Yuda Nwoma
1 Me Yuda a meyɛ Yesu Kristo akoa ne Yakobo+ nua, meretwerɛ krataa yi akɔma wɔn a wɔafrɛ wɔn,+ Agya Nyankopɔn adɔfo a wakora wɔn so ama Yesu Kristo:+
2 Mebɔ mpaeɛ sɛ Onyankopɔn bɛma moanya mmɔborɔhunu ne asomdwoeɛ ne ɔdɔ pii.
3 Adɔfo, ɛwom, anka merebɔ mmɔden atwerɛ nkwagyeɛ a ɛwɔ hɔ ma yɛn nyinaa+ no ho asɛm abrɛ mo, nanso mehuu sɛ ɛho hia sɛ metwerɛ bɛtu mo fo sɛ monko dendeenden mfa mmɔ gyidie a wɔde ama akronkronfoɔ no ho ban;+ wɔde maa wɔn prɛko sɛ ɛntena hɔ daa. 4 Deɛ enti a ɛte saa ne sɛ nnipa bi awiawia wɔn ho aba mo mu. Ɛfiri tete na wɔnam Twerɛnsɛm no so aka ato hɔ sɛ wɔbɛnya atemmuo; wɔyɛ amumuyɛfoɔ a wɔde yɛn Nyankopɔn adom kata wɔn anim bɔ ahohwibra,*+ na yɛn wura ne yɛn Awurade koro pɛ Yesu Kristo nso, wɔpo no.+
5 Ɛwom sɛ ɛnyɛ asɛm foforɔ mma mo deɛ, nanso mepɛ sɛ mekae mo sɛ berɛ a Yehowa* gyee nnipa bi firii Egypt asaase so+ no, akyire yi ɔsɛee wɔn a na wɔnni gyidie no.+ 6 Na abɔfoɔ a wɔantena wɔn tenabea na mmom wɔgyaa wɔn ara wɔn diberɛ a wɔde ama wɔn no,+ ɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn akyekyere wɔn afebɔɔ wɔ sum kabii mu, na wɔakora wɔn so ama atemmuo da kɛseɛ no.+ 7 Saa ara na Sodom ne Gomora ne nkuro a atwa ho ahyia nso yɛeɛ; adwamammɔ* a ɛyɛ tan ne nna ho akɔnnɔ a ɛyɛ abofono*+ na wɔkɔdii akyire, na wɔde daa gya twee wɔn aso de yɛɛ kɔkɔbɔ maa yɛn.+
8 Wei nyinaa akyi no, saa nnipa yi nso ayɛ wɔn ho adaeɛsofoɔ; wɔgu nkurɔfoɔ* ho fĩ, wɔmmu tumidie na wɔkasa tia animuonyamfoɔ.+ 9 Nanso berɛ a ɔbɔfo panin+ Mikael+ ne Ɔbonsam redi akameakame ne anobaabaeɛ wɔ Mose funu+ ho no, wamfa ne pɛ ankasa antia no ammu no atɛn,+ na mmom ɔkaa sɛ: “Yehowa* nka w’anim.”+ 10 Saa nnipa yi deɛ, nneɛma a wɔnte ase nyinaa wɔka ho asɛmmɔne.+ Na deɛ wɔte aseɛ nyinaa nso, wɔde atenka na ɛyɛ, te sɛ mmoa a wɔnni adwene,+ na wɔyɛ de sɛe wɔn ho.
11 Wɔnnue, ɛfiri sɛ wɔafa Kain+ kwan so, na mfasoɔ nti wɔapere wɔn ho akɔfa Baalam kwammɔne+ no so; wɔasuasua Kora atuateɛ kasa+ no,+ enti wɔbɛsɛe te sɛ ɔno! 12 Saa nnipa yi ne mo bom didi wɔ mo dɔ adidie ase,+ nanso wɔyɛ abotan a ahinta wɔ nsuo ase; wɔyɛ nnwanhwɛfoɔ a wɔdwene wɔn ankasa yafunu ho a wɔnsuro hwee;+ mununkum a nsuo nnim na mframa de di akɔneaba;+ nnua a twaberɛ aduro nanso ɛnso aba, awuwu koraa,* na aseɛ atutu; 13 wɔyɛ ɛpo asorɔkye a wɔhuru kutukutu pu wɔn ara aniwudeɛ;+ nsoromma a ɛkyinkyini kɛkɛ a wɔakora sum kabii so ama wɔn daa.+
14 Aane, Enok+ na ɔtɔ Adam so nson wɔ awoɔ ntoatoasoɔ mu, na ne nkɔmhyɛ yi fa wɔn ho. Ɔkaa sɛ: “Hwɛ! Yehowa* de n’ahotefoɔ mpempem pii baeɛ,+ 15 na ɔbɛbuu obiara atɛn,+ na nneɛma bɔne a amumuyɛfoɔ nyinaa yɛ tiaa Onyankopɔn ne ahodwirisɛm a nnebɔneyɛfoɔ a wɔnsuro no ka tiaa no nyinaa+ nti, ɔbuu wɔn fɔ.”
16 Saa nnipa yi yɛ anwiinwiifoɔ+ a deɛ wɔwɔ biara nsɔ wɔn ani; wɔdi wɔn ara wɔn akɔnnɔ akyi,+ na wɔn ano ka nsɛm akɛseɛ, na wɔn ara wɔn mfasoɔ nti, wɔhoahoa nkurɔfoɔ.*+
17 Adɔfo, mo deɛ, monkae nsɛm a yɛn Awurade Yesu Kristo asomafoɔ no kaeɛ* no; 18 wɔka kyerɛɛ mo sɛ: “Awieeɛ mmerɛ no mu no, fɛdifoɔ a wɔdi wɔn ara akɔnnɔ bɔne akyi bɛba.”+ 19 Weinom ne wɔn a wɔde mpaapaemu ba,+ nnipa a wɔdi honam akɔnnɔ akyi a wɔmma Onyankopɔn honhom nkyerɛ wɔn kwan. 20 Adɔfo, mo deɛ, momfa mo gyidie kronkron no nyɛ fapem nhyɛ mo ho den, na mommɔ mpaeɛ wɔ honhom kronkron mu,+ 21 sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mobɛkɔ so de mo ho asie Onyankopɔn dɔ mu,+ berɛ a motwɛn yɛn Awurade Yesu Kristo mmɔborɔhunu a ɛkɔ daa nkwa+ mu no. 22 Afei nso, wɔn a wɔn adwene hinhim+ no, monkɔ so nhu wɔn mmɔbɔ;+ 23 monhwim wɔn+ mfiri gya mu nkɔ nkwa mu. Na ebinom nso, monkɔ so nhu wɔn mmɔbɔ, nanso monyɛ ahwɛyie,* ɛfiri sɛ wɔde ɔhonam nnwuma+ asɛe wɔn ntaadeɛ mu. Enti monkyiri wɔn ntaadeɛ a nneɛma akeka mu no.
24 Afei deɛ ɔtumi bɔ mo ho ban sɛdeɛ ɛbɛyɛ a biribiara rento mo suntidua, na ama moayɛ nnipa a dɛm nni mo ho+ na mode anigyeɛ kɛseɛ agyina n’animuonyam anim no, 25 yɛn Agyenkwa Nyankopɔn koro no, ɔno na animuonyam, kɛseyɛ, tumi ne ahoɔden nka no mmerɛsanten ne nnɛ ne daa wɔ yɛn Awurade Yesu Kristo mu. Amen.