Yohane Twerɛtohɔ
5 Wei akyi no, Yudafoɔ afahyɛ+ bi durui, na Yesu foro kɔɔ Yerusalem. 2 Tadeɛ bi wɔ Yerusalem Nnwan Pono+ no ho a wɔfrɛ no Hebri mu sɛ Betsata, na abrannaa nnum wɔ ho. 3 Ɛhɔ na na nnipa pii a wɔyɛ ayarefoɔ, anifirafoɔ, mpakye, ne wɔn a wɔn fã adwodwo deda. 4 *—— 5 Ná ɔbarima bi wɔ hɔ a wayare mfeɛ 38. 6 Yesu hunuu sɛ ɔbarima yi da hɔ, na na ɔnim sɛ wayare berɛ tenten. Enti ɔbisaa no sɛ: “Wopɛ sɛ wo ho tɔ wo anaa?”+ 7 Ɛnna ɔyarefoɔ no buaa no sɛ: “Owura, menni obiara a sɛ nsuo no hono a, ɔde me bɛkɔ akɔto tadeɛ no mu. Sɛ meyɛ sɛ merekɔtɔ mu a, na obi adi m’anim akɔtɔ mu.” 8 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Sɔre! Fa wo kɛtɛ,* na nante.”+ 9 Ɛhɔ ara na ɔbarima no ho tɔɔ no, na ɔfaa ne kɛtɛ* firii aseɛ nantee.
Ná saa da no yɛ Homeda. 10 Enti Yudafoɔ no firii aseɛ ka kyerɛɛ ɔbarima a wɔasa no yareɛ no sɛ: “Ɛyɛ Homeda, na mmara mma kwan sɛ wobɛsoa kɛtɛ* no.”+ 11 Ɛnna ɔbuaa wɔn sɛ: “Deɛ ɔsaa me yareɛ no, ɔno ara na ɔka kyerɛɛ me sɛ, ‘Fa wo kɛtɛ* na nante.’” 12 Wɔbisaa no sɛ: “Onipa bɛn na ɔka kyerɛɛ wo sɛ, ‘Fa wo kɛtɛ na nante’ no?” 13 Nanso na ɔbarima a wɔasa no yareɛ no nnim onipa korɔ, ɛfiri sɛ na Yesu afra nnipadɔm a wɔwɔ hɔ no mu.
14 Weinom akyi no, Yesu huu no wɔ asɔrefie hɔ, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Hwɛ, wo ho atɔ wo. Nyɛ bɔne bio, na biribi a ɛsene wei anyɛ wo.” 15 Ɔbarima no firii hɔ kɔe, na ɔkɔka kyerɛɛ Yudafoɔ no sɛ Yesu na ɔmaa ne ho tɔɔ no. 16 Asɛm yi nti, Yudafoɔ no tan Yesu ani, ɛfiri sɛ ɔyɛɛ weinom Homeda. 17 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “M’Agya ayɛ adwuma abɛsi sɛsɛɛ, na me nso, mekɔ so yɛ adwuma.”+ 18 Wei koraa na ɛmaa Yudafoɔ no ani bere hwehwɛɛ sɛ wɔbɛku no, ɛfiri sɛ ɛnyɛ Homeda nko na na ɔrebu so, na mmom ɔfrɛɛ Onyankopɔn sɛ ɔno ara n’Agya,+ de yɛɛ ne ho sɛ ɔne Onyankopɔn yɛ pɛ.+
19 Enti Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Nokorɛ, nokorɛ, mereka akyerɛ mo sɛ, Ɔba no ankasa rentumi mmɔ ne tirim nyɛ hwee, gye deɛ ɔhunu sɛ Agya no yɛ.+ Na biribiara a Agya no yɛ no, ɛno ara na Ɔba no nso yɛ. 20 Agya no pɛ Ɔba no asɛm,+ na ɔkyerɛ no nneɛma a ɔno ankasa yɛ nyinaa, na ɔbɛkyerɛ no nnwuma akɛseɛ asene weinom ama no ayɛ mo nwanwa.+ 21 Na sɛdeɛ Agya no nyane awufoɔ na ɔma wɔn nkwa no,+ saa ara na Ɔba no nso ma obiara a ɔpɛ ba nkwa mu.+ 22 Na Agya no mmu obiara atɛn, na mmom ɔde atemmuo nyinaa ahyɛ Ɔba no nsa,+ 23 na ama obiara adi Ɔba no ni sɛdeɛ wɔdi Agya no ni no. Obiara a ɔnni Ɔba no ni no, ɔnni Agya a ɔsomaa no no ni.+ 24 Nokorɛ, nokorɛ, mereka akyerɛ mo sɛ, obiara a ɔtie m’asɛm na ɔgye Deɛ ɔsomaa me no di no wɔ daa nkwa,+ na wɔremmu no atɛn, na mmom wafiri owuo mu aba nkwa mu.+
25 “Nokorɛ, nokorɛ, mereka akyerɛ mo sɛ, berɛ no reba, na aduru, sɛ awufoɔ bɛte Onyankopɔn Ba no nne, na wɔn a wɔayɛ aso atie no, wɔbɛnya nkwa. 26 Na sɛdeɛ Agya no wɔ nkwa wɔ ɔno ankasa mu*+ no, saa ara na wama Ɔba no nso anya nkwa wɔ ɔno ankasa mu.+ 27 Na Agya no ama no tumi sɛ ɔmmu atɛn,+ ɛfiri sɛ ɔyɛ onipa Ba.+ 28 Mommma wei nnyɛ mo nwanwa, ɛfiri sɛ berɛ no reba a wɔn a wɔwɔ nkaeɛ ada mu nyinaa bɛte ne nne,+ 29 na wɔapue. Wɔn a wɔyɛɛ papa no bɛkɔ nkwa wusɔreɛ mu, na wɔn a wɔyɛɛ akyiwadeɛ no akɔ atemmuo wusɔreɛ mu.+ 30 Merentumi mmɔ me tirim nyɛ hwee. Deɛ mete firi Agya no hɔ no, ɛno ara na megyina so bu atɛn. Na atɛn a mebuo no tene,+ ɛfiri sɛ menhwehwɛ deɛ me ara mepɛ, na mmom deɛ ɔsomaa me no apɛdeɛ.+
31 “Sɛ me nko ara medi me ho adanseɛ a, m’adanseɛ no nyɛ nokorɛ.+ 32 Obi foforɔ wɔ hɔ a ɔdi me ho adanseɛ, na menim sɛ adanseɛ a ɔdi wɔ me ho no yɛ nokorɛ.+ 33 Moasoma nnipa akɔ Yohane hɔ, na wadi nokorɛ no ho adanseɛ.+ 34 Nanso mennye adanseɛ mfiri nnipa hɔ, na meka weinom na moanya nkwa. 35 Ná saa ɔbarima no yɛ kanea a ɛdɛre na ɛhyerɛn, na mo deɛ, na mopɛ sɛ mo ani gye kɛse wɔ ne hann mu kakra.+ 36 Nanso, mewɔ adanseɛ a ɛsene Yohane deɛ no, ɛfiri sɛ nnwuma a m’Agya de hyɛɛ me nsa sɛ menyɛ no, saa nnwuma a mereyɛ yi, ɛno ara na ɛdi adanseɛ sɛ Agya no na ɔsomaa me.+ 37 Na Agya a ɔsomaa me no, ɔno ara na wadi me ho adanseɛ.+ Mo deɛ, montee ne nne da, na monhuu sɛdeɛ ɔteɛ nso,+ 38 na n’asɛm nni mo mu, ɛfiri sɛ monnye deɛ ɔsomaa no no mpo nni.
39 “Mohwehwɛ Twerɛnsɛm no mu,+ ɛfiri sɛ mosusu sɛ ɛno na ɛbɛma moanya daa nkwa; ɛno ara* nso na ɛdi me ho adanseɛ.+ 40 Nanso, mompɛ sɛ moba me nkyɛn,+ na moanya nkwa. 41 Mennye animuonyam mfiri nnipa hɔ, 42 na menim yie sɛ monni Onyankopɔn dɔ wɔ mo mu. 43 M’Agya din mu na mebaeɛ, nanso monnye me. Sɛ obi foforɔ ba ɔno ara ne din mu a, ɔno deɛ, mobɛgye no. 44 Mo mu biara gye animuonyam firi ne yɔnko nkyɛn, na animuonyam a ɛfiri Onyankopɔn koro pɛ no nkyɛn deɛ, monnye.+ Enti ɛbɛyɛ dɛn na moagye adi? 45 Monnsusu sɛ mɛbɔ mo soboɔ akyerɛ Agya no. Baako pɛ na ɔbɔ mo soboɔ; ɔno ne Mose,+ deɛ mode mo ani ato ne so no. 46 Nokwasɛm ne sɛ, sɛ mogye Mose di a, anka mobɛgye me adi, ɛfiri sɛ ɔtwerɛɛ me ho asɛm.+ 47 Na sɛ monnye nsɛm a ɔtwerɛeɛ no nni a, ɛbɛyɛ dɛn na moagye nsɛm a meka no adi?”