Sakaria
14 “Hwɛ! Ɛda bi reba; ɛyɛ Yehowa da. Saa da no, nneɛma a wɔanya* afiri wo* mu no, wɔbɛkyɛ no wɔ wo mu. 2 Mɛboaboa aman nyinaa ano ama wɔne Yerusalem abɛko; na wɔbɛfa kuro no, na wɔafom emu adan, na wɔato mmaa mmonnaa. Na wɔbɛsoa kuro no fã akɔ, na wɔn a ɛbɛka no, wɔrenku wɔn* mfiri kuro no mu.
3 “Yehowa bɛpue ne saa aman no akɔko+ te sɛ ɛda a ɔrekɔ ɛko.+ 4 Saa da no, ne nan bɛsi Ngodua Bepɔ*+ a ɛsi Yerusalem anim wɔ apueeɛ fam no so, na Ngodua Bepɔ no mu bɛpae mmienu afiri apueeɛ* akɔsi atɔeɛ.* Na ɛbɛma ɛbɔn kɛseɛ paa abɛda hɔ, na bepɔ no fã bɛtwe akɔ atifi, na ɛfã akɔ anaafoɔ. 5 Na mobɛdwane akɔ me mmepɔ bɔn no mu, ɛfiri sɛ mmepɔ bɔn no bɛkɔ akɔduru Asel tɔnn. Na mobɛdwane sɛdeɛ asaasewosoɔ a ɛsii wɔ Yuda hene Usia berɛ so nti,+ modwaneeɛ no. Na Yehowa me Nyankopɔn bɛba, na akronkronfoɔ nyinaa bɛka ne ho.+
6 “Saa da no, hann kɛseɛ biara renhyerɛn,+ na nneɛma bɛkyenkyene.* 7 Na ɛbɛyɛ da baako bi a wɔnim sɛ ɛyɛ Yehowa dea.+ Adekyeeɛ nni hɔ, na adesaeɛ nni hɔ; na anwummerɛ mpo bɛyɛ hann. 8 Saa da no, nkwa nsuo+ bɛtene afiri Yerusalem;+ ɛfã bɛkɔ apueeɛ po* mu,+ na ɛfã akɔ atɔeɛ po* mu.+ Ɛbɛba ahuhuro berɛ ne awɔ berɛ mu. 9 Na Yehowa bɛyɛ Ɔhene wɔ asaase nyinaa so.+ Saa da no, Yehowa bɛyɛ baako,+ na ne din ayɛ baako.+
10 “Asaase no nyinaa bɛyɛ sɛ Araba,+ afiri Geba+ akɔsi Rimon+ wɔ Yerusalem anaafoɔ fam; ɔbɛsɔre, na nnipa bɛba abɛtena ne mu,+ afiri Benyamin Pono no ano+ akɔsi Ɛpono a Ɛdi Kan no ano tɔnn, na ɛbɛkɔ akɔsi Ntwea So Pono no ano, na ɛbɛfiri Hananel Abantenten no ho+ akɔsi ɔhene amena a wɔkyĩ nsa wom no ho. 11 Nnipa bɛba abɛtena mu, na wɔrennome no mma ɛnsɛe bio da,+ na nnipa bɛtena Yerusalem dwoodwoo.+
12 “Aman a wɔbɛko atia Yerusalem no, ɔhaw a Yehowa de bɛba wɔn so nie:+ Wɔn honam bɛporɔ berɛ a wɔda so gyina wɔn nan so, wɔn ani bɛporɔ wɔ wɔn ani tokuro mu, na wɔn kɛtrɛma bɛporɔ wɔ wɔn anom.
13 “Saa da no, Yehowa bɛma wɔn nyinaa ho ayera wɔn; na obiara bɛsɔ ne yɔnko nsa, na obiara bɛma ne nsa so atia ne yɔnko nsa.*+ 14 Ɛko a ɛbɛkɔ so wɔ Yerusalem no, Yuda nso bɛko bi, na wɔbɛboaboa aman a atwa kuro no ho ahyia nyinaa ahodeɛ ano, sika kɔkɔɔ ne dwetɛ ne ntaadeɛ bebree.+
15 “Na ɔhaw a ɛte saa ara bi na apɔnkɔ ne mfunumupɔnkɔ ne yoma ne mfunumu ne nyɛmmoa biara a ɛwɔ asoɛeɛ hɔ bɛhyia.
16 “Aman a wɔbɛto ahyɛ Yerusalem so no nyinaa, obiara a ɔbɛka wom no, afe biara, ɔbɛforo akɔ Yerusalem+ akɔkoto* Ɔhene no, asafo Yehowa,+ na wadi Apata* Afahyɛ no.+ 17 Na asaase so mmusua nyinaa mu, sɛ wɔn mu bi amforo ankɔ Yerusalem ankɔkoto asafo Yehowa, Ɔhene no a, nsuo rentɔ mma wɔn.+ 18 Na sɛ Egypt abusua amforo ankɔ ankɔwura kuro no mu a, nsuo rentɔ mma wɔn. Mmom, ɔhaw a Yehowa de bɛba aman a wɔankɔdi Apata* Afahyɛ no so no, ɔde bi bɛba wɔn so. 19 Wei na ɛbɛyɛ Egypt bɔne ho asotwe ne aman a wɔankɔdi Apata* Afahyɛ no nyinaa bɔne ho asotwe.
20 “Saa da no, wɔbɛtwerɛ agu apɔnkɔ dɔn no so sɛ, ‘Yehowa Ne Ɔkronkronni no!’+ Na nnadesɛn*+ a ɛwɔ Yehowa fie bɛyɛ sɛ nkyɛnsee+ a ɛwɔ afɔrebukyia anim no. 21 Na dadesɛn* biara a ɛwɔ Yerusalem ne Yuda no bɛyɛ kronkron, na ɛbɛyɛ asafo Yehowa dea, na wɔn a wɔbɛbɔ afɔreɛ no nyinaa bɛba abɛfa bi anoa mu. Na saa da no, wɔrenhu Kaananni* biara wɔ asafo Yehowa fie bio.”+