Dawid dwom; saa berɛ no, na ɔwɔ Yuda serɛ so.+
63 O Onyankopɔn, wone me Nyankopɔn, na wo na mehwehwɛ wo daa.+
Wo ho sukɔm de me.+
M’ani agyina wo ara ama mayɛ hagyaa
Wɔ asaase wesee a nsuo nni soɔ so.+
2 Enti mahu wo wɔ kronkronbea hɔ;
Mahunu w’ahoɔden ne w’animuonyam.+
3 Ɛsiane sɛ wo dɔ a ɛnni hwammɔ yɛ sene
nkwa nti,+
M’ano na mede bɛkamfo wo.+
4 Enti mɛhyira wo me nkwa nna nyinaa;
Wo din mu na mɛma me nsa so abɔ wo mpaeɛ.
5 Manya nneɛma pa ne akɔnnɔdeɛ adi amee,
Enti m’ano de ahurisi dwom bɛyi wo ayɛ.+
6 Mekae wo wɔ me kɛtɛ so,
Na anadwo dasuom, medwendwene wo ho.+
7 Wone me boafoɔ,+
Na wo ntaban nwunu ase na meto ahurisi dwom.+
8 Mebata wo ho dendeenden;
Wo nsa nifa kura me mu yie.+
9 Wɔn a wɔrehwehwɛ me nkwa no deɛ,
Asaase ase tɔnn na wɔbɛkɔ.
10 Wɔbɛwuwu sekan ano;
Wɔbɛdane aduane ama sakraman.
11 Nanso ɔhene bɛdi Onyankopɔn mu ahurisie.
Obiara a ɔka no ntam no ho bɛsɛpɛ no,
Ɛfiri sɛ wɔbɛma nkontompofoɔ aka wɔn ano atom.