Luka Twerɛtohɔ
6 Berɛ bi, na ɔnam hwiit* afuo mu homeda, na n’asuafoɔ no tetee* hwiit mmɛtem no bi,+ na wɔposaa no wɔn nsam+ wee. 2 Ɛnna Farisifoɔ no bi bisaa sɛ: “Adɛn nti na moreyɛ biribi a mmara mma kwan sɛ wɔyɛ no Homeda+ yi?” 3 Na Yesu buaa wɔn sɛ: “Deɛ Dawid yɛeɛ berɛ a ɛkɔm dee ɔne mmarima a wɔka ne ho no, monkenkanee da?+ 4 Dawid kɔɔ Onyankopɔn fie, na ɔkɔgyee paanoo a wɔde ba Onyankopɔn anim* no; ɔdii bi, na ɔde bi maa mmarima a wɔka ne ho no. Ná mmara mma kwan sɛ obiara di bi, gye asɔfoɔ no nko ara.+ Saa asɛm no, monkenkanee da?” 5 Ɛnna ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Onipa Ba no ne Homeda Wura.”+
6 Berɛ a homeda+ foforɔ duruiɛ no, ɔkɔɔ hyiadan mu, na ɔfirii aseɛ kyerɛkyerɛeɛ. Ná onipa bi wɔ hɔ a ne nsa nifa awu.*+ 7 Na atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ no hwɛɛ Yesu komm sɛ ebia ɔbɛsa yareɛ Homeda no anaa, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛfa kwan bi so abɔ no soboɔ. 8 Ná Yesu nim wɔn adwene,+ enti ɔka kyerɛɛ onipa a ne nsa awu* no sɛ: “Sɔre gyina mfimfini hɔ.” Na ɔsɔre gyinaa hɔ. 9 Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Merebisa mo, ɛdeɛn na mmara ma kwan sɛ wɔyɛ no Homeda, adepa anaa adebɔne? Sɛ́ wɔbɛgye obi nkwa* anaa wɔbɛku obi?”+ 10 Na ɔhwɛɛ wɔn nyinaa hyiae. Ɛnna ɔka kyerɛɛ onipa no sɛ: “Tene wo nsa.” Ɔyɛɛ saa, na ne nsa no san yɛɛ yie. 11 Nanso atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ no bo fuu dendeenden, na wɔkɔbɔɔ pɔ hwɛɛ deɛ wɔde bɛyɛ Yesu.
12 Saa berɛ no, ɛda bi, ɔpue kɔɔ bepɔ so kɔbɔɔ mpaeɛ,+ na ɔbɔɔ Onyankopɔn mpaeɛ anadwo no nyinaa.+ 13 Na adeɛ kyeeɛ no, ɔfrɛɛ n’asuafoɔ no baa ne nkyɛn, na ɔyii wɔn mu 12, na ɔsan frɛɛ wɔn asomafoɔ. Wɔn din nie:+ 14 Simon, a ɔsan frɛɛ no Petro, ne ne nua Andrea, ne Yakobo ne Yohane, ne Filipo+ ne Bartolomeo, 15 Mateo ne Toma,+ ne Alfeo ba Yakobo, ne Simon a wɔfrɛ no “nsiyɛfoɔ no,” 16 Yakobo ba Yuda, ne Yuda Iskariot a akyire yi ɔyii no maeɛ no.*
17 Na ɔne wɔn siane bɛgyinaa baabi a ɛhɔ da so, na n’asuafoɔ pii, ne nnipadɔm kɛseɛ a wɔfiri Yudea ne Yerusalem, ne Tiro ne Sidon mpoano nyinaa, baa sɛ wɔrebɛtie no na wasa wɔn yareɛ. 18 Wɔn a ahonhom fĩ ha wɔn mpo, ɔsaa wɔn yareɛ. 19 Ná nnipadɔm no nyinaa pɛ sɛ wɔde wɔn nsa ka no, ɛfiri sɛ na tumi firi ne mu ba,+ na ɛsaa wɔn nyinaa yareɛ.
20 Na ɔmaa n’ani so hwɛɛ n’asuafoɔ no, na ɔfrii aseɛ kaa sɛ:
“Anigyeɛ ne mo a moyɛ ahiafoɔ, ɛfiri sɛ mo na Onyankopɔn Ahennie no yɛ mo dea.+
21 “Anigyeɛ ne mo a seesei ɛkɔm de mo, ɛfiri sɛ mobɛmee.+
“Anigyeɛ ne mo a seesei moresu, ɛfiri sɛ mobɛsere.+
22 “Anigyeɛ ne mo, berɛ biara a nnipa bɛtan mo,+ na wɔapamo mo afiri wɔn mu,+ na wɔadidi mo atɛm, na wɔasɛe mo din* aka sɛ moyɛ nnebɔneyɛfoɔ, onipa Ba no nti. 23 Momma mo ani nnye saa da no na monni ahurisie, na hwɛ! mo akatua so wɔ soro, ɛfiri sɛ saa nneɛma no ara bi na wɔn agyanom de yɛɛ adiyifoɔ no.+
24 “Na mo a moyɛ asikafoɔ no, monnue,+ ɛfiri sɛ moanya mo awerɛkyekyerɛ nyinaa dada.+
25 “Mo a seesei moamee no, monnue, ɛfiri sɛ ɛkɔm bɛde mo.
“Mo a seesei moresere no, monnue, ɛfiri sɛ mo werɛ bɛho na moasu.+
26 “Sɛ nnipa nyinaa ka mo ho asɛmpa a, monnue,+ ɛfiri sɛ saa ara na wɔn agyanom de yɛɛ atorɔ adiyifoɔ no.
27 “Nanso mo a moretie yi, mereka akyerɛ mo sɛ: Monkɔ so nnɔ mo atamfo, na monyɛ wɔn a wɔtan mo no papa;+ 28 monkɔ so nhyira wɔn a wɔdome mo, na mommɔ mpaeɛ mma wɔn a wɔdidi mo atɛm.+ 29 Sɛ obi bɔ w’aso baako mu a, dane baako no nso ma no; na sɛ obi fa w’ataadeɛ ngugusoɔ a, fa ataadeɛ a ɛwɔ aseɛ no nso ka ho ma no.+ 30 Obiara a ɔbisa wo biribi no, fa ma no,+ na deɛ wafa wo nneɛma no, nka nkyerɛ no sɛ ɔnsan mfa mma wo.
31 “Afei nso, sɛdeɛ mopɛ sɛ nnipa yɛ mo no, mo nso monyɛ wɔn saa ara.+
32 “Na sɛ modɔ wɔn a wɔdɔ mo a, mfasoɔ bɛn na ɛwɔ so ma mo? Abɔnefoɔ mpo dɔ wɔn a wɔdɔ wɔn.+ 33 Na sɛ wɔn a wɔyɛ mo papa no na moyɛ wɔn papa a, mfasoɔ bɛn na ɛwɔ so ma mo? Abɔnefoɔ mpo yɛ saa ara. 34 Afei nso, sɛ mode bosea* rema nkurɔfoɔ, na mode ma wɔn a mohwɛ a wɔbɛsan atua ama mo a, mfasoɔ bɛn na mobɛnya?+ Abɔnefoɔ mpo ma abɔnefoɔ bosea sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔn nsa bɛka wɔn sika bio. 35 Mmom no, monkɔ so nnɔ mo atamfo, na monyɛ papa. Na sɛ mode bosea rema nkurɔfoɔ a, mommfa mo ani nnto so sɛ mo nsa bɛsan aka.+ Moyɛ saa a, mo akatua bɛyɛ kɛse, na mobɛyɛ Ɔsorosoroni no mma, ɛfiri sɛ ɔda ayamyɛ adi kyerɛ bonniayɛfoɔ ne abɔnefoɔ.+ 36 Monkɔ so nhu nnipa mmɔbɔ sɛdeɛ mo Agya hu nnipa mmɔbɔ+ no.
37 “Bio nso, monnyae sɛ mobu nkurɔfoɔ atɛn, na wɔremmu mo atɛn da.+ Monnyae sɛ mokasa tia nkurɔfoɔ,* na nkurɔfoɔ renkasa ntia mo* da. Monkɔ so mfa bɔne nkyɛ, na wɔde mo bɔne bɛkyɛ mo.+ 38 Monkɔ so mma, na nkurɔfoɔ bɛma mo.+ Wɔbɛhyɛ susukuruwa ma, amia so, awoso no ama abu so, na wɔde agu mo ntoma mu. Ɛfiri sɛ adeɛ a mode susu ma nkurɔfoɔ no, ɛno ara na wɔde bɛsusu ama mo.”
39 Ɔsan maa wɔn mfatoho bi sɛ: “Nifirani bɛtumi akyerɛ nifirani kwan anaa? Anka wɔn mmienu nyinaa bɛtɔ amena mu, ɛnte saa?+ 40 Osuani nsene ne kyerɛkyerɛfoɔ, na obiara a wɔakyerɛkyerɛ no yie no bɛyɛ sɛ ne kyerɛkyerɛfoɔ. 41 Adɛn nti na wohwɛ ntɛtɛ a ɛda wo nua ani so, na wonhunu dua* a ɛda wo ankasa w’ani so?+ 42 Wobɛyɛ dɛn atumi aka akyerɛ wo nua sɛ: ‘Me nua, ma menyi ntɛtɛ a ɛda w’ani so yi mma wo,’ berɛ a wonhunu dua* a ɛda wo ankasa w’ani so? Nyaatwomni! Di kan yi dua* no firi wo ankasa w’ani so; ɛno bɛma woahunu adeɛ yie na woayi ntɛtɛ no afiri wo nua ani so.
43 “Na dua pa biara nso aba bɔne, na dua bɔne biara nso aba pa.+ 44 Dua biara aba na wɔde hu dua korɔ.+ Nkurɔfoɔ ntete borɔdɔma mfiri nkasɛɛ so, na wɔntwa bobe mfiri nkasɛɛ so, ɛnte saa? 45 Nneɛma pa a onipa pa de asie n’akoma mu no, ɛno bi na ɔyi pue, na onipabɔnefoɔ nso, nneɛma bɔne a ɔde asie no, ɛno bi na ɔyi ba; ɛfiri sɛ deɛ ayɛ onipa akoma ma aboro so no, ɛno na n’ano ka.+
46 “Adɛn nti na mofrɛ me ‘Awurade! Awurade!’ nanso monyɛ deɛ meka?+ 47 Obiara a ɔba me nkyɛn, na ɔte me nsɛm, na ɔde yɛ adwuma no, mɛkyerɛ mo deɛ ɔsɛ no:+ 48 Ɔte sɛ ɔbarima bi a ɔresi dan, a ɔtutuu fam kɔɔ akyiri na ɔtoo fapem wɔ ɔbotan so. Enti berɛ a nsuo yiriiɛ no, ɛbɛbɔɔ dan no nanso antumi anwoso no, ɛfiri sɛ ɔsii no yie.+ 49 Nanso, deɛ ɔte me nsɛm na ɔmfa nyɛ adwuma no,+ ɔte sɛ ɔbarima bi a ɔsii dan sii asaase so a wanto fapem. Na nsuo yiri bɛbɔɔ dan no, na ɛbubuu ntɛm ara, na ɛdan no sɛee koraa.”