Mateo Twerɛtohɔ
12 Saa berɛ no, Yesu kɔfaa hwiit* afuo mu Homeda. Ɛkɔm dee n’asuafoɔ no, na wɔfirii aseɛ tetee* hwiit mmɛtem no bi wee.+ 2 Berɛ a Farisifoɔ no huu wei no, wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Hwɛ! W’asuafoɔ no reyɛ biribi a mmara mma kwan sɛ wɔyɛ no Homeda.”+ 3 Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Deɛ Dawid yɛeɛ berɛ a ɛkɔm dee ɔne mmarima a wɔka ne ho no, monkenkanee?+ 4 Dawid kɔɔ Onyankopɔn fie, na ɔne ne mmarima no dii paanoo a wɔde ba Onyankopɔn anim no.*+ Ná mmara mma kwan sɛ ɔno anaa wɔn a wɔka ne ho no di bi, gye asɔfoɔ no nko ara.+ Saa asɛm no, monkenkanee? 5 Anaa monkenkanee wɔ Mmara no mu sɛ, ɛduru Homeda a, asɔfoɔ a wɔwɔ asɔrefie hɔ no bu Homeda no so nanso wɔnni fɔ?+ 6 Nso mereka akyerɛ mo sɛ, deɛ ɛso sene asɔrefie no wɔ ha.+ 7 Nanso asɛm a ɛne, ‘Mepɛ mmɔborɔhunu+ na ɛnyɛ afɔrebɔ’+ no, mohuu deɛ ɛkyerɛ a, anka moammu wɔn a wɔn ho nni asɛm no fɔ. 8 Ɛfiri sɛ Onipa Ba no ne Homeda Wura.”+
9 Berɛ a ɔfirii hɔ no, ɔkɔɔ wɔn hyiadan mu. 10 Na hwɛ! ná onipa bi wɔ hɔ a ne nsa awu!*+ Afei deɛ ɛbɛyɛ na wɔabɔ no soboɔ no, wɔbisaa no sɛ, “Mmara ma kwan sɛ wɔsa yareɛ Homeda?”+ 11 Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mo mu hwan na sɛ ɔwɔ odwan baako na ɔtɔ amena mu Homeda a, ɔrensɔ ne mu nyi no mfiri mu?+ 12 Onipa ho hia koraa* sene odwan! Enti mmara ma kwan sɛ wɔyɛ adepa Homeda.” 13 Ɛnna ɔka kyerɛɛ onipa no sɛ: “Tene wo nsa.” Na ɔtenee, na ɛsan yɛɛ yie te sɛ ne nsa baako no. 14 Nanso Farisifoɔ no pue kɔbɔɔ ne ho pɔ sɛ wɔbɛku no. 15 Berɛ a Yesu hunuu saa no, ɔfirii hɔ kɔe. Nnipa bebree nso dii n’akyi,+ na ɔsaa wɔn nyinaa yareɛ. 16 Nanso ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnhwɛ na wɔamma nkurɔfoɔ anhunu onipa korɔ a ɔyɛ,+ 17 na ama deɛ wɔnam odiyifoɔ Yesaia so kaeɛ no aba mu. Ɔkaa sɛ:
18 “Hwɛ! M’akoa+ a mayi no, deɛ medɔ no a magye no atom!*+ Mɛhwie me honhom agu ne so,+ na ɔbɛma amanaman no ahunu deɛ atɛntenenee kyerɛ pefee. 19 Ɔne obi renham,+ na ɔrenteateam, na obiara rente ne nne wɔ mmɔnten so. 20 Ɔremmu demmire* a abuka biara mu, na ɔrennum ntomaban a ɛrefiri wisie biara,+ kɔsi sɛ ɔbɛma atɛntenenee aba baabiara.* 21 Nokorɛm no, amanaman de wɔn ani bɛto ne din so.”+
22 Afei wɔde ɔbarima bi a ɔwɔ honhommɔne a ɔyɛ nifirani ne mum brɛɛ no, na ɔsaa no yareɛ maa ɔbarima a ɔyɛ mum no kasae, na ɔhunuu adeɛ. 23 Na nnipadɔm no nyinaa ho dwirii wɔn, na wɔfirii aseɛ kekaa sɛ: “Ɛnyɛ wei ne Dawid Ba no?” 24 Berɛ a Farisifoɔ no tee wei no, wɔkaa sɛ: “Ɛnyɛ hwee na saa damfo yi de tu ahonhommɔne sɛ Beelsebub,* ahonhommɔne panin no.”+ 25 Berɛ a ɔhuu wɔn adwene no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ahennie biara a ɛko tia ne ho no bɛsɛe, na kuro anaa efie biara a ɛko tia ne ho no rennyina. 26 Enti sɛ Satan tu Satan a, na ɔreko atia ne ho. Ɛnneɛ, ɛbɛyɛ dɛn na n’ahennie agyina? 27 Bio nso, sɛ mede Beelsebub na ɛtu ahonhommɔne a, mo mma* de hwan na ɛtu wɔn? Wei nti, wɔbɛbu mo atɛn. 28 Na sɛ mede Onyankopɔn honhom na ɛtu ahonhommɔne a, ɛnneɛ na mo ne Onyankopɔn Ahennie abɔ nsianho.+ 29 Anaa ɛbɛyɛ dɛn na obi atumi abɔ awura ɔhoɔdenfoɔ bi fie akɔgye ne nneɛma? Gye sɛ ɔdi kan kyekyere ɔhoɔdenfoɔ no ansa na watumi asesa nneɛma a ɛwɔ ne fie. 30 Obiara a ɔnni m’afã no, ɔsɔre tia me, na obiara a ɔne me mmoaboa ano no, ɔhwete.+
31 “Wei nti mereka akyerɛ mo sɛ, wɔde bɔne ne abususɛm biara bɛkyɛ nnipa, nanso abususɛm a ɛtia honhom no deɛ, wɔremfa nkyɛ.+ 32 Ebi ne sɛ, obiara a ɔbɛka asɛm bi atia onipa Ba no, wɔde bɛkyɛ no,+ nanso obiara a ɔbɛkasa atia honhom kronkron no, wɔremfa nkyɛ no; wɔremfa nkyɛ no wiase yi* mu anaa deɛ ɛreba no mu.+
33 “Sɛ mobɛma dua no ayɛ dua pa na n’aba ayɛ aba pa a, momma ɛnyɛ; sɛ nso mobɛma ayɛ dua bɔne na n’aba ayɛ aba bɔne a, momma ɛnyɛ, ɛfiri sɛ dua biara aba na wɔde hunu dua korɔ.+ 34 Nhuritia* mma,+ mobɛyɛ dɛn atumi aka nsɛm a ɛyɛ papa berɛ a moyɛ abɔnefoɔ? Ɛfiri sɛ deɛ ayɛ akoma mã no na ano ka.+ 35 Onipa pa yi adepa firi nneɛma pa a waboaboa ano mu ba, na onipa bɔne yi adebɔne firi nneɛma bɔne a waboaboa ano mu ba.+ 36 Mereka akyerɛ mo sɛ, asɛm biara a mfasoɔ nni so a nnipa ka no, wɔbɛbu ho akonta+ Atemmu Da no. 37 Ɛfiri sɛ mo nsɛm so na wɔnam bɛbu mo bem, na mo nsɛm so na wɔnam bɛbu mo fɔ.”
38 Ɛnna atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ binom ka kyerɛɛ no sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, yɛpɛ sɛ woyɛ sɛnkyerɛnne bi ma yɛhwɛ.”+ 39 Ɔmaa wɔn mmuaeɛ sɛ: “Awoɔ ntoatoasoɔ abɔnefoɔ ne awaresɛefoɔ* kɔ so hwehwɛ sɛnkyerɛnne, nanso wɔremma wɔn sɛnkyerɛnne biara, gye odiyifoɔ Yona sɛnkyerɛnne no.+ 40 Na sɛdeɛ Yona dii apataa kɛseɛ no yam nnansa, awia ne anadwo no,+ saa ara na onipa Ba no bɛdi asaase yam* nnansa, awia ne anadwo.+ 41 Nnipa a wɔwɔ Niniwe ne awoɔ ntoatoasoɔ yi bɛsɔre atemmuo berɛ mu, na wɔbɛbu awoɔ ntoatoasoɔ yi fɔ, ɛfiri sɛ asɛm a Yona kaeɛ no maa wɔsakrae.+ Nanso hwɛ! deɛ ɔsene Yona wɔ ha.+ 42 Wɔbɛnyane anaafoɔ fam hemmaa ne awoɔ ntoatoasoɔ yi aba atemmuo no mu, na ɔbɛbu wɔn fɔ, ɛfiri sɛ ɔfiri asaase ano bɛtiee Solomon nyansa.+ Nanso hwɛ! deɛ ɔsene Solomon wɔ ha.+
43 “Sɛ honhom fĩ bi firi obi mu a, ɔkɔfa asaase a ɛso awo so, na ɔhwehwɛ homebea, nanso ɔnnya bi.+ 44 Afei ɔka sɛ, ‘Mɛsan akɔ me fie a metu firii mu no mu’; sɛ ɔbɛduru hɔ a, ɔhunu sɛ obiara nni fie no mu,* na wɔaprapra mu asiesie mu kama. 45 Enti ɔkɔ kɔfa ahonhom nson foforɔ a wɔdi bɔne sene no ka ne ho, na wɔba mu bɛtena hɔ, na saa onipa no awieeɛ sɛe sene kane no.+ Saa ara na ɛbɛyɛ awoɔ ntoatoasoɔ abɔnefoɔ yi nso.”
46 Berɛ a ɔgu so rekasa akyerɛ nnipadɔm no, ne maame ne ne nua mmarima+ bɛgyinaa abɔnten hɔ, na na wɔpɛ sɛ wɔne no kasa.+ 47 Enti obi ka kyerɛɛ no sɛ: “Hwɛ! Wo maame ne wo nua mmarima gyina abɔnten, na wɔpɛ sɛ wɔne wo kasa.” 48 Ɛnna ɔka kyerɛɛ deɛ ɔkaa saa kyerɛɛ no no sɛ: “Hwan ne me maame, na hwannom ne me nua mmarima?” 49 Na ɔtenee ne nsa kyerɛɛ n’asuafoɔ no so kaa sɛ: “Hwɛ! Me maame ne me nua mmarima nie!+ 50 Na obiara a ɔyɛ deɛ m’Agya a ɔwɔ soro no pɛ no, ɔno na ɔyɛ me nuabarima ne me nuabaa ne me maame.”+