Mateo Twerɛtohɔ
19 Berɛ a Yesu kaa nsɛm yi wieeɛ no, ɔfirii Galilea baa Yudea ahyeɛ so wɔ Yordan agya.+ 2 Na nnipadɔm kɛseɛ dii n’akyi, na ɔsaa wɔn yareɛ wɔ hɔ.
3 Ɛnna Farisifoɔ baa ne nkyɛn, na na wɔn adwene ne sɛ wɔrebɛsɔ no ahwɛ. Enti wɔbisaa sɛ: “Mmara ma kwan sɛ asɛm biara nti ɔbarima gyaa ne yere anaa?”+ 4 Ɔbuaa wɔn sɛ: “Monkenkanee sɛ onii a ɔbɔɔ wɔn no, ɔyɛɛ wɔn ɔbarima ne ɔbaa firii mfitiaseɛ?+ 5 Monkenkanee nso sɛ ɔkaa sɛ: ‘Wei nti na ɔbarima bɛgya ne papa ne ne maame hɔ na ɔde ne ho akɔbata ne yere ho, na wɔn mmienu no ayɛ honam korɔ’?+ 6 Ɛno nti wɔnyɛ mmienu bio, na mmom wɔyɛ honam korɔ. Enti deɛ Onyankopɔn aka abom no, mma onipa biara nntete mu.”+ 7 Wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Ɛnneɛ adɛn nti na Mose kaa sɛ obi bɛtumi ama awaregyaeɛ krataa de agyaa ɔbaa no?”+ 8 Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mo akomaden nti na Mose maa mo kwan sɛ motumi gyaa mo yerenom,+ nanso ɛfiri mfitiaseɛ no, na ɛnte saa.+ 9 Mereka akyerɛ mo sɛ, sɛ ɛnyɛ adwamammɔ* nti na obi gyaa ne yere, na ɔsan ware foforɔ a, wasɛe awareɛ.”+
10 Asuafoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ saa na asɛm no teɛ wɔ ɔbarima ne ne yere ntam a, ɛnneɛ ɛnyɛ papa sɛ obi bɛware.” 11 Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɛnyɛ nnipa nyinaa na wɔtumi de asɛm yi yɛ adwuma, gye wɔn a wɔwɔ akyɛdeɛ no nko ara.+ 12 Nnipa bi wɔ hɔ a, wɔrentumi nware, ɛfiri sɛ saa ara na wɔwoo wɔn. Ebinom nso nware, ɛfiri sɛ nnipa na adi wɔn dɛm. Ebinom nso, ɔsoro Ahennie no nti na wɔnware. Obiara a ɔbɛtumi de asɛm yi ayɛ adwuma no, ma no mfa nyɛ adwuma.”+
13 Afei wɔde mmɔfra nkumaa brɛɛ no sɛ ɔmfa ne nsa ngu wɔn so* na ɔmmɔ mpaeɛ mma wɔn, nanso asuafoɔ no kaa wɔn anim.+ 14 Ɛnna Yesu kaa sɛ: “Monnyaa mmɔfra nkumaa no mma wɔmmra me nkyɛn, na monnsi wɔn kwan, ɛfiri sɛ wɔn a wɔte saa na ɔsoro Ahennie no yɛ wɔn dea.”+ 15 Na ɔde ne nsa guu wɔn so, na ɔfirii hɔ kɔe.
16 Na hwɛ! obi baa ne nkyɛn bɛkaa sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, papa bɛn na menyɛ na manya daa nkwa?”+ 17 Ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Adɛn nti na wobisa me deɛ ɛyɛ papa ho asɛm? Baako na ɔyɛ papa.+ Nanso sɛ wopɛ sɛ wonya nkwa a, kɔ so ara di mmara no so.”+ 18 Ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Emu deɛ ɛwɔ he?” Yesu kaa sɛ: “Nni awu,+ nsɛe awareɛ,+ mmɔ korɔno,+ nni adanseɛ a ɛnyɛ nokorɛ,*+ 19 di wo papa ne wo maame ni,+ na dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.”+ 20 Aberanteɛ no ka kyerɛɛ no sɛ: “Madi weinom nyinaa so; deɛn bio na aka me?” 21 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ wopɛ sɛ wowie pɛyɛ* a, kɔtɔn nneɛma a wowɔ, na fa ma ahiafoɔ, na wobɛnya agyapadeɛ wɔ soro;+ na bra bɛdi m’akyi.”+ 22 Berɛ a aberanteɛ no tee asɛm no, ɔde awerɛhoɔ kɔe, ɛfiri sɛ na ɔwɔ agyapadeɛ bebree.+ 23 Na Yesu ka kyerɛɛ n’asuafoɔ no sɛ: “Nokorɛm mereka akyerɛ mo sɛ, ɛbɛyɛ den ama sikani sɛ ɔbɛkɔ ɔsoro Ahennie mu.+ 24 Mereka akyerɛ mo bio sɛ, ɛyɛ mmerɛ sɛ yoma bɛfa paneɛ aniwa mu sene sɛ sikani bɛkɔ Onyankopɔn Ahennie mu.”+
25 Berɛ a asuafoɔ no tee saa no, ɛyɛɛ wɔn nwanwa pii. Enti wɔkaa sɛ: “Hwan paa na wɔbɛtumi agye no nkwa?”+ 26 Yesu hwɛɛ wɔn dinn, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Nnipa fam deɛ wei rentumi nyɛ yie, nanso Onyankopɔn fam deɛ, adeɛ nyinaa bɛtumi ayɛ yie.”+
27 Ɛnna Petro kaa sɛ: “Hwɛ! Yɛagya nneɛma nyinaa hɔ abɛdi w’akyi; enti deɛn na yɛbɛnya?”+ 28 Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Nokorɛm mereka akyerɛ mo sɛ, berɛ a wɔayɛ nneɛma foforɔ a onipa Ba no te n’animuonyam ahennwa so no, mo a modi m’akyi yi bɛtena nhennwa 12 so abu Israel mmusuakuo 12 no atɛn.+ 29 Na obiara a me din nti, wagya adan anaa nua mmarima anaa nua mmaa anaa papa anaa maame anaa mma anaa nsaase no, ɔbɛnya no mmɔho pii, na wanya daa nkwa.+
30 “Nanso adikanfoɔ pii bɛka akyire, na wɔn a wɔaka akyire abɛdi kan.+