Sakaria
8 Asafo Yehowa asɛm san baa bio sɛ: 2 “Deɛ asafo Yehowa aka nie, ‘Mede ahokeka kɛseɛ bɛdi ama Sion,+ na mede abufuo kɛseɛ bɛdi ama no.’”
3 “Deɛ Yehowa aka nie, ‘Mɛsan aba Sion+ na mabɛtena Yerusalem;+ na wɔbɛfrɛ Yerusalem sɛ nokorɛ kuro,+ na wɔafrɛ asafo Yehowa bepɔ no sɛ bepɔ kronkron.’”+
4 “Deɛ asafo Yehowa aka nie, ‘Nkɔkoraa ne mmerewa bɛsan abɛtenatena Yerusalem mmɔnten so bio, na nyinkyɛ nti* obiara bɛkura ne poma.+ 5 Na mmarimaa ne mmaayewa bɛhyɛ kuro no mmɔnten so ma, na wɔadi agorɔ wɔ hɔ.’”+
6 “Deɛ asafo Yehowa aka nie, ‘Ɔman yi mu nnipa a aka saa berɛ no, sɛ ɛbɛyɛ den ama wɔn a, me nso ɛbɛyɛ den ama me anaa?’ asafo Yehowa asɛm nie.”
7 “Deɛ asafo Yehowa aka nie, ‘Hwɛ, mɛgye me man afiri apueeɛ asaase so ne atɔeɛ asaase so.*+ 8 Na mede wɔn bɛba, na wɔabɛtena Yerusalem;+ na wɔbɛyɛ me man na mayɛ wɔn Nyankopɔn,+ ɔnokwafoɔ ne ɔteneneeni no.’”
9 “Deɛ asafo Yehowa aka nie, ‘Monhyɛ mo nsam den,*+ mo a seesei mote nsɛm yi firi adiyifoɔ no anom no,+ nsɛm a wɔkaa no da a wɔtoo asafo Yehowa fie fapem sɛ wɔresi asɔrefie no. 10 Ɛfiri sɛ ansa na saa berɛ no reba no, na akatua biara nni hɔ mma onipa ne aboa;+ na ɔtamfo no nti, na ɛyɛ hu ma deɛ ɔrekɔ ne deɛ ɔreba nyinaa, ɛfiri sɛ memaa nnipa nyinaa tentan wɔn ho.’
11 “‘Na seesei deɛ, me ne nnipa a aka yi renni sɛdeɛ me ne wɔn dii tete no,’+ asafo Yehowa asɛm nie. 12 ‘Wɔbɛdua asomdwoeɛ aba; bobe bɛso n’aba, na asaase bɛma ne nnɔbaeɛ,+ na ɔsoro bɛma ne bosuo. Na mede weinom nyinaa bɛma nnipa a aka no.+ 13 O Yuda fie ne Israel fie, sɛdeɛ moyɛɛ nnome wɔ amanaman mu no,+ saa ara na mɛgye mo, na mobɛyɛ nhyira.+ Monnsuro!+ Monhyɛ mo nsam den.’*+
14 “Na deɛ asafo Yehowa aka nie, ‘“Mebɔɔ me tirim sɛ mede mmusuo bɛba mo so, ɛfiri sɛ mo agyanom hyɛɛ me abufuo,” asafo Yehowa asɛm nie, “na mannu me ho.+ 15 Na seesei deɛ, mabɔ me tirim sɛ me ne Yerusalem ne Yuda fie bɛdi no yie.+ Enti monnsuro!”’+
16 “‘Deɛ monyɛ nie: Obiara nka nokorɛ nkyerɛ ne yɔnko.+ Na momfa nokorɛ ne asomdwoeɛ mmu atɛn wɔ mo kuro apono ano.+ 17 Obiara mmmɔ ne yɔnko ho pɔ bɔne wɔ n’akomam,+ na mommma mo ani nnnye ntam hunu ho,+ ɛfiri sɛ mekyiri weinom nyinaa,’+ Yehowa asɛm nie.”
18 Asafo Yehowa asɛm san baa me nkyɛn bio sɛ: 19 “Deɛ asafo Yehowa aka nie, ‘Akɔnkyene* a wɔyɛ no bosome a ɛtɔ so nnan,+ akɔnkyene a wɔyɛ no bosome a ɛtɔ so nnum,+ akɔnkyene a wɔyɛ no bosome a ɛtɔ so nson,+ ne akɔnkyene a wɔyɛ no bosome a ɛtɔ so du mu+ nyinaa bɛyɛ anigyeɛ ne ahurisie berɛ ama Yuda fie; ɛbɛyɛ afahyɛ ahodoɔ a ɛyɛ anigyeɛ.+ Enti monni nokorɛ na monhwehwɛ asomdwoeɛ.’
20 “Deɛ asafo Yehowa aka nie, ‘Ɛbɛba sɛ aman ne nkuro pii mufoɔ bɛba; 21 na kuro baako mu nnipa bɛkɔ kuro foforɔ mu akɔka sɛ: “Momma yɛnkɔ na yɛnkɔsrɛ Yehowa sɛ ɔnhu yɛn mmɔbɔ, na yɛnhwehwɛ asafo Yehowa akyiri akwan. Me nso mɛkɔ bi.”+ 22 Na aman pii ne aman akɛseɛ bɛba abɛhwehwɛ asafo Yehowa akyiri akwan wɔ Yerusalem,+ na wɔbɛkoto asrɛ Yehowa sɛ ɔnhu wɔn mmɔbɔ.’
23 “Deɛ asafo Yehowa aka nie, ‘Saa berɛ no, nnipa du a wɔka amanaman no kasa hodoɔ nyinaa+ bɛsosɔ Yudani* baako ataadeɛ* mu, aane, wɔbɛsosɔ mu dendeenden aka sɛ: “Yɛpɛ sɛ yɛne mo kɔ,+ ɛfiri sɛ yɛate sɛ Onyankopɔn ka mo ho.”’”+