Asomafoɔ Nnwuma
8 Saul nso penee ku a na wɔreku no no so.+
Ɛfiri saa da no, nkurɔfoɔ tan asafo a ɛwɔ Yerusalem no ani dendeenden. Na wɔn nyinaa bɔ hwetee Yudea ne Samaria nsaase nyinaa so maa no kaa asomafoɔ no nko ara.+ 2 Ɛnna mmarima bi a wɔmfa wɔn som nni agorɔ faa Stefano kɔsiee no, na wɔsuu no pii. 3 Na Saul firii aseɛ tuu n’ani sii asafo no so. Ɔwurawuraa afie mu kɔtwee mmarima ne mmaa nyinaa, na ɔmaa wɔde wɔn kɔguu afiase.+
4 Nanso wɔn a wɔbɔ hweteeɛ no kyinii asaase no so kaa Onyankopɔn asɛm no ho asɛmpa.+ 5 Na Filipo kɔɔ Samaria+ kuro no* mu, na ɔfirii aseɛ kaa Kristo ho asɛm kyerɛɛ wɔn. 6 Na nnipadɔm no de akoma korɔ tiee nsɛm a Filipo kaeɛ no. Na wɔyɛɛ aso maa no, na wɔhwɛɛ nsɛnkyerɛnne a ɔyɛeɛ no. 7 Ná nnipa pii wɔ ahonhom fĩ, na ahonhom no de nne kɛseɛ teateaam, na wɔpue firii wɔn mu.+ Bio nso, mmubuafoɔ ne mpakye pii nyaa ayaresa. 8 Enti anigyeɛ kɛseɛ baa kuro no mu.
9 Saa berɛ no, na ɔbarima bi wɔ kuro no mu a wɔfrɛ no Simon. Ná ɔyi nkonyaa ma Samaria man no ho dwiri wɔn, na na ɔka sɛ ɔyɛ onipa kɛseɛ. 10 Ná wɔn nyinaa tie no, ɛfiri kumaa so kɔsi ɔkɛseɛ so, na na wɔka sɛ: “Ɔbarima yi ne Onyankopɔn Tumi a wɔfrɛ no Ɔkɛseɛ no.” 11 Ná wɔtie no, ɛfiri sɛ na ɔde ne nkonyaayie no ama wɔn ho adwiri wɔn akyɛ. 12 Na berɛ a wɔgyee Filipo a ɔreka Onyankopɔn Ahennie+ ne Yesu Kristo din ho asɛmpa no diiɛ no, wɔmaa wɔbɔɔ wɔn asu, mmarima ne mmaa nyinaa.+ 13 Simon ankasa nso bɛyɛɛ gyidini, na berɛ a wɔbɔɔ no asu wieeɛ no, ɔde ne ho bɔɔ Filipo;+ na nsɛnkyerɛnne ne anwanwadeɛ akɛseɛ a na ɛrekɔ so a ɔhunuiɛ no maa ne ho dwirii no.
14 Berɛ a asomafoɔ a wɔwɔ Yerusalem no tee sɛ nnipa a ɛwɔ Samaria no agye Onyankopɔn asɛm no,+ wɔsomaa Petro ne Yohane kɔɔ wɔn nkyɛn, 15 na Petro ne Yohane siane kɔɔ hɔ kɔbɔɔ mpaeɛ maa wɔn sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛnya honhom kronkron,+ 16 ɛfiri sɛ Awurade Yesu din mu nko ara na na wɔabɔ wɔn asu, na honhom kronkron no deɛ, na ɛnnya mmaa wɔn mu biara so.+ 17 Ɛnna wɔde wɔn nsa guu wɔn so,+ na wɔfirii aseɛ nyaa honhom kronkron.
18 Berɛ a Simon huu sɛ asomafoɔ no nsa a wɔde gu obi so na ɛma no nya honhom no, ɔyɛɛ sɛ ɔrema wɔn sika, 19 na ɔkaa sɛ: “Momma me tumi yi bi, na obiara a mede me nsa bɛgu ne so no anya honhom kronkron.” 20 Na Petro ka kyerɛɛ no sɛ: “Wo ne wo dwetɛ nyinaa nsɛe,* ɛfiri sɛ ɛyɛ wo sɛ wobɛtumi de sika atɔ Onyankopɔn adom akyɛdeɛ.+ 21 Wonni kyɛfa biara wɔ asɛm yi mu, na wonka ho, ɛfiri sɛ w’akoma ntene wɔ Onyankopɔn anim. 22 Enti sakra w’adwene wɔ saa bɔne a woayɛ yi ho, na srɛ Yehowa* sɛ, sɛ ɛbɛyɛ yie a, ɔmfa bɔne a woasusu no w’akoma mu no nkyɛ wo; 23 na mahu sɛ woyɛ awuduro a ɛyɛ nwono,* na woyɛ bɔne akoa.” 24 Ɛnna Simon ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monsrɛ Yehowa* mma me, na deɛ moaka yi mu biara amma me so.”
25 Enti berɛ a wɔdii adanseɛ frenkyemm na wɔkaa Yehowa* asɛm no, wɔsan de wɔn ani kyerɛɛ Yerusalem. Berɛ a wɔrekɔ no, wɔkaa asɛmpa no wɔ Samariafoɔ nkuraa bebree ase.+
26 Ɛnna Yehowa* bɔfoɔ+ ka kyerɛɛ Filipo sɛ: “Sɔre na kɔ anaafoɔ, ɛkwan a ɛsiane firi Yerusalem kɔ Gasa no so.” (Wei yɛ ɛkwan a ɛda serɛ so.) 27 Ɛnna ɔsɔre kɔeɛ, na hwɛ! Etiopiani bi a ɔyɛ ahemfie panin* nie. Ná ɔyɛ otumfoɔ a ɔhyɛ Etiopiafoɔ hemmaa Kandake ase, na ɔno na na ɔhwɛ ne sika nyinaa so. Ná wakɔ Yerusalem akɔsom,+ 28 na na ɔte ne teaseɛnam mu resan akɔ. Ná ɔrekenkan odiyifoɔ Yesaia nwoma no den. 29 Enti honhom no ka kyerɛɛ Filipo sɛ: “Kɔ hɔ, na bɛn teaseɛnam yi ho.” 30 Filipo tuu mmirika kɔɔ ho, na ɔtee sɛ ɔrekenkan odiyifoɔ Yesaia nwoma no den. Ɛnna ɔbisaa no sɛ: “Wote deɛ worekenkan no ase?” 31 Ɔkaa sɛ: “Sɛ obi ankyerɛ me a, mɛyɛ dɛn atumi ate aseɛ?” Enti ɔsrɛɛ Filipo sɛ ɔmforo mmɛtena ne nkyɛn. 32 Twerɛnsɛm mu asɛm a na ɔrekenkan no nie: “Wɔde no kɔe te sɛ odwan a wɔrekɔku no, na sɛdeɛ odwan ba a wɔretwitwa ne nwi yɛ komm no, saa ara na ɔno nso ammue n’ano.+ 33 Berɛ a wɔbrɛɛ no ase no, wɔammu atɛntenenee amma no.+ Hwan na ɔbɛkyerɛ n’awoɔ ntoatoasoɔ?* Ɛfiri sɛ wɔtwaa no* firii asaase so.”+
34 Ɛnna ahemfie panin* no bisaa Filipo sɛ: “Mesrɛ wo, hwan na odiyifoɔ no reka ne ho asɛm yi? Ɔno ara anaa onipa foforɔ bi?” 35 Filipo firii aseɛ kasae, na ɔde twerɛsɛm a na ahemfie panin* no rekenkan no firii aseɛ kaa Yesu ho asɛmpa kyerɛɛ no. 36 Berɛ a wɔnam kwan so rekɔ no, wɔkɔduruu nsuo bi ho, na ahemfie panin* no kaa sɛ: “Hwɛ! Nsuo na ɛda hɔ yi. Ɛdeɛn na ɛsi me kwan sɛ mɛbɔ asu?” 37 *—— 38 Ɛnna ɔmaa teaseɛnam no gyinaeɛ, na Filipo ne ahemfie panin* no nyinaa siane kɔɔ nsuo no mu, na ɔbɔɔ no asu. 39 Berɛ a wɔfirii nsuo no mu pueeɛ no, ntɛm ara na Yehowa* honhom de Filipo kɔeɛ, na ahemfie panin* no anhu no bio, na ɔde anigyeɛ kɛseɛ toaa so kɔɔ ne kwan. 40 Na Filipo kɔpuee Asdod, na ɔkɔfaa asaase no so toaa so kaa asɛmpa no wɔ nkuro no nyinaa mu kɔsii sɛ ɔduruu Kaesarea.+