Dwom
Dawid dwom.
26 O Yehowa, bu me atɛn, ɛfiri sɛ m’abrabɔ di mu;+
Yehowa na mede me ho ato ne so, na mekura m’ahotɔsoɔ no mu dendeenden.+
6 Mɛhohoro me nsa de akyerɛ sɛ medi bem.
O Yehowa, mɛtwa w’afɔrebukyia ho ahyia,
7 Na mama nkurɔfoɔ ate m’aseda,+
Na maka w’anwanwadwuma nyinaa ho asɛm.
9 Mpra me* nka abɔnefoɔ ho nkɔ,+
Na mfa me mfra awudifoɔ* nkum me.
10 Wɔn na wɔde wɔn nsa yɛ aniwudeɛ
Na adanmudeɛ* ayɛ wɔn nsa nifa ma.
11 Me deɛ, mɛkɔ so ama m’abrabɔ adi mu.
Gye me, na dom me.