Luka Twerɛtohɔ
13 Saa berɛ no, nnipa bi a ɛwɔ hɔ kaa sɛdeɛ Pilato de Galileafoɔ bi mogya fraa wɔn afɔreɛ mu no ho asɛm kyerɛɛ Yesu. 2 Ɛnna ɔbisaa wɔn sɛ: “Amane a saa Galileafoɔ yi hunuiɛ nti, mo adwene yɛ mo sɛ wɔyɛ abɔnefoɔ sene Galileafoɔ a aka nyinaa anaa? 3 Daabi, ɛnte saa. Sɛ moansakra a, saa ara na mo nso wɔbɛsɛe mo nyinaa.+ 4 Anaa nnipa 18 a Siloam abantenten no bu guu wɔn so kunkum wɔn no, mosusu sɛ na wɔyɛ abɔnefoɔ sene nnipa a ɛtete Yerusalem nyinaa? 5 Daabi, ɛnte saa. Sɛ moansakra a, mo nyinaa mobɛwuwu te sɛ wɔn ara.”
6 Na ɔtoaa so maa mfatoho yi: “Ná ɔbarima bi wɔ borɔdɔma dua si ne bobefuo* mu, na ɔba bɛhwɛɛ sɛ ɔbɛnya aba wɔ so anaa, nanso wannya bi.+ 7 Enti ɔka kyerɛɛ deɛ ɔhwɛ bobefuo no so no sɛ, ‘Mfeɛ mmiɛnsa nie, maba ha aba aba ara sɛ anka mɛnya aba wɔ borɔdɔma dua yi so, nanso mannya bi. Twa twene! Adɛn nti na ɛsɛ sɛ ɛgye asaase no bɔ so?’ 8 Ɛnna deɛ ɔhwɛ bobefuo no so no kaa sɛ, ‘Owura, ma no nsi hɔ afe baako nka ho, kɔsi sɛ mɛtutu ho na mede ɔyɛ-asaase-yie agu aseɛ. 9 Sɛ ɛso aba daakye a, asɛmpa; sɛ anso a, ɛnneɛ twa twene.’”+
10 Ɛbaa sɛ na ɔrekyerɛkyerɛ wɔ hyiadan bi mu Homeda. 11 Na hwɛ! ná ɔbaa bi wɔ hɔ a honhommɔne* bi ama wayare mfeɛ 18. Ná ne mu akuntunu, na na ɔntumi ntene ne mu koraa. 12 Berɛ a Yesu huu no no, ɔfrɛɛ no, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Ɔbaa, mayi wo afiri w’ahoɔmmerɛ no mu.”+ 13 Ɛnna Yesu de ne nsa guu ne so, na amonom hɔ ara ne mu tenee, na ɔfirii aseɛ hyɛɛ Onyankopɔn animuonyam. 14 Nanso hyiadan mu panin no bo fuu sɛ Yesu asa yareɛ Homeda no. Enti ɔka kyerɛɛ nnipadɔm no sɛ: “Nnansia wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ yɛyɛ adwuma.+ Saa nna no na ɛsɛ sɛ moba ma ɔsa mo yareɛ, na ɛnyɛ Homeda.”+ 15 Nanso, Awurade ka kyerɛɛ no sɛ: “Nyaatwomfoɔ,+ ɛduru Homeda a, mo mu biara sane ne nantwie anaa n’afunumu firi buo mu de no kɔ kɔma no nsuo nom,+ meboa? 16 Ɛnneɛ, ɔbaa yi a ɔyɛ Abraham babaa a Satan akyekyere no mfeɛ 18 yi, ɛmfata sɛ wɔsane no firi nkɔnsɔnkɔnsɔn yi mu Homeda anaa?” 17 Berɛ a ɔkaa weinom no, n’atamfo no nyinaa ani wui, na nnipadɔm no nyinaa firii aseɛ dii ahurisie wɔ nneɛma akɛseɛ* a ɔyɛeɛ no nyinaa ho.+
18 Ɛnna ɔtoaa so kaa sɛ: “Onyankopɔn Ahennie te sɛn, na deɛn ho na mede bɛtoto? 19 Ɛte sɛ sinapi aba a obi fa kɔduaa ne turo mu. Ɛnyinii, na ɛbɛyɛɛ dua, na wiem nnomaa bɛtenaa ne mman so.”+
20 Na ɔkaa bio sɛ: “Deɛn ho na mede Onyankopɔn Ahennie bɛtoto? 21 Ɛte sɛ mmɔka* a ɔbaa bi fa de fraa esiam susukuruwa akɛseɛ* mmiɛnsa mu kɔsii sɛ ne nyinaa mu kaeɛ.”+
22 Na ɔtutuu akwan kɔɔ nkuro mu ne nkuraa ase kɔkyerɛkyerɛe, na ɔtoaa n’akwantuo no so kɔɔ Yerusalem. 23 Afei ɔbarima bi bisaa no sɛ: “Awurade, wɔn a wɔbɛgye wɔn no yɛ kakra bi anaa?” Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: 24 “Monyere mo ho dendeenden mfa ɛpono teatea no mu,+ ɛfiri sɛ mereka akyerɛ mo sɛ, nnipa pii bɛpɛ sɛ wɔfa mu nanso wɔrentumi. 25 Na sɛ efiewura no sɔre na ɔto pono no mu a, mobɛgyina abɔnten abɔ pono no mu aka sɛ, ‘Owura, bue yɛn.’+ Nanso ɔbɛka akyerɛ mo sɛ: ‘Mennim baabi a mofire.’ 26 Na mobɛfiri aseɛ aka sɛ, ‘Yɛdidii na yɛnomee wɔ w’anim, na wokyerɛkyerɛɛ wɔ yɛn mmɔnten so.’+ 27 Nanso ɔbɛka akyerɛ mo sɛ, ‘Mennim baabi a mofire. Momfiri me so nkɔ, mo a moyɛ deɛ ɛntene nyinaa!’ 28 Ɛhɔ na mobɛsu na moaka mo se asi so dendeenden,* ɛfiri sɛ mobɛhu Abraham ne Isak ne Yakob ne adiyifoɔ no nyinaa wɔ Onyankopɔn Ahennie mu, nanso mo deɛ, wɔbɛpamo mo akɔ abɔnten.+ 29 Bio nso, nkurɔfoɔ bɛfiri apueeɛ ne atɔeɛ, atifi ne anaafoɔ aba, na wɔbɛtenatena pono ho adidi wɔ Onyankopɔn Ahennie mu. 30 Na hwɛ! wɔn a wɔaka akyire no bi bɛba abɛdi kan, na wɔn a wɔdi kan no bi aka akyire.”+
31 Saa berɛ no ara, Farisifoɔ bi ba bɛka kyerɛɛ no sɛ: “Firi ha kɔ, ɛfiri sɛ Herode pɛ sɛ ɔku wo.” 32 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monkɔka nkyerɛ saa sakraman* no sɛ, ‘Hwɛ! meretu ahonhommɔne na masa yareɛ nnɛ ne ɔkyena, na da a ɛtɔ so mmiɛnsa no, na mawie.’ 33 Nanso, ɛsɛ sɛ mesi kwan so nnɛ ne ɔkyena ne n’adekyeeɛ, ɛfiri sɛ ɛrentumi mma sɛ wɔbɛkum odiyifoɔ wɔ baabiara, gye Yerusalem.+ 34 Yerusalem, Yerusalem, wo a wokum adiyifoɔ, na wosii wɔn a wɔsomaa wɔn baa wo nkyɛn no aboɔ!+ Mayɛ biara sɛ mɛboaboa wo mma ano, sɛdeɛ akokɔbaatan boaboa ne mma ano ne ntaban ase no! Nanso moampɛ.+ 35 Hwɛ! Wɔagya mo fie ama mo.+ Mereka akyerɛ mo sɛ, morenhu me bio kɔsi sɛ mobɛka sɛ: ‘Nhyira ne deɛ ɔba wɔ Yehowa* din mu!’”+