Mateo Twerɛtohɔ
4 Afei honhom no de Yesu kɔɔ serɛ so maa Ɔbonsam+ kɔsɔɔ no hwɛeɛ.+ 2 Berɛ a ɔkyenee kɔm* nnafua 40 awia ne anadwo wieeɛ no, ɛkɔm dee no. 3 Na Ɔsɔhwɛfoɔ+ no baa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ woyɛ Onyankopɔn ba a, kasa kyerɛ aboɔ yi ma ɛnnane paanoo.” 4 Nanso ɔbuaa no sɛ: “Wɔatwerɛ sɛ: ‘Ɛnyɛ paanoo nko ara na onipa nam so bɛtena ase, na mmom asɛm biara a ɛfiri Yehowa* anom+ nso.’”
5 Ɛnna Ɔbonsam de no kɔɔ kuro kronkron+ no mu, na ɔde no kɔgyinaa asɔredan no atifi,*+ 6 na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ woyɛ Onyankopɔn ba a, gyaa wo ho kɔhwe fam, ɛfiri sɛ wɔatwerɛ sɛ: ‘Wo nti ɔbɛsoma n’abɔfoɔ,’ na ‘Wɔbɛsoa wo wɔn nsa so, na woamfa wo nan ampem boɔ.’”+ 7 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Wɔatwerɛ nso sɛ: ‘Nsɔ Yehowa* wo Nyankopɔn nhwɛ.’”+
8 Ɔbonsam san de no kɔɔ bepɔ tenteenten bi so, na ɔkyerɛɛ no wiase ahennie nyinaa ne emu animuonyam.+ 9 Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ wobɔ wo mu ase baako pɛ som me a, mede weinom nyinaa bɛma wo.” 10 Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Firi me so kɔ, Satan! Wɔatwerɛ sɛ: ‘Yehowa* wo Nyankopɔn na ɛsɛ sɛ wokoto no,+ na ɔno nko ara na ɛsɛ sɛ wosom no.’”+ 11 Ɛnna Ɔbonsam gyaa no hɔ,+ na hwɛ! abɔfoɔ bae, na wɔfirii aseɛ som no.+
12 Afei berɛ a ɔtee sɛ wɔakye Yohane+ no, ɔfirii hɔ kɔɔ Galilea.+ 13 Bio nso, berɛ a ɔfirii Nasaret no, ɔbɛtenaa Kapernaum+ mpoano wɔ Sebulon ne Naftali mpɔtamu, 14 na ama deɛ wɔnam odiyifoɔ Yesaia so kaeɛ no aba mu sɛ: 15 “O Sebulon asaase ne Naftali asaase a ɛwɔ po kwan ho wɔ Yordan agya, amanaman Galilea! 16 Nnipa a wɔte sum mu hunuu hann+ kɛseɛ bi, na wɔn a wɔtete beaeɛ a owuo sunsum atɔ so no, hann puee wɔn so.”+ 17 Ɛfiri saa berɛ no, Yesu firii asɛnka ase, na ɔkaa sɛ: “Monsakra mo adwene, na ɔsoro Ahennie no abɛn.”+
18 Berɛ a ɔnam Galilea Po* no ho no, ɔhuu anuanom mmienu bi, Simon a wɔfrɛ no Petro+ ne ne nua Andrea. Ná wɔregu asau wɔ po no mu, ɛfiri sɛ na wɔyɛ mpataayifoɔ.+ 19 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mommɛdi m’akyi, na mɛma moayɛ nnipa yifoɔ.”+ 20 Ntɛm ara na wɔgyaa wɔn asau no hɔ, na wɔdii n’akyi.+ 21 Berɛ a ɔfirii hɔ a ɔrekɔ no, ɔhuu nnipa mmienu bi a wɔn nso wɔyɛ anuanom, Sebedeo ba Yakobo ne ne nua Yohane.+ Ná wɔne wɔn papa Sebedeo wɔ kodoɔ mu resiesie wɔn asau, na ɔfrɛɛ wɔn.+ 22 Ntɛm ara na wɔgyaa wɔn papa ne kodoɔ no hɔ, na wɔdii n’akyi.
23 Afei ɔkyinkyinii Galilea nyinaa,+ kyerɛkyerɛɛ wɔ wɔn hyia adan mu+ kaa Ahennie no ho asɛmpa. Na ɔsaa nyarewa ne ahoɔmmerɛ ahodoɔ a ɛwɔ nnipa no so nyinaa bi.+ 24 Na ne ho asɛm trɛ kɔɔ Siria nyinaa, na wɔde wɔn a nyarewa ne ɔhaw ahodoɔ ama wɔreteetee, wɔn a ahonhommɔne wɔ wɔn so,+ wɔn a wɔyare ɛtwirɛ,+ ne wɔn a wɔabubu nyinaa brɛɛ no,+ na ɔsaa wɔn yareɛ. 25 Enti nnipadɔm pii firi Galilea ne Dekapoli* ne Yerusalem ne Yudea ne Yordan agya dii n’akyi.