Mateo Twerɛtohɔ
20 “Na ɔsoro Ahennie te sɛ efiewura bi a ɔpuee anɔpatutuutu sɛ ɔrekɔbɔ nkurɔfoɔ paa ama wɔakɔ ne bobefuo* mu.+ 2 Ɔne adwumayɛfo no ka maa wɔpenee so sɛ ɔbɛma wɔn denare* baako da koro; ɛnna ɔde wɔn kɔɔ ne bobefuo no mu. 3 Bɛyɛ dɔn a ɛtɔ so mmiɛnsa* nso, ɔpueeɛ, na ɔhuu sɛ ebinom gyinagyina dwa so a wɔnyɛ hwee. 4 Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, ‘Mo nso monkɔ bobefuo no mu, na mɛma mo akatua a ɛfata.’ 5 Enti wɔkɔe. Na ɔsan puee bɛyɛ dɔn a ɛtɔ so nsia* ne nkron* kɔyɛɛ saa ara. 6 Afei bɛyɛ dɔn a ɛtɔ so 11* no, ɔpueeɛ, na ɔhuu sɛ ebinom gyinagyina hɔ. Na ɔbisaa wɔn sɛ, ‘Adɛn nti na mogyinagyina ha da mu nyinaa a monyɛ hwee?’ 7 Wɔka kyerɛɛ no sɛ, ‘Obiara mmɔɔ yɛn paa ntira.’ Ɛnna ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, ‘Mo nso monkɔ bobefuo no mu.’
8 “Ɛduruu anwummerɛ no, bobefuo wura no ka kyerɛɛ deɛ ɔhwɛ n’adwuma so no sɛ, ‘Frɛ adwumayɛfoɔ no na fa wɔn akatua ma wɔn.+ Hyɛ aseɛ firi deɛ ɔtwa toɔ no so kɔsi deɛ ɔdi kan no so.’ 9 Wɔn a wɔfaa wɔn dɔn a ɛtɔ so 11 no bae, na wɔn mu biara nyaa denare* baako. 10 Enti, berɛ a adwumayɛfoɔ a wɔdii kan faa wɔn no baeɛ no, na wɔsusu sɛ wɔbɛnya pii asene saa; nanso denare* baako akatua no ara na wɔn nso nyaeɛ. 11 Wɔn nsa kaeɛ no, wɔfirii aseɛ nwiinwii tiaa efiewura no, 12 na wɔkaa sɛ, ‘Weinom a wɔbaa akyire yi yɛɛ adwuma dɔnhwere baako pɛ; nanso yɛn a yɛyɛɛ adwumaden da mu nyinaa maa awia hyee yɛn no, woama yɛne wɔn anya pɛ!’ 13 Na ɔka kyerɛɛ wɔn mu baako sɛ, ‘Damfo, menyɛɛ wo bɔne. Ɛnyɛ denare* baako na me ne wo kaa ho asɛm?+ 14 Gye wo deɛ na kɔ. Deɛ mede maa wo no, ɛno ara bi na mepɛ sɛ mede ma deɛ ɔtwa toɔ no. 15 Menni hokwan sɛ mede me ara me nneɛma yɛ deɛ mepɛ? Anaasɛ papa a mereyɛ* no yɛ wo ya?’*+ 16 Saa ara na wɔn a wɔaka akyi bɛdi kan, na adikanfoɔ aka akyi.”+
17 Afei berɛ a wɔnam kwan so reforo akɔ Yerusalem no, Yesu de asuafoɔ 12 no kɔɔ nkyɛn, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ:+ 18 “Hwɛ! Yɛreforo akɔ Yerusalem, na wɔbɛyi onipa Ba no ama asɔfoɔ mpanimfoɔ ne atwerɛfoɔ no, na wɔbɛbu no fɔ aku no.+ 19 Na wɔbɛyi no ama amanaman mufoɔ ama wɔadi ne ho agorɔ. Afei wɔbɛbɔ no mmaa, na wɔabɔ no asɛndua mu;+ na da a ɛtɔ so mmiɛnsa no, wɔbɛnyane no.”+
20 Ɛnna Sebedeo+ mma no maame ne ne mma no baa ne nkyɛn, na ɔkotoo no srɛɛ no biribi.+ 21 Yesu bisaa no sɛ: “Deɛn na wopɛ?” Ɔbaa no ka kyerɛɛ no sɛ: “Ka ma me mma mmienu yi mu baako ntena wo nifa, na baako nso ntena wo benkum wɔ w’Ahennie mu.”+ 22 Yesu buaa sɛ: “Monnim deɛ morebisa. Mobɛtumi anom kuruwa* a merebɛnom no?”+ Wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Yɛbɛtumi.” 23 Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Me kuruwa* no deɛ, mobɛnom,+ nanso me nifa ne me benkum so tena deɛ, ɛnyɛ me dea sɛ mede bɛma, na mmom ɛyɛ wɔn a m’Agya asiesie ama wɔn no dea.”+
24 Berɛ a edu a aka no teeɛ no, wɔn bo fuu anuanom mmienu no.+ 25 Ɛnna Yesu frɛɛ wɔn baa ne nkyɛn kaa sɛ: “Monim sɛ amanaman no ahemfo di wɔn nkurɔfoɔ so sɛ awuranom, na atitire no de wɔn tumi hyɛ wɔn so.+ 26 Nanso mo deɛ, ɛnsɛ sɛ ɛba saa wɔ mo mu;+ mmom obiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ kɛseɛ wɔ mo mu no, ɔnyɛ mo somfoɔ,+ 27 na obiara a ɔpɛ sɛ ɔdi kan wɔ mo mu no, ɔnyɛ mo akoa.+ 28 Saa ara na onipa Ba no yɛeɛ; wamma sɛ wɔnsom no, na mmom ɔbɛsomee,+ na ɔde ne nkwa* ayɛ agyedeɛ de agye nnipa bebree.”+
29 Berɛ a wɔrefiri Yeriko no, nnipadɔm pii dii n’akyi. 30 Na hwɛ! anifirafoɔ mmienu bi a wɔtete kwankyɛn tee sɛ Yesu retwam, na wɔteateaam sɛ: “Awurade, Dawid Ba, hu yɛn mmɔbɔ!”+ 31 Ɛnna nnipadɔm no teateaa wɔn sɛ wɔnyɛ dinn; nanso afei koraa na wɔteateaam kɛse sɛ: “Awurade, Dawid Ba, hu yɛn mmɔbɔ!” 32 Enti Yesu gyinae, na ɔfrɛɛ wɔn kaa sɛ: “Deɛn na mopɛ sɛ meyɛ ma mo?” 33 Wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Awurade, ma yɛn ani mmue.” 34 Ɛyɛɛ Yesu mmɔbɔ, enti ɔde ne nsa kaa wɔn ani.+ Na ntɛm ara wɔhunuu adeɛ, na wɔdii n’akyi.