Yohane Twerɛtohɔ
17 Berɛ a Yesu kaa weinom no, ɔmaa n’ani so kyerɛɛ soro, na ɔkaa sɛ: “Agya, berɛ no aso. Hyɛ wo ba no animuonyam, na wo ba no nso nhyɛ wo animuonyam,+ 2 ɛfiri sɛ woama no ɔhonam* nyinaa so tumi,+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔbɛma wɔn a wode wɔn ama no no nyinaa daa nkwa.+ 3 Sɛ obi bɛnya daa nkwa+ a, ɛsɛ sɛ ɔhu wo a woyɛ nokorɛ Nyankopɔn koro pɛ+ no, na ɔhu Yesu Kristo+ a wosomaa no no nso. 4 Adwuma a wode ama me sɛ menyɛ no, mayɛ awie de ahyɛ wo animuonyam wɔ asaase so.+ 5 Enti afei, Agya, animuonyam a na mewɔ wɔ wo nkyɛn ansa na wiase reba no, san fa ma me wɔ wo nkyɛn.+
6 “Nnipa a woyii wɔn firii wiase maa me no, mama wɔahunu wo din.*+ Ná wɔyɛ wo dea, ɛnna wode wɔn maa me, na wɔatie w’asɛm.* 7 Afei wɔabɛhunu sɛ nneɛma a wode maa me nyinaa firi wo nkyɛn; 8 ɛfiri sɛ nsɛm a wode maa me no, mede ama wɔn,+ na wɔagye atom, na wɔabɛhunu ampa sɛ mebaa sɛ wo nanmusini,+ na wɔagye adi sɛ wo na wosomaa me.+ 9 Mesrɛ ma wɔn; mensrɛ mma wiase no, na mmom mesrɛ ma wɔn a wode wɔn ama me no, ɛfiri sɛ wɔyɛ wo dea; 10 na biribiara a mewɔ no yɛ wo dea, na wo nso wo deɛ yɛ me dea,+ na manya animuonyam wɔ wɔn mu.
11 “Menni wiase bio, na wɔn deɛ, wɔwɔ wiase,+ na mereba wo nkyɛn. Agya Kronkron, wo ara wo din a wode ama me nti, hwɛ wɔn so+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛyɛ baako* sɛdeɛ yɛn nso yɛyɛ baako*+ no. 12 Berɛ a mewɔ wɔn nkyɛn no, na mehwɛ wɔn so+ ɛsiane wo ara wo din a wode ama me nti; na mabɔ wɔn ho ban, na wɔn mu baako mpo nsɛee+ gye ɔsɛeɛ ba no,+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a twerɛsɛm no bɛba mu.+ 13 Nanso seesei mereba wo nkyɛn, na mereka weinom wɔ wiase, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔn nso bɛnya anigyeɛ a mewɔ no bi pɛpɛɛpɛ.+ 14 Mede w’asɛm ama wɔn. Na wiase no tan wɔn, ɛfiri sɛ wɔnka wiase no ho+ sɛdeɛ me nso menka wiase no ho no.
15 “Mensrɛ sɛ yi wɔn firi wiase, na mmom mesrɛ sɛ hwɛ wɔn so ɛsiane ɔbɔnefoɔ no nti.+ 16 Wɔnka wiase no ho,+ sɛdeɛ me nso menka wiase no ho no.+ 17 Fa nokorɛ no te wɔn ho;*+ w’asɛm yɛ nokorɛ.+ 18 Sɛdeɛ wosomaa me baa wiase no, me nso mesomaa wɔn wiase.+ 19 Wɔn nti, merete me ho,* sɛdeɛ ɛbɛyɛ a nokorɛ no bɛma wɔn nso ho ate.*
20 “Ɛnyɛ weinom nko ara nti na meresrɛ, na mmom meresrɛ ama obiara a ɔnam wɔn asɛm so gye me di no, 21 sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔn nyinaa bɛyɛ baako,+ sɛdeɛ wo, Agya, wo ne me yɛ baako na me nso me ne wo yɛ baako+ no, na wɔn nso ne yɛn ayɛ baako, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wiase no bɛgye adi sɛ wo na wosomaa me. 22 Mede animuonyam a wode ama me no ama wɔn, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛyɛ baako sɛdeɛ yɛn nso yɛyɛ baako no.+ 23 Me ne wɔn yɛ baako, na wo nso wo ne me yɛ baako, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛyɛ baako korakora,* na ama wiase no ahunu sɛ wo na wosomaa me, na wodɔ wɔn sɛdeɛ wodɔ me no. 24 Agya, wɔn a wode wɔn ama me no, mepɛ sɛ wɔbɛka me ho wɔ baabi a mewɔ no,+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛhunu animuonyam a wode ama me no, ɛfiri sɛ na wodɔ me ansa na wɔrehyɛ wiase ase.*+ 25 Tenenee Agya, wiase no nnim wo;+ nanso me deɛ, menim wo,+ na weinom abɛhunu sɛ wo na wosomaa me. 26 Mama wɔahunu wo din na mɛma wɔahunu,+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔdɔ a wode dɔɔ me no bɛtena wɔn mu, na me ne wɔn ayɛ baako.”+