Ɔde Kɔmaa Galatifoɔ
5 Ahofadie a ɛte saa nti na Kristo ama yɛanya yɛn ho ateteɛ. Enti monnyina pintinn;+ monhwɛ na moanyɛ nkoa ansoa kɔndua bio.+
2 Hwɛ! Me Paul, mereka ama moate sɛ, sɛ motwa twetia* a, deɛ Kristo ayɛ no, mfasoɔ biara remma so mma mo.+ 3 Afei nso, onipa biara a wɔtwa no twetia* no, medi no adanseɛ sɛ ɛyɛ n’asɛdeɛ sɛ ɔdi Mmara no nyinaa so.+ 4 Mo mu biara a ɔbɔ mmɔden sɛ ɔde mmara bɛbu ne ho bem+ no, watwe ne ho afiri Kristo ho; wawae afiri n’adom ho. 5 Yɛn deɛ, tenenee a yɛn gyidie nti yɛn nsa bɛka no, yɛnam honhom so retwɛn dendeenden. 6 Kristo Yesu mu deɛ, sɛ wɔtwa obi twetia oo, wɔantwa no twetia oo, ɛnka hwee;+ deɛ ɛhia ne gyidie a ɛgyina ɔdɔ so.
7 Ná moretu mmirika no yie.+ Hwan na ɔsii mo kwan a afei deɛ monyɛ aso mma nokorɛ no bio yi? 8 Deɛ ɔfrɛɛ mo no, ɛnyɛ saa na ɔkyerɛɛ mo. 9 Mmɔreka* kakraa bi na ɛma esiam no nyinaa ka.+ 10 Mewɔ awerɛhyɛmu sɛ mo a mowɔ Awurade mu+ no, mo ne me bɛyɛ adwene; na deɛ ɔreha mo+ biara, sɛ ɔyɛ hwan mpo a, ɔbɛnya atemmuo a ɛsɛ no. 11 Anuanom, me deɛ, sɛ twetiatwa ho asɛm na meda so ka a, ɛnneɛ adɛn nti na nkurɔfoɔ da so tan m’ani? Sɛ saa a, anka ɛbɛkyerɛ sɛ asɛndua* no nyɛ suntidua+ mma wɔn bio. 12 Me yam a, anka mmarima a wɔpɛ sɛ wɔsɛe mo adwene no adane mmarima a wɔasa wɔn.*
13 Anuanom, wɔafrɛ mo aba ahofadie mu, nanso mommfa ahofadie yi nnni ɔhonam akɔnnɔ akyi,+ na mmom momfa ɔdɔ nsonsom mo ho.+ 14 Na Mmara no nyinaa ba mu* wɔ ahyɛdeɛ baako mu. Ɛne sɛ: “Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.”+ 15 Nanso sɛ mokɔ so keka mo ho na momemene mo ho+ a, ɛnneɛ anhwɛ a obiara bɛsɛe ne yɔnko.+
16 M’asɛm ara ne sɛ, monkɔ so nnante honhom mu,+ na ɛremma monni ɔhonam akɔnnɔ akyi da.+ 17 Na ɔhonam akɔnnɔ ne honhom no di asie, na honhom no ne ɔhonam di asie; mmienu no nka. Ɛno nti deɛ mopɛ sɛ moyɛ no, montumi nyɛ.+ 18 Afei nso, sɛ moma honhom no kyerɛ mo kwan a, ɛnneɛ na monni mmara ase.
19 Ɔhonam nnwuma no da adi pefee; ɛno ne adwamammɔ,*+ ɔbra fĩ,* ahohwie,*+ 20 abosonsom, ahonhonsɛm,*+ nitan, mansotwe, ahoɔyaa, koko bɔne, twe-ma-mentwe, mpaapaemu, mate-me-ho akuo, 21 aniberɛ, nsaweɛ,+ apontoɔ a aseɛ yɛ gyegyeegye, ne nneɛma a ɛtete saa.+ Saa nneɛma yi ho na merebɔ mo kɔkɔ sɛdeɛ madi kan abɔ mo kɔkɔ no; ɛne sɛ, wɔn a wɔyɛ saa nneɛma yi rennya Onyankopɔn Ahennie no.+
22 Honhom no aba ne ɔdɔ, anigyeɛ, asomdwoeɛ, aboterɛ,* ayamyɛ, papayɛ,+ gyidie, 23 ɔdwoɔ, ahohyɛsoɔ.*+ Mmara biara ntia weinom. 24 Afei nso, wɔn a wɔyɛ Kristo Yesu dea no, ɔhonam akɔnnɔ ne deɛ ɔhonam pɛ nyinaa, wɔabɔ no asɛndua mu.+
25 Sɛ yɛte ase honhom mu a, ɛnneɛ momma yɛnkɔ so nni honhom no akwankyerɛ akyi pɛpɛɛpɛ.+ 26 Mommma yɛn mu biara mmma ne ho so,*+ mommma yɛne yɛn ho nnsi akan,+ na mommma yɛn ani mmmere yɛn yɔnko.