Yesaia
56 Deɛ Yehowa aka nie:
2 Anigyeɛ ne onipa a ɔdi weinom so,
Ne onipa dasani a ɔkura mu dendeenden,
Na ɔdi Homeda a ɔngu ho fĩ,+
Na ɔhwɛ ne nsa yie na wanyɛ bɔne biara.
3 Ɔhɔhoɔ a waba Yehowa nkyɛn no,+ ɛnsɛ sɛ ɔka sɛ,
‘Sɛdeɛ ɛteɛ biara Yehowa bɛyi me afiri ne nkurɔfoɔ mu.’
Na ɛnsɛ sɛ ɔbarima a wɔasa no ka sɛ, ‘Hwɛ! Meyɛ dua a awuo.’”
4 Ɛfiri sɛ deɛ Yehowa aka akyerɛ mmarima a wɔasa wɔn a wɔdi me homeda na wɔpaw deɛ mepɛ na wɔkura m’apam mu dendeenden nie:
5 “Mɛma wɔn nkaeɛdum ne edin wɔ me fie ne m’afasuo mu,
Biribi a ɛsene mma mmarima ne mma mmaa.
Mɛma wɔn edin a ɛwɔ hɔ daa,
Deɛ ɛrensɛe da.
6 Na ahɔhoɔ a wɔaba Yehowa nkyɛn sɛ wɔrebɛsom no
Na wɔadɔ Yehowa din,+
Na wɔayɛ n’asomfoɔ,
Wɔn a wɔdi Homeda a wɔngu ho fĩ
Na wɔkura m’apam mu dendeenden nyinaa no,
7 Me nso mede wɔn
bɛba me bepɔ kronkron no so+
Na mama wɔadi ahurisie wɔ me mpaebɔ fie.
Wɔn hyeɛ afɔreɛ ne wɔn afɔreɛ ahodoɔ nyinaa, wɔbɛgye no wɔ m’afɔrebukyia so.
Na wɔbɛfrɛ me fie mpaebɔ fie ama aman nyinaa.”+
8 Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa a ɔreboaboa Israelfoɔ a wɔahwete ano no+ aka nie:
“Mɛboaboa nnipa foforɔ ano aka ne nkurɔfoɔ a maboaboa wɔn ano dada no ho.”+
10 N’awɛmfoɔ yɛ anifirafoɔ.+ Wɔn mu biara nnim deɛ ɛrekɔ so.+
Wɔn nyinaa yɛ nkraman mum; wɔntumi mpɔ.+
Wɔhome hahyeehahyee, na wɔdeda hɔ; deɛ wɔpɛ ara ne sɛ wɔbɛtɔ nko.
Na wɔyɛ nnwanhwɛfoɔ a wɔnni nteaseɛ.+
Obiara afa ɔno ara ne kwan so;
Wɔn mu biara pɛ mfaso bɔne, na wɔka sɛ:
Ɔkyena bɛyɛ sɛ nnɛ; ɛbɛyɛ dɛ koraa akyɛn nnɛ!”