Luka Twerɛtohɔ
4 Ɛnna Yesu a honhom kronkron ahyɛ no ma no danee ne ho firii Yordan ho, na honhom no de no kɔɔ serɛ so+ 2 nnafua 40, na Ɔbonsam sɔɔ no hwɛe.+ Wanni hwee saa berɛ no, enti berɛ a nnafua 40 no baa awieeɛ no, na ɛkɔm de no. 3 Ɛnna Ɔbonsam ka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ woyɛ Onyankopɔn ba a, kasa kyerɛ ɛboɔ yi ma ɛnnane paanoo.” 4 Nanso Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Wɔatwerɛ sɛ, ‘Ɛnyɛ paanoo nko ara na onipa nam so bɛtena ase.’”+
5 Enti Ɔbonsam de Yesu kɔɔ bepɔ tenteenten bi so, na ɔkyerɛɛ no asaase so ahennie nyinaa prɛko.+ 6 Na Ɔbonsam ka kyerɛɛ no sɛ: “Mede tumi yi nyinaa ne ɛho animuonyam bɛma wo, ɛfiri sɛ wɔde ama me,+ na obiara a mepɛ no, mede ma no. 7 Enti sɛ wobɔ wo mu ase baako pɛ som me a, mede ne nyinaa bɛma wo.” 8 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Wɔatwerɛ sɛ, ‘Yehowa* wo Nyankopɔn na ɛsɛ sɛ wokoto no, na ɔno nko ara na ɛsɛ sɛ wosom no.’”+
9 Afei ɔde Yesu kɔɔ Yerusalem kɔgyinaa asɔredan no atifi,* na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ woyɛ Onyankopɔn ba a, gyaa wo ho firi ha kɔhwe fam,+ 10 ɛfiri sɛ wɔatwerɛ sɛ, ‘Wo nti ɔbɛsoma n’abɔfoɔ sɛ wɔmmɛbɔ wo ho ban,’ 11 na ‘Wɔbɛsoa wo wɔn nsa so, na woamfa wo nan ampem boɔ.’”+ 12 Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Wɔaka sɛ, ‘Nsɔ Yehowa* wo Nyankopɔn nhwɛ.’”+ 13 Enti berɛ a Ɔbonsam wiee sɔhwɛ no nyinaa no, ɔgyaa no hɔ kɔsii berɛ foforɔ a ɛfata.+
14 Na Yesu san kɔɔ Galilea,+ na na honhom no tumi ahyɛ no ma. Na ne ho asɛmpa trɛ kɔɔ nkuro a atwa hɔ ahyia no nyinaa mu. 15 Afei nso, ɔfirii aseɛ kyerɛkyerɛɛ wɔ wɔn hyia adan mu, na wɔn nyinaa kamfoo no.
16 Na ɔbaa Nasaret,+ baabi a wɔtetee no no. Na sɛdeɛ ɔtaa yɛ Homeda no, ɔkɔɔ hyiadan mu,+ na ɔsɔre gyinaa hɔ sɛ ɔrebɛkenkan adeɛ. 17 Enti wɔde odiyifoɔ Yesaia nwoma mmobɔeɛ no maa no, na ɔbuee nwoma mmobɔeɛ no mu, na ɔhuu baabi a wɔatwerɛ sɛ: 18 “Yehowa* honhom wɔ me so, ɛfiri sɛ wasra me sɛ memmɛka asɛmpa nkyerɛ ahiafoɔ. Wasoma me sɛ memmɛka ɔgyeɛ ho asɛm nkyerɛ wɔn a wɔakye wɔn, na memma anifirafoɔ nhunu adeɛ, na memma wɔn a wɔabubu mfa wɔn ho nni,+ 19 na menka Yehowa* adom berɛ* nkyerɛ nkurɔfoɔ.”+ 20 Na ɔbobɔɔ nwoma mmobɔeɛ no, na ɔsan de maa ɔsomfoɔ no, na ɔtenaa ase. Na wɔn a wɔwɔ hyiadan no mu nyinaa de wɔn ani hwɛɛ no dinn. 21 Ɛnna ɔfirii aseɛ ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɛnnɛ na twerɛsɛm yi a motee no seesei ara no aba mu.”+
22 Na wɔn nyinaa firii aseɛ dii ne ho adanse pa, na nsɛm a ɛka akoma a ɛfiri n’anom+ no maa wɔn ho dwirii wɔn. Na wɔkaa sɛ: “Ɛnyɛ Yosef ba nie?”+ 23 Ɛnna ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ampa, mobɛbu me bɛ yi sɛ: ‘Ɔyaresafoɔ, sa wo ho yareɛ. Nneɛma a yɛtee sɛ woyɛɛ no Kapernaum+ no, yɛ bi wɔ wo kurom ha nso.’” 24 Na ɔkaa sɛ: “Nokorɛ mese mo sɛ, odiyifoɔ biara nni hɔ a wɔgye no tom wɔ ne kurom.+ 25 Mereka nokorɛ akyerɛ mo: Elia berɛ so sei, berɛ a wɔtoo ɔsoro mu mfeɛ mmiɛnsa ne abosome nsia maa ɛkɔm kɛseɛ baa asaase no nyinaa so+ no, na akunafoɔ bebree wɔ Israel. 26 Nanso wɔansoma Elia ankɔ mmaa yi mu biara nkyɛn, gye okunafoɔ bi a ɔwɔ Sarefat, Sidon asaase so+ no. 27 Bio nso, odiyifoɔ Elisa berɛ so no, na akwatafoɔ bebree wɔ Israel; nanso wɔansa wɔn mu biara yareɛ,* gye Siriani Naaman.”+ 28 Berɛ a wɔn a wɔwɔ hyiadan no mu nyinaa tee saa nsɛm no, wɔn bo fui.+ 29 Ɛnna wɔsɔre piapiaa no firii kuro no mu, na wɔde no kɔɔ bepɔ a wɔn kuro no gu so no ano sɛ wɔrekɔsum no ahwe ama ne kɔn akɔwɔ hɔ. 30 Nanso ɔfaa wɔn mfimfini, na ɔtoaa so kɔɔ ne kwan.+
31 Na ɔsiane kɔɔ Kapernaum, Galilea kuro bi mu. Na ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn Homeda,+ 32 na ɛkwan a ɔfaa so kyerɛkyerɛeɛ no yɛɛ wɔn nwanwa,+ ɛfiri sɛ ɔde tumi na ɛkasaeɛ. 33 Ná ɔbarima bi wɔ hyiadan no mu a honhom fĩ wɔ ne so, na ɔteaam dendeenden sɛ:+ 34 “Adɛn! Nasaretni+ Yesu, deɛn na yɛne wo wɔ yɛ? Wobaa sɛ worebɛsɛe yɛn anaa? Menim onipa korɔ a woyɛ. Wone Ɔkronkronni a ɔfiri Onyankopɔn hɔ+ no.” 35 Ɛnna Yesu kaa n’anim sɛ: “Yɛ komm, na firi ne mu kɔ.” Enti honhom fĩ no maa ɔbarima no twa hwee wɔn mfimfini, na ɔfirii ne mu kɔe a wanyɛ no hwee. 36 Na ɛyɛɛ wɔn nyinaa nwanwa, na wɔfirii aseɛ keka kyerɛɛ wɔn ho sɛ: “Asɛm bɛn nie? Ɔde tumi ne ahoɔden hyɛ ahonhom fĩ ma wɔpue kɔ!” 37 Enti ne ho asɛm trɛ kɔɔ nkuro a ɛbembɛn hɔ no mu baabiara.
38 Berɛ a ɔfirii hyiadan no mu no, ɔkɔɔ Simon fie. Ná Simon asebaa yare atiridii a emu yɛ den, na wɔsrɛɛ no sɛ ɔnhwɛ no.+ 39 Enti ɔkɔgyinaa ne nkyɛn teateaa atiridii no, na ɛgyaee. Ɛhɔ ara na ɔbaa no sɔreeɛ, na ɔfirii aseɛ som wɔn.
40 Na berɛ a awia rekɔtɔ no, wɔn a wɔwɔ nkurɔfoɔ a nyarewa ahodoɔ ayɛ wɔn no de wɔn brɛɛ no. Na ɔde ne nsa guu wɔn mu biara so saa wɔn yareɛ.+ 41 Ahonhommɔne nso firii wɔn mu pii mu, na ahonhommɔne no teateaam sɛ: “Wone Onyankopɔn Ba no.”+ Nanso ɔkaa wɔn anim, na wamma wɔn kwan amma wɔankasa,+ ɛfiri sɛ na wɔnim sɛ ɔno ne Kristo no.+
42 Na adeɛ kyeeɛ no, ɔfirii hɔ kɔɔ baabi a ate ne ho.+ Nanso nnipadɔm no firii aseɛ hwehwɛɛ no, na wɔbaa baabi a ɔwɔ no. Na wɔyɛɛ sɛ wɔremma no mfiri wɔn nkyɛn nkɔ. 43 Nanso ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɛsɛ sɛ mekɔ nkuro foforɔ mu nso kɔka Onyankopɔn Ahennie ho asɛmpa no, ɛfiri sɛ wei nti na wɔsomaa me.”+ 44 Enti ɔtoaa so kaa asɛmpa no wɔ Yudea hyia adan mu.