Mateo Twerɛtohɔ
7 “Monnyae sɛ mobu nkurɔfoɔ atɛn,+ na wɔammu mo atɛn. 2 Na atɛn a mobu no, ɛno ara na wɔbɛbu mo;+ adeɛ a mode susu ma nkurɔfoɔ no, ɛno ara na wɔde bɛsusu ama mo.+ 3 Adɛn nti na wohwɛ ntɛtɛ a ɛda wo nua ani so, na wonhunu dua* a ɛda wo ankasa w’ani so?+ 4 Anaasɛ wobɛyɛ dɛn atumi aka akyerɛ wo nua sɛ, ‘Ma menyi ntɛtɛ no mfiri w’ani so,’ berɛ a hwɛ! dua* da wo ankasa w’ani so? 5 Nyaatwomni! Di kan yi dua* no firi wo ankasa w’ani so; ɛno bɛma woahunu adeɛ yie na woayi ntɛtɛ no afiri wo nua ani so.
6 “Mommfa adeɛ a ɛyɛ kronkron mmma nkraman, na monnto mo abohene nngu mprako anim,+ na wɔamfa wɔn nan antiatia so, na wɔannane wɔn ho ammɛtete mo mu.
7 “Monkɔ so mmisa, na wɔde bɛma mo;+ monkɔ so nhwehwɛ, na mobɛhunu; monkɔ so mmom, na wɔbɛbue mo.+ 8 Ɛfiri sɛ obiara a ɔbisa no, ne nsa bɛka,+ na obiara a ɔhwehwɛ no, ɔbɛhunu, na obiara a ɔbɔ mu no, wɔbɛbue no. 9 Na mo mu hwan na ne ba bisa no paanoo a, ɔbɛma no ɛboɔ? 10 Anaasɛ ɔbisa no apataa a, ɔbɛma no ɔwɔ? 11 Enti sɛ mo a moyɛ abɔnefoɔ mpo nim sɛdeɛ moma mo mma akyɛdeɛ pa a, ɛnneɛ mo Agya a ɔwɔ soro no nso ɛ? Ɔde nneɛma pa+ bɛma wɔn a wɔbisa no+ no ama no aboro so!
12 “Enti biribiara a mopɛ sɛ nnipa yɛ ma mo no, mo nso monyɛ mma wɔn saa ara.+ Nokorɛm no, saa na Mmara ne Adiyifoɔ no kyerɛ.+
13 “Momfa ɛpono teatea no mu,+ ɛfiri sɛ ɛpono a ɛso ne ɛkwan a ɛtrɛ no kɔ ɔsɛeɛ mu, na wɔn a wɔnam saa pono no mu no yɛ bebree. 14 Na ɛpono teatea ne ɛkwan ketewa no ne deɛ ɛkɔ nkwa mu, na nnipa kakraa bi na wɔhunu.+
15 “Monhwɛ yie wɔ atorɔ adiyifoɔ ho.+ Wɔde nnwan nwoma kata wɔn ho ba mo nkyɛn,+ nanso wɔyɛ mpataku*+ a wɔfom aduane.* 16 Wɔn aba na mode bɛhu wɔn. Nkurɔfoɔ rentumi ntete bobe wɔ nkasɛɛ so da, na wɔrentumi ntete borɔdɔma nso wɔ nkyɛkyerɛ so da. Ɛnte saa anaa?+ 17 Saa ara na dua pa biara so aba pa, na dua bɔne biara so aba bɔne.+ 18 Dua pa rentumi nso aba bɔne, na dua bɔne rentumi nso aba pa.+ 19 Dua biara a ɛnso aba pa no, wɔtwa na wɔde gu gya mu.+ 20 Ɛno nti, saa atorɔ adiyifoɔ no aba na mode bɛhu wɔn.+
21 “Ɛnyɛ obiara a ɔse me sɛ, ‘Awurade, Awurade’ no na ɔbɛkɔ ɔsoro Ahennie no mu; mmom deɛ ɔyɛ m’Agya a ɔwɔ soro no apɛdeɛ no,+ ɔno na ɔbɛkɔ mu. 22 Ɛda no, nnipa bebree bɛka akyerɛ me sɛ: ‘Awurade, Awurade,+ yɛamfa wo din anhyɛ nkɔm, na yɛamfa wo din antu ahonhommɔne, na yɛamfa wo din anyɛ anwanwadeɛ* bebree anaa?’+ 23 Ɛnna mɛka akyerɛ wɔn sɛ: ‘Mennim mo da! Momfiri me so nkɔ, mo a moyɛ nneɛma bɔne!*+
24 “Enti obiara a ɔte me nsɛm yi na ɔde yɛ adwuma no, ɔbɛyɛ sɛ onyansafoɔ* bi a ɔsii ne dan sii ɔbotan so.+ 25 Na nsuo tɔe na ɛyirii, na mframa bɔe, na ɛbɛbɔɔ dan no, nanso ammu, ɛfiri sɛ na wasi asi ɔbotan so. 26 Afei, obiara a ɔte me nsɛm yi na ɔmfa nyɛ adwuma no, ɔbɛyɛ sɛ kwasea bi a ɔsii ne dan sii anwea so.+ 27 Na nsuo tɔe na ɛyirii, na mframa bɔe, na ɛbɛbɔɔ dan no+ maa ɛdwiri gui, na ɛbubuu pasaa.”
28 Berɛ a Yesu wiee nsɛm yi no, ɛkwan a ɔfaa so kyerɛkyerɛeɛ no maa nnipadɔm no ho dwirii wɔn,+ 29 ɛfiri sɛ na ɔrekyerɛkyerɛ wɔn te sɛ obi a ɔwɔ tumi,+ na ɛnte sɛ wɔn atwerɛfoɔ no.