Luka Twerɛtohɔ
5 Berɛ bi, na Yesu gyina Genesaret tadeɛ*+ no ho, na na nnipadɔm akyere ne so retie Onyankopɔn asɛm. 2 Na ɔhuu kodoɔ mmienu sɛ ɛsisi tadeɛ no ho, nanso na mpataayifoɔ* no asisi afiri mu rehohoro wɔn asau mu.+ 3 Ɔkɔforoo kodoɔ no baako a ɛyɛ Simon dea, na ɔsrɛɛ no sɛ ɔmpia kodoɔ no mfiri asaase so nkɔ akyiri kakra. Afei ɔtenaa kodoɔ no mu, na ɔfirii aseɛ kyerɛkyerɛɛ nnipadɔm no. 4 Berɛ a ɔgyaee kasa no, ɔka kyerɛɛ Simon sɛ: “Pia kɔ baabi a emu dɔ, na mongu mo asau no mfa nyi nam.” 5 Ɛnna Simon ka kyerɛɛ no sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, yɛayɛ adwuma anadwo no nyinaa nso yɛannya hwee.+ Nanso deɛ woaka yi nti, mɛgu asau no.” 6 Na berɛ a wɔyɛɛ saa no, wɔyii mpataa pii. Nokwasɛm ne sɛ, wɔn asau no firii aseɛ tetee.+ 7 Enti wɔhim wɔn nsa kyerɛɛ wɔn mfɛfoɔ a wɔwɔ kodoɔ baako no mu sɛ wɔmmɛboa wɔn. Na wɔbae, na wɔde mpataa no hyɛɛ kodoɔ mmienu no nyinaa mama, na ɛfirii aseɛ sɛ ɛremem. 8 Berɛ a Simon Petro hunuu wei no, ɔkotoo Yesu nan ase kaa sɛ: “Awurade, firi me nkyɛn kɔ, na meyɛ ɔdebɔneyɛfoɔ.” 9 Ɔkaa saa, ɛfiri sɛ mpataa a wɔyiiɛ no maa ɔne wɔn a wɔka ne ho no nyinaa ho dwirii wɔn. 10 Sebedeo mma+ Yakobo ne Yohane, a wɔne Simon yɛ adwuma no nso ho dwirii wɔn. Nanso Yesu ka kyerɛɛ Simon sɛ: “Nsuro. Ɛfiri saa berɛ yi rekɔ no, wobɛyi nnipa.”+ 11 Enti wɔsan de akodoɔ no baa asaase so, na wɔgyaa biribiara hɔ kɔdii Yesu akyi.+
12 Berɛ foforɔ a ɔwɔ nkuro no baako mu no, hwɛ! ná ɔbarima bi wɔ hɔ a kwata ayɛ ne ho nyinaa!* Berɛ a ɔhuu Yesu no, ɔde n’anim butuu fam srɛɛ no sɛ: “Awurade, sɛ wopɛ a, wobɛtumi asa me yareɛ.”*+ 13 Enti ɔtenee ne nsa kaa no, na ɔkaa sɛ: “Mepɛ! Wo ho ntɔ wo.”* Na amonom hɔ ara, ne kwata no tu yerae.+ 14 Ɛnna ɔhyɛɛ ɔbarima no sɛ ɔnnka nnkyerɛ obiara. Ɔka kaa ho sɛ: “Mmom kɔ na fa wo ho kɔkyerɛ ɔsɔfoɔ no, na ɛsiane sɛ wo ho atɔ wo nti,* fa afɔrebɔdeɛ a Mose kyerɛeɛ no+ ma asɔfoɔ no, na ayɛ adanseɛ ama wɔn.”+ 15 Nanso Yesu ho asɛm trɛɛ pii, na nnipadɔm pii baa sɛ wɔrebɛtie no na wasa wɔn yareɛ.+ 16 Nso, ná ɔtaa kɔ baabi a ate ne ho kɔbɔ mpaeɛ.
17 Ɛda bi a na ɔrekyerɛkyerɛ no, na Farisifoɔ ne mmarakyerɛfoɔ a wɔfiri nkuraa a ɛwowɔ Galilea ne Yudea ne Yerusalem nyinaa ase aba no tete hɔ, na na Yehowa* tumi wɔ ne so a ɔde bɛsa yareɛ.+ 18 Na hwɛ! ná mmarima bi so obubuafoɔ bi a ɔda kɛtɛ so, na na wɔrehwehwɛ kwan a wɔbɛfa so de no abɛto Yesu anim.+ 19 Nnipadɔm no nti, wɔannya kwan amfa no amma mu. Enti wɔforo kɔɔ ɛdan no atifi, na wɔgyaagyaa ɔne kɛtɛ no mu faa dan no soro bɛtoo Yesu anim.* 20 Berɛ a Yesu huu wɔn gyidie no, ɔkaa sɛ: “Ɔbarima, wɔde wo bɔne akyɛ wo.”+ 21 Ɛnna atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ no firii aseɛ kekaa sɛ: “Hwan ne saa onipa yi a ɔreka abususɛm yi? Obiara nni hɔ a ɔbɛtumi de bɔne akyɛ, gye Onyankopɔn.”+ 22 Berɛ a Yesu huu wɔn adwene no, ɔbisaa wɔn sɛ: “Deɛn na moresusu ho wɔ mo akoma mu yi? 23 Deɛ ɛwɔ he na ɛyɛ mmerɛ, sɛ́ wɔbɛka sɛ: ‘Wɔde wo bɔne akyɛ wo,’ anaasɛ wɔbɛka sɛ: ‘Sɔre na nante’? 24 Nanso deɛ ɛbɛyɛ na moahunu sɛ onipa Ba no wɔ tumi wɔ asaase so sɛ ɔde bɔne kyɛ nti—” ɔka kyerɛɛ obubuafoɔ no sɛ: “Mese wo sɛ, sɔre, fa wo kɛtɛ, na kɔ wo fie.”+ 25 Ɛnna obubuafoɔ no sɔre gyinaa wɔn anim, na ɔfaa deɛ na ɔda so no. Afei ɔkɔɔ ne fie, na ɔrekɔ nyinaa, na ɔrehyɛ Onyankopɔn animuonyam. 26 Na ɛyɛɛ wɔn nyinaa nwanwa, na wɔfirii aseɛ hyɛɛ Onyankopɔn animuonyam. Ehu kaa wɔn maa wɔkaa sɛ: “Ɛnnɛ deɛ, yɛahunu anwanwadeɛ!”
27 Wei akyi no, ɔpue kɔhuu obi a ɔgyegye toɔ a wɔfrɛ no Lewi sɛ ɔte baabi a wɔgyegye toɔ, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Bɛdi m’akyi.”+ 28 Ɛnna ɔgyaa biribiara hɔ, na ɔsɔre dii n’akyi. 29 Afei nso, Lewi too pono kɛseɛ bi wɔ ne fie maa no, na na wɔn a wɔgyegye toɔ no bebree ne nnipa foforɔ ka wɔn ho ne wɔn redidi.*+ 30 Enti Farisifoɔ ne wɔn atwerɛfoɔ no firii aseɛ nwiinwii kyerɛɛ n’asuafoɔ no sɛ: “Adɛn nti na mo ne wɔn a wɔgyegye toɔ ne nnebɔneyɛfoɔ didi na monom?”+ 31 Yesu buaa wɔn sɛ: “Wɔn a wɔte apɔ no nhia ɔyaresafoɔ; wɔn a wɔyare mmom na wɔhia.+ 32 Mamma sɛ merebɛfrɛ ateneneefoɔ. Mmom mebaa sɛ merebɛfrɛ nnebɔneyɛfoɔ sɛ wɔnsakra wɔn adwene.”+
33 Wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Yohane asuafoɔ no taa yɛ akɔnkyene,* na wɔbɔ mpaeɛ, na Farisifoɔ asuafoɔ nso yɛ saa ara, nanso w’asuafoɔ deɛ, wɔdidi, na wɔnom.”+ 34 Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Berɛ a ayeforɔkunu no wɔ ne nnamfonom nkyɛn yi, mobɛtumi ama ne nnamfonom no ayɛ akɔnkyene anaa? 35 Berɛ bi bɛba a wɔbɛfa ayeforɔkunu+ no afiri wɔn nkyɛn, saa berɛ no na wɔbɛyɛ akɔnkyene.”+
36 Afei, ɔmaa wɔn mfatoho bi sɛ: “Obiara nni hɔ a ɔbɛtwa ntoma foforɔ de atare ataadeɛ dada mu. Sɛ ɔyɛ saa a, ataadeɛ foforɔ no bɛte, na foforɔ no bɛyɛ soronko wɔ dada no ho.+ 37 Bio nso, obiara nni hɔ a ɔde bobesa foforɔ gu nsã kotokuo dada mu. Sɛ ɔyɛ saa a, bobesa foforɔ no bɛpae nsã kotokuo no ama bobesa no ahwie agu, na nsã kotokuo no bɛsɛe. 38 Mmom ɛsɛ sɛ wɔde bobesa foforɔ gu nsã* kotokuo foforɔ mu. 39 Obiara a wanom bobesa dada no mpɛ bobesa foforɔ, ɛfiri sɛ ɔka sɛ, ‘Dada no na ɛyɛ.’”