɛyɛ dɛn na asan anya ne dɛ* bio? Wɔrentumi mfa nyɛ hwee bio gye sɛ wɔto gu abɔnten+ ma nnipa tiatia so.
14 “Mone wiase hann.+ Kuro a ɛda bepɔ so ntumi nhinta. 15 Nkurɔfoɔ sɔ kanea a, wɔmfa nhyɛ kɛntɛn* ase, na mmom wɔde si kaneadua so, na ɛhyerɛn wɔn a wɔwɔ fie hɔ nyinaa so.+ 16 Saa ara na momma mo kanea nhyerɛn nnipa anim,+ na wɔahunu mo nnwuma pa+ na wɔahyɛ mo Agya a ɔwɔ soro no animuonyam.+
17 “Monnsusu sɛ mebaa sɛ merebɛsɛe Mmara anaa Adiyifoɔ no. Mamma sɛ merebɛsɛe no, na mmom sɛ merebɛma aba mu.+ 18 Nokorɛm mereka akyerɛ mo sɛ, sɛ ɔsoro ne asaase twam mpo a, Mmara no mu ntwerɛdeɛ ketewa baako anaa ntwerɛdeɛ no bi ho nsensaneeɛ baako rentwam, kɔsi sɛ deɛ wɔatwerɛ wɔ Mmara no mu nyinaa bɛbam.+ 19 Enti obiara a ɔbu mmara a nkurɔfoɔ bu no sɛ ɛho nhia yi mu baako so na ɔkyerɛkyerɛ nkurɔfoɔ sɛ wɔnyɛ saa no, wɔbɛfrɛ no ketewa wɔ ɔsoro Ahennie no mu. Na obiara a ɔdi so na ɔkyerɛkyerɛ no, wɔbɛfrɛ no ɔkɛseɛ wɔ ɔsoro Ahennie no mu. 20 Na mereka akyerɛ mo sɛ, sɛ mo tenenee ammoro atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ+ no deɛ so a, morenkɔ ɔsoro Ahennie no mu da.+
21 “Motee sɛ wɔka kyerɛɛ tetefoɔ no sɛ: ‘Nni awu,+ na obiara a ɔdi awu no bɛdi fɔ wɔ asɛnnibea.’+ 22 Nanso mereka akyerɛ mo sɛ, obiara a ɔkɔ so ma ne bo fu+ ne nua no bɛdi fɔ wɔ asɛnnibea. Obiara a ɔka asɛm a ɛyɛ asefem tia ne nua no bɛdi fɔ wɔ Asɛnnibea Kɛseɛ* mu, na obiara a ɔka sɛ, ‘Woyɛ kwasampani!’ no deɛ, wɔde no bɛto Gehenna*+ gya a ɛredɛre mu.
23 “Enti sɛ wode w’akyɛdeɛ reba afɔrebukyia+ ho, na wokae wɔ hɔ sɛ wo nua wɔ biribi tia wo a, 24 gya w’akyɛdeɛ no afɔrebukyia no anim na kɔ. Di kan ne wo nua no nkɔsiesie mo ntam; afei san bra na bɛbɔ w’afɔreɛ.+
25 “Sɛ obi de wo rekɔ asɛnnibea a, berɛ a monam kwan so rekɔ no, wo ne no nsiesie asɛm no ntɛm, na deɛ ɔrebɔ wo soboɔ no amfa wo anhyɛ ɔtemmufoɔ nsa, na ɔtemmufoɔ no amfa wo amma asɛnnibea somfoɔ, na wɔamfa wo anto afiase.+ 26 Nokorɛm mereka akyerɛ wo sɛ, woremfiri hɔ kɔsi sɛ wobɛtua ɛka a wode no nyinaa; ɛrenka wo kaprɛ ba* mpo.
27 “Motee sɛ wɔkaa sɛ: ‘Nsɛe awareɛ.’+ 28 Nanso mereka akyerɛ mo sɛ, obiara a ɔbɛkɔ so ahwɛ ɔbaa+ anya akɔnnɔ ama no no, ɔne no asɛe awareɛ dada n’akoma mu.+ 29 Na sɛ w’ani nifa reto wo suntidua a, tu na to twene.+ Ɛfiri sɛ ɛyɛ ma wo sɛ wobɛhwere wo honam akwaa baako sene sɛ wɔbɛto wo nipadua no nyinaa ato Gehenna.*+ 30 Afei nso, sɛ wo nsa nifa reto wo suntidua a, twa na to twene.+ Ɛfiri sɛ ɛyɛ ma wo sɛ wobɛhwere wo honam akwaa baako sene sɛ wo nipadua no nyinaa bɛkɔ akɔwie Gehenna.*+
31 “Bio nso, wɔkaa sɛ: ‘Obiara a ɔbɛgyaa ne yere no, ɔmma no awaregyaeɛ krataa.’+ 32 Nanso mereka akyerɛ mo sɛ, sɛ ɛnyɛ adwamammɔ* nti na obi gyaa ne yere a, ɛbɛtumi ama ɔbaa no asɛe awareɛ, na obiara a ɔbɛware ɔbaa a wɔagyaa no no asɛe awareɛ.+
33 “Motee nso sɛ wɔka kyerɛɛ tetefoɔ no sɛ: ‘Nka ntam berɛ a wonni so,*+ na mmom sɛ wohyɛ Yehowa* bɔ a, di so.’+ 34 Nanso mereka akyerɛ mo sɛ: Monnka ntam koraa.+ Monnka ɔsoro ntam, ɛfiri sɛ ɛyɛ Onyankopɔn ahennwa; 35 monnka asaase nso ntam, ɛfiri sɛ ɛyɛ ne nan ntiasoɔ;+ monnka Yerusalem ntam, ɛfiri sɛ ɛyɛ Ɔhenkɛseɛ no kuro.+ 36 Nka wo ti ntam, ɛfiri sɛ worentumi mma tiri nwi baako mpo nyɛ fitaa anaa tuntum. 37 Ɛno ara ne sɛ, momma mo ‘Aane’ nyɛ aane, na mo ‘Daabi’ nyɛ daabi,+ ɛfiri sɛ deɛ ɛboro weinom so no firi ɔbɔnefoɔ no.+
38 “Motee sɛ wɔkaa sɛ: ‘Aniwa nsi aniwa ananmu, na ɛse nsi ɛse ananmu.’+ 39 Nanso, mereka akyerɛ mo sɛ: Mo ne ɔbɔnefoɔ nnni asie, mmom obiara a ɔbɛbɔ w’aso nifa mu no, dane baako no nso ma no.+ 40 Na sɛ obi pɛ sɛ ɔde wo kɔ asɛnnibea kɔgye w’ataadeɛ nhyɛaseɛ a, fa w’ataadeɛ ngugusoɔ nso ka ho ma no;+ 41 na sɛ obi a ɔwɔ tumi hyɛ wo sɛ monkɔ kwansini* baako a, wo ne no nkɔ akwansini mmienu. 42 Deɛ ɔbisa wo hɔ adeɛ no, fa ma no, na nnane w’akyi nkyerɛ obi a ɔpɛ sɛ ɔgye wo hɔ bosea* no.+
43 “Motee sɛ wɔkaa sɛ: ‘Dɔ wo yɔnko+ na tan wo tamfo.’ 44 Nanso, mereka akyerɛ mo sɛ: Monkɔ so nnɔ mo atamfo,+ na mommɔ mpaeɛ mma wɔn a wɔtan mo ani,+ 45 na moakyerɛ sɛ moyɛ mo Agya a ɔwɔ soro no mma.+ Ɛfiri sɛ ɔma n’awia pue nnipa bɔne ne nnipa papa so, na ɔma nsuo tɔ gu ateneneefoɔ ne abɔnefoɔ so.+ 46 Na sɛ modɔ wɔn a wɔdɔ mo a, akatua bɛn na mowɔ?+ Ɛnyɛ saa ara na wɔn a wɔgyegye toɔ nso yɛ anaa? 47 Na sɛ mokyea mo nuanom nko ara a, ɛdeɛn na ɛyɛ nwanwa wɔ ho? Ɛnyɛ saa ara na amanaman mufoɔ nso yɛ anaa? 48 Ɛno nti, sɛdeɛ mo Agya a ɔwɔ soro no wie pɛyɛ wɔ biribiara mu no, mo nso monwie pɛyɛ* saa ara.+