Luka Twerɛtohɔ
17 Afei ɔka kyerɛɛ n’asuafoɔ no sɛ: “Deɛ ɛbɛyɛ biara, nneɛma a ɛto nnipa suntidua bɛba. Nanso, deɛ ɛnam ne so bɛba no nnue! 2 Anka ɛyɛ ma no sɛ wɔde ɛboɔ kɛseɛ* bɛsɛn ne kɔn mu, na wɔakɔto no ato po mu, sene sɛ ɔbɛto nketewa yi mu baako suntidua.+ 3 Monhwɛ mo ho yie. Sɛ wo nua yɛ bɔne bi a, ka n’anim,+ na sɛ ɔnu ne ho a, fa kyɛ no.+ 4 Sɛ mpo ɔyɛ wo bɔne mprɛ nson da koro, na ɔsan ba wo nkyɛn mprɛ nson bɛka sɛ, ‘Manu me ho’ a, fa kyɛ no.”+
5 Na asomafoɔ no ka kyerɛɛ Awurade sɛ: “Ma yɛn gyidie nyɛ kɛse.”+ 6 Ɛnna Awurade kaa sɛ: “Sɛ mowɔ gyidie a ne kɛseɛ te sɛ sinapi aba a, anka mobɛka akyerɛ saa dua* yi sɛ, ‘Tutu na kɔsi po mu!’ na ɛbɛtie mo.+
7 “Mo mu hwan na ɔwɔ akoa a ɔrefuntum asaase anaasɛ ɔrehwɛ mmoa, na sɛ ɔfiri afuo mu ba a ɔbɛka akyerɛ no sɛ, ‘Yɛ ntɛm bra bɛtena pono ho didi’? 8 Mmom no, ɔbɛka akyerɛ no sɛ, ‘Pɛ biribi ma menni anwummerɛ yi, na bɔ abɔsoɔ som me kɔsi sɛ mɛdidi anom awie, na ɛno akyi no, wobɛtumi adidi anom,’ ɛnte saa? 9 Ɔbɛda akoa no ase sɛ wayɛ deɛ ɔkaeɛ no anaa? Daabi. 10 Enti mo nso, sɛ moyɛ adwuma a wɔde ama mo no nyinaa wie a, monka sɛ: ‘Yɛyɛ nkoa a mfasoɔ nni yɛn so. Deɛ ɛsɛ sɛ yɛyɛ ara na yɛayɛ no.’”+
11 Berɛ a ɔrekɔ Yerusalem no, ɔfaa Samaria ne Galilea hyeɛ so. 12 Na berɛ a ɔreyɛ aduru akuraa bi ase no, mmarima du bi a wɔyare kwata huu no, nanso wɔgyinaa akyirikyiri.+ 13 Na wɔteaam sɛ: “Yesu, Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, hu yɛn mmɔbɔ!” 14 Berɛ a ɔhuu wɔn no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monkɔ na momfa mo ho nkɔkyerɛ asɔfoɔ no.”+ Na berɛ a wɔrekɔ no, wɔn ho tɔɔ wɔn.*+ 15 Berɛ a baako huu sɛ ne ho atɔ no no, ɔsan n’akyi bae, na ɔde nne kɛseɛ hyɛɛ Onyankopɔn animuonyam. 16 Na ɔde n’anim butuu Yesu nan ase daa no ase. Deɛ ɛteɛ ne sɛ, na ɔyɛ Samariani.+ 17 Ɛnna Yesu bisaa no sɛ: “Ɛnyɛ nnipa du na wɔn ho tɔɔ wɔn?* Na nkron a aka no wɔ he? 18 Enti obi foforɔ biara ansan n’akyi ammɛhyɛ Onyankopɔn animuonyam sɛ ɔbarima a ɔfiri ɔman foforɔ mu yi?” 19 Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Sɔre na kɔ; wo gyidie ama wo ho atɔ wo.”+
20 Na Farisifoɔ no bisaa no berɛ a Onyankopɔn Ahennie bɛba.+ Na ɔbuaa wɔn sɛ: “Onyankopɔn Ahennie no remma mma nnipa mfa wɔn ani nhu no pefee; 21 na nnipa renka nso sɛ ‘Hwɛ ha!’ anaa ‘Hwɛ hɔ!’ Na hwɛ! Onyankopɔn Ahennie no wɔ mo mfimfini.”*+
22 Afei ɔka kyerɛɛ asuafoɔ no sɛ: “Berɛ bi bɛba a mobɛpɛ sɛ mohunu onipa Ba no nna no mu baako, nanso morenhunu. 23 Na nnipa bɛka akyerɛ mo sɛ, ‘Monhwɛ hɔ!’ anaasɛ ‘Monhwɛ ha!’ Monnkɔ, na monnni wɔn akyi.+ 24 Na sɛdeɛ anyinam pae a, ɛhyerɛn firi ɔsoro fã bi kɔ ɔsoro fã foforɔ no, saa ara na onipa Ba+ no bɛyɛ wɔ ne da no mu.+ 25 Nanso deɛ ɛdi kan no, ɛsɛ sɛ ɔhunu amane bebree na awoɔ ntoatoasoɔ yi po no.+ 26 Bio nso, sɛdeɛ ɛyɛɛ wɔ Noa nna no mu no,+ saa ara na ɛbɛyɛ wɔ onipa Ba no nna no nso mu:+ 27 na wɔdidii, wɔnomee, mmarima warewaree, wɔde mmaa memaa awareɛ, kɔsii da a Noa kɔɔ adaka no mu.+ Na Nsuyire no ba bɛsɛee wɔn nyinaa.+ 28 Afei nso, Lot+ nna no mu no, wɔdidii, wɔnomee, wɔtɔe, wɔtɔnee, wɔduae, wɔsisii adan. 29 Na da a Lot firii Sodom no, egya ne sɔfe* tɔ firii soro bɛsɛee wɔn nyinaa.+ 30 Saa ara na ɛbɛyɛ, ɛda a onipa Ba no bɛyi ne ho adi no.+
31 “Saa da no, mma onipa a ɔwɔ dan atifi a ne nneɛma wɔ fie no nnsi fam mmmɛfa, na onipa a ɔwɔ afuo mu no, mma ɔno nso nnsan mmmɛfa nneɛma a ɛwɔ akyire no. 32 Monkae Lot yere no.+ 33 Obiara a ɔbɛyɛ sɛ ɔbɛkora ne nkwa* so no, ɛbɛfiri ne nsa, na obiara a ɔbɛhwere ne nkwa no, ɔbɛkora so.+ 34 Mereka akyerɛ mo sɛ, saa anadwo no nnipa mmienu bɛda mpa baako so; wɔbɛfa baako akɔ, na wɔagya baako.+ 35 Mmaa mmienu bɛyam adeɛ wɔ ɛboɔ koro so; wɔbɛfa baako akɔ na wɔagya baako.” 36 *—— 37 Enti wɔbisaa no sɛ: “Awurade, ɛhe?” Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Deɛ afunu wɔ no, ɛhɔ ara nso na akɔdeɛ bɛboa wɔn ho ano.”+