Luka Twerɛtohɔ
12 Saa berɛ no ara, na nnipa mpempem pii, ɛdɔm kɛseɛ bi, aboaboa wɔn ho ano, na na wɔnnya baabi mpo ntu wɔn nan nsi. Berɛ a ɔrefiri aseɛ akasa no, ɔdii kan ka kyerɛɛ n’asuafoɔ no sɛ: “Monhwɛ yie wɔ Farisifoɔ mmɔka,* kyerɛ sɛ, wɔn nyaatwom no ho.+ 2 Na biribiara nni hɔ a wɔde asie fee a ɛrenna adi, na ahintasɛm biara nni hɔ a ɛrempue.+ 3 Enti biribiara a moka no wɔ sum mu no, wɔbɛte no wɔ hann mu, na deɛ moka gu nkurɔfoɔ asom wɔ pia mu no, wɔbɛpae mu aka no adan atifi. 4 Bio nso, me nnamfonom,+ mereka akyerɛ mo sɛ, monnsuro wɔn a wɔkum nipadua, a ɛno akyi no wɔntumi nyɛ hwee bio no.+ 5 Na mmom mɛkyerɛ mo deɛ monsuro no: Monsuro Deɛ ɔkum wie a, ɔwɔ tumi sɛ ɔbɛto ato Gehenna.*+ Aane, mereka akyerɛ mo sɛ, Wei na monsuro no.+ 6 Wɔtɔn nkasanoma nnum gye nkaprɛ mmienu,* ɛnte saa? Nanso wɔn mu baako mpo nni hɔ a Onyankopɔn werɛ fi no.*+ 7 Na mo tiri nwi mpo, wakan ne nyinaa.+ Monnsuro; mo ho hia sene nkasanoma bebree.+
8 “Mereka akyerɛ mo sɛ, obiara a ɔbɔ me din wɔ nnipa anim no,+ onipa Ba no nso bɛbɔ ne din wɔ Onyankopɔn abɔfoɔ anim.+ 9 Na obiara a ɔpo me wɔ nnipa anim no, mɛpo no wɔ Onyankopɔn abɔfoɔ anim.+ 10 Obiara a ɔbɛka asɛm bi atia onipa Ba no, wɔde bɛkyɛ no, na deɛ ɔbɛka abususɛm atia honhom kronkron no deɛ, wɔremfa nkyɛ no.+ 11 Na sɛ wɔde mo kɔ badwafoɔ* ne aban mpanimfoɔ ne atumfoɔ anim a, monnnwennwene sɛdeɛ mobɛyi mo ano anaa deɛ mobɛka ho,+ 12 na saa berɛ no ara, honhom kronkron bɛkyerɛ mo deɛ ɛsɛ sɛ moka.”+
13 Ɛnna obi firi nnipadɔm no mu ka kyerɛɛ no sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, ka kyerɛ me nua na ɔne me nkyɛ agyapadeɛ* no.” 14 Ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Damfo, hwan na ɔyii me sɛ menyɛ mo temmufoɔ anaa obi a ɔbɛsiesie mo ntam?” 15 Afei ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Momma mo ani nna hɔ na monhwɛ yie wɔ adufudepɛ* biara ho,+ ɛfiri sɛ sɛ onipa nya agyapadeɛ ma ɛbu so mpo a, ɛnyɛ nneɛma a ɔwɔ no na ɛbɛma wanya nkwa.”+ 16 Ɛno nti, ɔkaa mfatoho bi kyerɛɛ wɔn sɛ: “Osikani bi asaase soo aba pii. 17 Enti ɔsusuu wɔ n’akoma mu sɛ, ‘Deɛn na menyɛ? Seesei menni baabiara a mɛboaboa me nnɔbaeɛ ano agu.’ 18 Na ɔkaa sɛ, ‘Deɛ mɛyɛ nie:+ Mɛdwirii m’adekoradan na masisi akɛseɛ, na ɛhɔ na mɛboaboa me hwiit* ne me nneɛma pa nyinaa ano agu, 19 na mɛka akyerɛ me ho* sɛ: “Wowɔ* nneɛma pa pii a ɛbɛso wo mfeɛ pii; dwodwo wo ho, didi, nom, gye w’ani.”’ 20 Nanso Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ, ‘Kwasea, anadwo yi wɔregye wo nkwa* afiri wo nsam. Afei, hwan na nneɛma a wode asie no bɛyɛ ne dea?’+ 21 Saa ara na onipa a ɔhyehyɛ agyapadeɛ ma ne ho, na ɔnyɛ ɔdefoɔ wɔ Onyankopɔn fam no teɛ.”+
22 Afei ɔka kyerɛɛ n’asuafoɔ no sɛ: “Wei nti, mereka akyerɛ mo sɛ, monnyae sɛ modwendwene mo nkwa* ho sɛ deɛn na mobɛdie anaa mo nipadua ho sɛ deɛn na mobɛhyɛ.+ 23 Ɛfiri sɛ nkwa* som bo sene aduane, na nipadua sene ataadeɛ. 24 Monhwɛ nkwaakwaadabi: Wɔngu aba, na wɔntwa nnɔbaeɛ; wɔnni adekoradan anaa baabi a wɔde aduane gu, nanso Onyankopɔn ma wɔn aduane.+ Mo ho nhia pii nsene nnomaa anaa?+ 25 Mo mu hwan na sɛ ɔdwendwene a ɔbɛtumi de basafa* baako aka ne nkwa nna ho? 26 Enti sɛ montumi nyɛ ade ketewa sei a, ɛnneɛ adɛn nti na modwendwene nneɛma a aka no ho?+ 27 Monhwɛ sɛdeɛ nhwiren* nyini: Ɛnyɛ adwuma, na ɛnnwene ntoma; nanso mereka akyerɛ mo sɛ, Solomon mpo, n’animuonyam nyinaa akyi no, wansiesie ne ho sɛ nhwiren yi mu baako.+ 28 Sɛ Onyankopɔn hyɛ wuram afifideɛ a ɛwɔ hɔ nnɛ na ɔkyena wɔde agu gya mu no ataadeɛ a, hwɛ sɛdeɛ ɔbɛhyɛ mo ataadeɛ aboro so, mo a mo gyidie sua! 29 Enti monnyae sɛ mohwehwɛ* deɛ mobɛdi ne deɛ mobɛnom, na monnyae sɛ modwendwene ma mo ani yɛ mo totɔtotɔ;+ 30 ɛfiri sɛ weinom nyinaa ne nneɛma a aman a ɛwɔ wiase no di akyire dendeenden, na mo Agya nim sɛ mohia saa nneɛma yi.+ 31 Mmom, monkɔ so nhwehwɛ n’Ahennie, na wɔde saa nneɛma yi bɛka ho ama mo.+
32 “Nnwankuo ketewa,+ monnsuro, ɛfiri sɛ mo Agya no apene so sɛ ɔde Ahennie no bɛma mo.+ 33 Montɔn nneɛma a mowɔ na monyɛ adɔeɛ.*+ Monyɛ sika nkotokuo a ɛnsɛe, kyerɛ sɛ, agyapadeɛ a ɛnsa da wɔ soro,+ baabi a korɔmfoɔ biara rentumi mmɛn hɔ na nweweboaa biara nsɛe no. 34 Ɛfiri sɛ baabi a mo agyapadeɛ wɔ no, ɛhɔ na mo akoma nso wɔ.
35 “Momfa mo adwuma ataadeɛ nhyɛ,* na monyɛ krado,+ na momma mo kanea nnɛre,+ 36 na monyɛ sɛ mmarima a wɔretwɛn wɔn wura+ a ɔrekɔware,+ na sɛ ɔbɛduru na ɔbom a, wɔabue no ntɛm ara. 37 Anigyeɛ ne nkoa a wɔn wura no bɛba abɛhunu sɛ wɔrewɛn! Nokorɛm mereka akyerɛ mo sɛ, owura no bɛhyɛ adwuma ataadeɛ,* na wama ne nkoa no atenatena didipono ho, na waba abɛsom wɔn. 38 Sɛ owura no ba bɛduru anadwo,* anaasɛ dasuom* mpo, na ɔba bɛhunu sɛ wɔayɛ krado a, wɔn ani bɛgye! 39 Na monhunu wei: Sɛ efiewura nim berɛ pɔtee a korɔmfoɔ bɛba a, anka ɔbɛwɛn na korɔmfoɔ no ammɛbu ne fie amma mu.+ 40 Mo nso, monyɛ krado, ɛfiri sɛ berɛ a mo ani nna no, saa berɛ no na onipa Ba no bɛba.”+
41 Ɛnna Petro bisaa no sɛ: “Awurade, wode mfatoho yi rema yɛn nko ara, anaa obiara nso ka ho?” 42 Na Awurade kaa sɛ: “Hwan koraa ne efiehwɛfoɔ nokwafoɔ no, ɔbadwemma* a ne wura de no bɛsi n’asomfoɔ* so sɛ ɔnkɔ so mma wɔn aduane a wɔhia wɔ berɛ a ɛsɛ mu no?+ 43 Anigyeɛ ne akoa a ne wura bɛba abɛhu no sɛ ɔreyɛ saa! 44 Nokorɛm mereka akyerɛ mo sɛ, ɔde no bɛsi deɛ ɔwɔ nyinaa so. 45 Nanso sɛ saa akoa no ka no n’akoma mu sɛ, ‘Me wura akyɛ,’ na ɔfiri aseɛ hwe nkoa* no, na ɔdidi, na ɔnom nsã na ɔboro a,+ 46 saa akoa no wura bɛba ɛda a ɔnhwɛ no kwan ne berɛ a ɔnnim, na ɔbɛtwe n’aso dendeenden, na ɔde no aka wɔn a wɔnni nokorɛ no ho. 47 Enti akoa a ɔnim deɛ ne wura pɛ, nanso wanyɛ krado anaa wanyɛ no sɛdeɛ ne wura pɛ no, wɔbɛtwa no mmaa pii.+ 48 Na deɛ ɔnnim a ɔyɛɛ nneɛma a ɛsɛ sɛ wɔhwe no no, wɔbɛhwe no kakraa bi. Nokwasɛm ne sɛ, obiara a wɔama no pii no, wɔbɛbisa pii afiri ne hɔ, na deɛ wɔde pii ahyɛ ne nsa no, wɔbɛhwehwɛ deɛ ɛboro so afiri ne nkyɛn.+
49 “Meba bɛsɔɔ gya wɔ asaase so, na sɛ asɔ dada a, deɛn bio na merepɛ? 50 Deɛ ɛwom ne sɛ, asubɔ bi da hɔ retwɛn me, na me ho yera me paa kɔsi sɛ wɔbɛbɔ me saa asu no awie!+ 51 Ɛyɛ mo sɛ asomdwoeɛ na mede baa asaase so anaa? Daabi. Mereka nokorɛ akyerɛ mo, mpaapaemu mmom na mede baeɛ.+ 52 Na ɛfiri saa berɛ yi rekɔ no, mpaapaemu bɛba nnipa nnum ntam wɔ efie baako mu; mmiɛnsa bɛsɔre atia mmienu, na mmienu asɔre atia mmiɛnsa. 53 Wɔn mu bɛpaapae: Papa bɛsɔre atia ne babarima, na ɔbabarima asɔre atia ne papa, maame bɛsɔre atia ne babaa, na ɔbabaa asɔre atia ne maame, asebaa bɛsɔre atia n’ase, na asew asɔre atia n’asebaa.”+
54 Afei ɔka kyerɛɛ nnipadɔm no nso sɛ: “Sɛ mohunu sɛ mununkum apue wɔ atɔeɛ fam a, moka ntɛm ara sɛ, ‘Nsuo kɛseɛ bi rebɛtɔ,’ na ɛba saa nso. 55 Na sɛ mohunu sɛ anaafoɔ fam mframa rebɔ a, moka sɛ, ‘Ahuhuro bɛba,’ na ɛba mu saa. 56 Nyaatwomfoɔ, motumi hwɛ wiem ne asaase so hunu deɛ ɛbɛsi. Ɛnneɛ adɛn nti na montumi nhwɛ berɛ a yɛwom yi nhunu deɛ ɛreba?+ 57 Adɛn nti na montumi nhunu deɛ ɛfata sɛ moyɛ? 58 Fa no sɛ wo ne obi wɔ asɛm, ɛnna morekɔ otumfoɔ bi anim akɔdi asɛm no. Berɛ a monam kwan so rekɔ no, yere wo ho na siesie wo ne no ntam, na wantwe wo ankɔ ɔtemmufoɔ anim, na ɔtemmufoɔ no amfa wo anhyɛ asɛnnibea krakye no nsa, na asɛnnibea krakye no nso amfa wo ankɔto afiase.+ 59 Meka kyerɛ wo sɛ, woremfiri hɔ kɔsi sɛ wobɛtua ɛka a wode no nyinaa; ɛrenka wo kaprɛ ba* mpo.”