Mateo Twerɛtohɔ
17 Nnansia akyi no, Yesu faa Petro ne Yakobo ne ne nua Yohane kaa ne ho, na ɔde wɔn kɔɔ bepɔ tenten bi so. Wɔn nko ara na na wɔwɔ hɔ.+ 2 Na ɔsakraa wɔ wɔn anim; n’anim hyerɛn te sɛ awia, na n’ataadeɛ yɛɛ hyɛnn* te sɛ hann.+ 3 Na hwɛ! Mose ne Elia yii wɔn ho adi kyerɛɛ wɔn, na na wɔne Yesu rekasa. 4 Ɛnna Petro ka kyerɛɛ Yesu sɛ: “Awurade, ɛyɛ sɛ yɛwɔ ha. Sɛ wopɛ a, mɛsi ntomadan mmiɛnsa wɔ ha; wo deɛ baako, Mose deɛ baako, Elia nso deɛ baako.” 5 Na berɛ a ɔgu so rekasa no, hwɛ! mununkum hyɛnhyɛn bi bɛkataa wɔn so, na hwɛ! ɛnne bi firi mununkum no mu baa sɛ: “Wei ne me Ba, deɛ medɔ no a magye no atom.+ Montie no.”+ 6 Berɛ a asuafoɔ no teeɛ no, wɔde wɔn anim butubutuu hɔ, na ehu kaa wɔn paa. 7 Ɛnna Yesu kɔɔ wɔn nkyɛn, na ɔsosɔɔ wɔn mu kaa sɛ: “Monsɔre. Monnsuro.” 8 Berɛ a wɔmaa wɔn ani so no, wɔanhu obiara, gye Yesu nko ara. 9 Na berɛ a wɔresiane afiri bepɔ no so no, Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monnka anisoadehunu no ho asɛm nnkyerɛ obiara kɔsi sɛ wɔbɛnyane onipa Ba no afiri awufoɔ mu.”+
10 Ɛnna asuafoɔ no bisaa no sɛ: “Ɛnneɛ adɛn nti na atwerɛfoɔ no ka sɛ, ɛsɛ sɛ Elia di kan ba ansa?”+ 11 Ɔbuaa sɛ: “Elia reba ampa, na ɔbɛtoto nneɛma nyinaa yie.+ 12 Nanso mereka akyerɛ mo sɛ, Elia aba dada a wɔanhu no, na wɔyɛɛ no deɛ wɔpɛ biara.+ Saa ara nso na onipa Ba no rebɛhunu amane wɔ wɔn nsam.”+ 13 Ɛnna asuafoɔ no hunuu sɛ Yohane Suboni ho asɛm na na ɔreka kyerɛ wɔn.
14 Berɛ a wɔbaa nnipadɔm no nkyɛn no,+ ɔbarima bi baa ne nkyɛn, na ɔbuu nkotodwe wɔ n’anim kaa sɛ: 15 “Awurade, hu me babarima yi mmɔbɔ ɛfiri sɛ ɔtwa, na ɔyare. Ɔtaa tɔ gya mu, na ɔtaa tɔ nsuo mu.+ 16 Mede no brɛɛ w’asuafoɔ no, nanso wɔantumi ansa no yareɛ.” 17 Yesu buaa sɛ: “O awoɔ ntoatoasoɔ abɔnefoɔ*+ a monni gyidie, berɛ tenten sɛn na me ne mo ntena? Mennya mo ho aboterɛ nkɔsi da bɛn? Fa no brɛ me wɔ ha.” 18 Na Yesu twii honhommɔne no anim, na ɔfirii abarimaa no mu, na ne ho tɔɔ no saa berɛ no ara.+ 19 Ɛnna asuafoɔ no baa Yesu nkyɛn kokoam sɛ: “Adɛn nti na yɛantumi antu honhommɔne no?” 20 Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mo gyidie a ɛsua ntira. Nokorɛm mereka akyerɛ mo sɛ, sɛ mowɔ gyidie a ne kɛseɛ te sɛ sinapi aba a, mobɛka akyerɛ bepɔ yi sɛ, ‘Tu firi ha kɔ nohoa,’ na ɛbɛtu, na biribiara nni hɔ a ɛrenyɛ yie mma mo.”+ 21 *——
22 Ɛyɛ berɛ a wɔhyiaam wɔ Galilea no na Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Wɔbɛyi onipa Ba no ahyɛ nnipa nsa,+ 23 wɔbɛku no, na da a ɛtɔ so mmiɛnsa no, wɔbɛnyane no.”+ Na wɔn werɛ hoo paa.
24 Berɛ a wɔduruu Kapernaum no, wɔn a wɔgyegye drakma mmienu toɔ no baa Petro nkyɛn bɛbisaa sɛ: “Mo kyerɛkyerɛfoɔ no tua drakma mmienu toɔ no anaa?”+ 25 Ɔkaa sɛ: “Aane.” Nanso berɛ a Petro wuraa fie hɔ no, Yesu dii kan bisaa no sɛ: “Simon, wodwene ho sɛn? Hwannom na asaase so ahemfo gyegye toɔ firi wɔn hɔ? Wɔn mma hɔ anaa ahɔhoɔ hɔ?” 26 Berɛ a ɔkaa sɛ: “Ahɔhoɔ hɔ” no, Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ saa a, ɛnneɛ na ɛnsɛ sɛ mma no tua toɔ. 27 Nanso deɛ ɛbɛyɛ a yɛrento wɔn suntidua nti,+ kɔ na kɔto daawa wɔ ɛpo mu. Apataa a wobɛdi kan ayi no no, sɛ wobue n’anom a, wobɛhunu dwetɛ sika.* Yi ma wɔn, na fa tua me ne wo deɛ.”