Marko Twerɛtohɔ
10 Berɛ a ɔfirii hɔ no, ɔsɔre baa Yudea ahyeɛ so wɔ Yordan agya, na nnipadɔm san boaboaa wɔn ho ano baa ne nkyɛn. Na sɛdeɛ ɔtaa yɛ no, ɔfirii aseɛ kyerɛkyerɛɛ wɔn.+ 2 Ɛnna Farisifoɔ baa ne nkyɛn, na na wɔn adwene ne sɛ wɔrebɛsɔ no ahwɛ. Enti wɔbisaa no sɛ mmara ma kwan sɛ ɔbarima bɛgyaa ne yere anaa.+ 3 Ɔbuaa wɔn sɛ: “Deɛn na Mose ka kyerɛɛ mo sɛ monyɛ?” 4 Wɔkaa sɛ: “Mose maa kwan sɛ wɔtumi twerɛ awaregyaeɛ krataa de gyaa ɔbaa no.”+ 5 Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mo akomaden+ nti na ɔtwerɛɛ saa mmara yi maa mo.+ 6 Nanso ɛfiri adebɔ mfitiaseɛ no, ‘Ɔyɛɛ wɔn ɔbarima ne ɔbaa.+ 7 Wei nti na ɔbarima bɛgya ne papa ne ne maame hɔ,+ 8 na wɔn mmienu no ayɛ honam korɔ’;+ ɛno nti wɔnyɛ mmienu bio, na mmom wɔyɛ honam korɔ. 9 Enti deɛ Onyankopɔn aka abom no, mma onipa biara nntete mu.”+ 10 Berɛ foforɔ a na wɔwɔ fie no, n’asuafoɔ no firii aseɛ bisaa no wei ho asɛm. 11 Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Sɛ obi gyaa ne yere, na ɔsan ware foforɔ a, wasɛe awareɛ,+ na wayɛ ɔbaa no bɔne. 12 Na sɛ ɔbaa gyaa ne kunu na ɛno akyi ɔware foforɔ a, wasɛe awareɛ.”+
13 Afei nkurɔfoɔ firii aseɛ de mmɔfra nkumaa brɛɛ no sɛ ɔmfa ne nsa nka wɔn,* nanso asuafoɔ no kaa wɔn anim.+ 14 Berɛ a Yesu huu wei no, anyɛ no dɛ koraa, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Momma mmɔfra nkumaa no mmra me nkyɛn; na monnsi wɔn kwan, ɛfiri sɛ wɔn a wɔte saa na Onyankopɔn Ahennie no yɛ wɔn dea.+ 15 Nokorɛm mereka akyerɛ mo sɛ, obiara a ɔnnye Onyankopɔn Ahennie te sɛ abɔfra kumaa no, ɔrenkɔ mu da.”+ 16 Na ɔyɛɛ mmɔfra no atuu, na ɔde ne nsa guu wɔn so hyiraa wɔn.+
17 Na berɛ a ɔsii kwan so a ɔrekɔ no, ɔbarima bi tuu mmirika bɛbuu nkotodwe wɔ n’anim bisaa no sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ Pa, ɛdeɛn na menyɛ na manya daa nkwa?”+ 18 Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Adɛn nti na wofrɛ me papa? Obiara nyɛ papa gye baako pɛ; ɔno ne Onyankopɔn.+ 19 Wonim mmara no: ‘Nni awu,+ nsɛe awareɛ,+ mmɔ korɔno,+ nni adanseɛ a ɛnyɛ nokorɛ,*+ nsisi obiara,+ di wo papa ne wo maame ni.’”+ 20 Ɔbarima no ka kyerɛɛ no sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, madi weinom nyinaa so firi me mmɔfraase.” 21 Yesu hwɛɛ no, na ɔdɔɔ no, na ɔkaa sɛ: “Aka wo adeɛ baako: Kɔ na kɔtɔn deɛ wowɔ, na fa ma ahiafoɔ, na wobɛnya agyapadeɛ wɔ soro; na bra bɛdi m’akyi.”+ 22 Na asɛm no haa no, na ɔde awerɛhoɔ kɔe, ɛfiri sɛ na ɔwɔ agyapadeɛ bebree.+
23 Ɛnna Yesu too n’ani hwɛɛ nnipa a wɔwɔ hɔ no, na ɔka kyerɛɛ n’asuafoɔ no sɛ: “Ɛbɛyɛ den paa ama asikafoɔ sɛ wɔbɛkɔ Onyankopɔn Ahennie mu.”+ 24 Na ne nsɛm no yɛɛ asuafoɔ no nwanwa. Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mma, monhwɛ sɛdeɛ ɛyɛ den sɛ obi bɛkɔ Onyankopɔn Ahennie mu! 25 Ɛyɛ mmerɛ sɛ yoma bɛfa paneɛ aniwa mu sene sɛ sikani bɛkɔ Onyankopɔn Ahennie mu.”+ 26 Wɔn ho dwirii wɔn mpo senee kane no, na wɔbisaa no* sɛ: “Ɛnneɛ, hwan paa na wɔbɛtumi agye no nkwa?”+ 27 Yesu hwɛɛ wɔn anim, na ɔkaa sɛ: “Nnipa fam deɛ, ɛrentumi nyɛ yie, nanso ɛnte saa wɔ Onyankopɔn fam, ɛfiri sɛ Onyankopɔn fam deɛ, adeɛ nyinaa bɛtumi ayɛ yie.”+ 28 Petro firii aseɛ ka kyerɛɛ no sɛ: “Hwɛ! Yɛagya nneɛma nyinaa hɔ abɛdi w’akyi.”+ 29 Yesu kaa sɛ: “Nokorɛm mereka akyerɛ mo sɛ, obiara nni hɔ a wagya ɛdan anaa nua mmarima anaa nua mmaa anaa maame anaa papa anaa mma anaa nsaase, me ne asɛmpa no nti,+ 30 a ɔrennya no mmɔho 100 saa berɛ yi. Ɔbɛnya adan ne nua mmarima ne nua mmaa ne maamenom ne mma ne nsaase, na wɔbɛtan n’ani+ aka ho, na wanya daa nkwa wɔ wiase* a ɛreba no mu. 31 Nanso adikanfoɔ pii bɛka akyire, na wɔn a wɔaka akyire abɛdi kan.”+
32 Ná wɔnam kwan so reforo akɔ Yerusalem, na na Yesu di wɔn anim, na wɔn ho dwirii wɔn; na wɔn a wɔka ho no firii aseɛ suroe. Afei ɔde Dumienu no kɔɔ nkyɛn bio, na ɔfirii aseɛ kaa deɛ na ɛrebɛto no no kyerɛɛ wɔn sɛ:+ 33 “Hwɛ, yɛreforo akɔ Yerusalem, na wɔbɛyi onipa Ba no ama asɔfoɔ mpanimfoɔ ne atwerɛfoɔ no, na wɔbɛbu no fɔ aku no. Na wɔbɛyi no ama amanaman mufoɔ, 34 na wɔbɛdi ne ho agorɔ atete ntasuo agu ne so na wɔabɔ no mmaa, na wɔaku no, nanso nnansa akyi no, ɔbɛnyane.”+
35 Na Yakobo ne Yohane, Sebedeo mma+ no, kɔɔ ne nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, yɛpɛ sɛ biribiara a yɛbɛbisa afiri wo hɔ no, woyɛ ma yɛn.”+ 36 Ɔbisaa wɔn sɛ: “Deɛn na mopɛ sɛ meyɛ ma mo?” 37 Wɔkaa sɛ: “Ma yɛn mu baako ntena wo nifa na baako nso ntena wo benkum wɔ w’animuonyam mu.”+ 38 Na Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monnim deɛ morebisa. Mobɛtumi anom kuruwa* a merebɛnom no? Anaa asu a wɔrebɛbɔ me no, mobɛtumi abɔ bi?”+ 39 Wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Yɛbɛtumi.” Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Kuruwa* a merebɛnom no deɛ, mobɛnom, na asu a wɔrebɛbɔ me no, wɔbɛbɔ mo bi.+ 40 Na me nifa ne me benkum so tena deɛ, ɛnyɛ me dea sɛ mede bɛma, na mmom ɛyɛ wɔn a wɔasiesie ama wɔn no dea.”
41 Berɛ a edu a aka no teeɛ no, wɔn bo fuu Yakobo ne Yohane.+ 42 Ɛnna Yesu frɛɛ wɔn baa ne nkyɛn ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monim sɛ wɔn a wɔbu wɔn sɛ amanaman no ahemfo no di wɔn nkurɔfoɔ so sɛ awuranom, na wɔn mu atitire no de wɔn tumi hyɛ wɔn so.+ 43 Nanso mo deɛ, ɛnsɛ sɛ ɛba saa wɔ mo mu; mmom obiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ kɛseɛ wɔ mo mu no, ɔnyɛ mo somfoɔ,+ 44 na obiara a ɔpɛ sɛ ɔdi kan wɔ mo mu no, ɔnyɛ mo nyinaa akoa. 45 Ɛfiri sɛ onipa Ba no mpo amma sɛ wɔnsom no, na mmom ɔbɛsomee,+ na ɔde ne nkwa* ayɛ agyedeɛ de agye nnipa bebree.”+
46 Na wɔbaa Yeriko. Na berɛ a ɔne n’asuafoɔ no ne nnipadɔm bi refiri Yeriko no, na Bartimeo (Timeo ba), nifirani a ɔsrɛsrɛ adeɛ no te kwankyɛn.+ 47 Berɛ a ɔtee sɛ ɛyɛ Yesu, Nasaretni no, ɔfirii aseɛ teateaam sɛ: “Yesu, Dawid Ba,+ hu me mmɔbɔ!”+ 48 Ɛnna nnipa pii firii aseɛ teateaa no sɛ ɔnyɛ dinn. Nanso afei koraa na ɔteateaam kɛse sɛ: “Dawid Ba, hu me mmɔbɔ!” 49 Enti Yesu gyinae, na ɔkaa sɛ: “Momfrɛ no mma me.” Na wɔfrɛɛ nifirani no ka kyerɛɛ no sɛ: “Ka w’akoma to wo yam! Sɔre; ɔrefrɛ wo.” 50 Ɛnna ɔtoo n’ataadeɛ guiɛ, na ɔsɔre kɔɔ Yesu nkyɛn. 51 Na Yesu bisaa no sɛ: “Deɛn na wopɛ sɛ meyɛ ma wo?” Nifirani no ka kyerɛɛ no sɛ: “Rabuni,* ma menhunu adeɛ.” 52 Na Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Kɔ. Wo gyidie ama wo ho atɔ wo.”+ Na ntɛm ara ɔhunuu adeɛ,+ na ɔfirii aseɛ dii n’akyi wɔ kwan no so.