Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Adiyisɛm 22
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ

Deɛ woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

Adiyisɛm Nwoma No Mu Nsɛntitire

      • Nkwa nsuo asubɔnten (1-5)

      • Asɛm no awieeɛ (6-21)

        • ‘Bra! Bɛgye nkwa nsuo kwa’ (17)

        • “Awurade Yesu, bra” (20)

Adiyisɛm 22:1

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “ɔbɔfoɔ no kyerɛɛ.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Hes 47:1
  • +Yoh 1:29

Adiyisɛm 22:2

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Hes 47:12

Adiyisɛm 22:3

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “Onyankopɔn.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Adi 3:21

Adiyisɛm 22:4

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Mt 5:8
  • +Adi 14:1

Adiyisɛm 22:5

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Hwɛ Nkh. A5.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Adi 21:25
  • +Yes 60:19, 20; 1Yo 1:5
  • +Da 7:18; Adi 3:21

Adiyisɛm 22:6

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Hwɛ Nkh. A5.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Tit 1:2
  • +2Ti 3:16

Adiyisɛm 22:7

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Adi 16:15; 22:20
  • +Yoh 13:17; Adi 1:3

Adiyisɛm 22:9

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Mt 4:10; Aso 10:25, 26; Adi 19:10

Adiyisɛm 22:12

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Dw 62:12; Yes 40:10; Ro 2:6

Adiyisɛm 22:13

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “A ne Y.” Greek ntwerɛdeɛ no, Alfa na ɛdi kan na Omega na ɛtwa toɔ.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Yes 44:6; 48:12; Adi 1:8; 21:6

Adiyisɛm 22:14

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Yo 1:7
  • +Adi 2:7
  • +Adi 21:10, 12

Adiyisɛm 22:15

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Kyerɛ sɛ, wɔn a wɔyɛ nneɛma a ɛyɛ tan wɔ Onyankopɔn ani so.

  • *

    Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ, “Adwamammɔ.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ga 5:19-21; Efe 5:5; Adi 21:8

Adiyisɛm 22:16

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Yes 11:1, 10; 53:2; Yer 23:5; 33:15; Adi 5:5
  • +Nu 24:17; Adi 2:28

Adiyisɛm 22:17

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Adi 21:9
  • +Yoh 4:14
  • +Yes 55:1; Yoh 7:37; Adi 7:17; 21:6

Adiyisɛm 22:18

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 4:2; 12:32; Ga 1:8; 1Yo 4:3; 2Yo 9
  • +Adi 15:1

Adiyisɛm 22:19

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Adi 2:7
  • +Adi 21:2

Adiyisɛm 22:20

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Adi 3:11; 22:7

Bible Afoforɔ

Klike nkyekyɛmu bi so. Ɛbɛma woahunu asɛm korɔ no ara wɔ Bible afoforɔ mu.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So No Nyinaa

Adi. 22:1Hes 47:1
Adi. 22:1Yoh 1:29
Adi. 22:2Hes 47:12
Adi. 22:3Adi 3:21
Adi. 22:4Mt 5:8
Adi. 22:4Adi 14:1
Adi. 22:5Adi 21:25
Adi. 22:5Yes 60:19, 20; 1Yo 1:5
Adi. 22:5Da 7:18; Adi 3:21
Adi. 22:6Tit 1:2
Adi. 22:62Ti 3:16
Adi. 22:7Adi 16:15; 22:20
Adi. 22:7Yoh 13:17; Adi 1:3
Adi. 22:9Mt 4:10; Aso 10:25, 26; Adi 19:10
Adi. 22:12Dw 62:12; Yes 40:10; Ro 2:6
Adi. 22:13Yes 44:6; 48:12; Adi 1:8; 21:6
Adi. 22:141Yo 1:7
Adi. 22:14Adi 2:7
Adi. 22:14Adi 21:10, 12
Adi. 22:15Ga 5:19-21; Efe 5:5; Adi 21:8
Adi. 22:16Yes 11:1, 10; 53:2; Yer 23:5; 33:15; Adi 5:5
Adi. 22:16Nu 24:17; Adi 2:28
Adi. 22:17Adi 21:9
Adi. 22:17Yoh 4:14
Adi. 22:17Yes 55:1; Yoh 7:37; Adi 7:17; 21:6
Adi. 22:18De 4:2; 12:32; Ga 1:8; 1Yo 4:3; 2Yo 9
Adi. 22:18Adi 15:1
Adi. 22:19Adi 2:7
Adi. 22:19Adi 21:2
Adi. 22:20Adi 3:11; 22:7
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
  • Kenkan wɔ Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ (Asante) mu
  • 1
  • 2
  • 3
  • 4
  • 5
  • 6
  • 7
  • 8
  • 9
  • 10
  • 11
  • 12
  • 13
  • 14
  • 15
  • 16
  • 17
  • 18
  • 19
  • 20
  • 21
Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
Adiyisɛm 22:1-21

Yohane Adiyisɛm

22 Na ɔkyerɛɛ* me nkwa nsuo asubɔnten+ bi a ani teɛ te sɛ ahwehwɛboɔ. Ná ɛretene firi Onyankopɔn ne Adwammaa+ no ahennwa no mu; 2 ɛtene fa kuro no kwantempɔn mfimfini. Ná nkwa nnua sisi asubɔnten no afanu nyinaa, a ɛso aba mprɛ 12 afe biara; bosome biara, ɛso. Nnua no nhaban na wɔde sa amanaman no yareɛ.+

3 Nnome biara remma bio. Onyankopɔn ne Adwammaa no ahennwa+ bɛtena kuro no mu, na ne* nkoa bɛsom no; 4 na wɔbɛhu n’anim,+ na ne din bɛwɔ wɔn moma so.+ 5 Bio nso, anadwo bɛfiri hɔ,+ na wɔrenhia kanea anaa awia hann, ɛfiri sɛ Yehowa* Nyankopɔn bɛma hann ahyerɛn wɔn so,+ na wɔbɛdi hene daa daa.+

6 Ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Nsɛm yi yɛ nokorɛ,+ na ɛrenni hwammɔ; aane, Yehowa,* Onyankopɔn a ɔnam adiyifoɔ so kasaeɛ no,+ wasoma ne bɔfoɔ abɛka nneɛma a ɛsɛ sɛ ɛba ntɛm akyerɛ ne nkoa. 7 Hwɛ! mereba ntɛm.+ Anigyeɛ ne obiara a ɔdi nkɔmhyɛ asɛm a ɛwɔ nwoma mmobɔeɛ yi mu no so.”+

8 Me Yohane, me na metee weinom nyinaa na mehunuiɛ. Na berɛ a meteeɛ na mehunuiɛ no, mebutuu ɔbɔfoɔ a na ɔrekyerɛ me nneɛma yi nyinaa no nan ase sɛ meresom no. 9 Nanso ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Hwɛ yie! Nyɛ saa! Meyɛ akoa kɛkɛ te sɛ wo ne wo nuanom adiyifoɔ ne wɔn a wɔdi nsɛm a ɛwɔ nwoma mmobɔeɛ yi mu so no. Som Onyankopɔn.”+

10 Ɔsan ka kyerɛɛ me sɛ: “Nsɔ nkɔmhyɛ nsɛm a ɛwɔ nwoma mmobɔeɛ yi mu no ano, ɛfiri sɛ berɛ a wɔahyɛ no abɛn. 11 Deɛ ɔntene no, ma no nkɔ so nyɛ adeɛ a ɛntene; na deɛ ne ho agu fĩ no, ma no nkɔ so ngu ne ho fĩ; nanso ma ɔteneneeni nkɔ so nyɛ adetenenee, na ma deɛ ɔyɛ kronkron nkɔ so nyɛ kronkron.

12 “‘Hwɛ! mereba ntɛm; akatua a mede rebɛma no kura me, na mɛtua obiara ka sɛdeɛ n’adwuma teɛ.+ 13 Mene Alfa ne Omega,*+ ɔdikanfoɔ ne akyikafoɔ, mfitiaseɛ ne awieeɛ. 14 Anigyeɛ ne wɔn a wɔhoro wɔn ntaadeɛ,+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛnya kwan akɔ nkwa nnua+ no ho, na wɔanya kwan afa kuro no apono+ mu akɔ kuro no mu. 15 Kuro no akyi na nkraman* ne wɔn a wɔdi ahonhonsɛm ne adwamammɔfoɔ* ne awudifoɔ ne abosonsomfoɔ ne wɔn a wɔpɛ atorɔ na wɔdi atorɔ nyinaa wɔ.’+

16 “‘Me Yesu, na mesomaa me bɔfoɔ sɛ ɔmmɛdi weinom ho adanseɛ nkyerɛ mo sɛdeɛ ɛbɛboa asafo ahodoɔ no. Mene Dawid nhini ne n’aseni,+ ne adekyeeɛ nsoromma+ a ɛhyerɛn no.’”

17 Na honhom no ne ayeforɔ+ no kɔ so ka sɛ, “Bra!” na ma obiara a ɔteɛ no nka sɛ, “Bra!” na ma deɛ nsukɔm de no biara mmra;+ ma deɛ ɔpɛ biara mmɛgye nkwa nsuo kwa.+

18 “Obiara a ɔte nkɔmhyɛ nsɛm a ɛwɔ nwoma mmobɔeɛ yi mu no, medi no adanseɛ sɛ: Sɛ obi de biribi ka weinom ho+ a, Onyankopɔn de ɔhaw a wɔatwerɛ no nwoma mmobɔeɛ yi mu+ no bɛka ne ho; 19 na sɛ obi yi asɛm bi firi nkɔmhyɛ nwoma yi mu a, Onyankopɔn bɛyi ne kyɛfa afiri nkwa nnua+ no ne kuro kronkron+ no mu, deɛ wɔatwerɛ ho asɛm wɔ nwoma mmobɔeɛ yi mu no.

20 “Deɛ ɔdi weinom ho adanseɛ no ka sɛ, ‘Aane; mereba ntɛm.’”+

“Amen! Awurade Yesu, bra.”

21 Awurade Yesu adom nka akronkronfoɔ no.

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane