Luka Twerɛtohɔ
18 Afei ɔtoaa so maa wɔn mfatoho bi de kyerɛɛ sɛ, ɛhia sɛ wɔbɔ mpaeɛ daa a wɔmpa aba.+ 2 Ɔkaa sɛ: “Ná ɔtemmufoɔ bi wɔ kuro bi mu. Ná ɔnsuro Onyankopɔn, na na ɔmmu nnipa. 3 Ná ɔbaa kunafoɔ bi nso wɔ kuro no mu, na na ɔtaa kɔ ɔtemmufoɔ no nkyɛn kɔka kyerɛ no sɛ, ‘Hwɛ bu atɛntenenee ma me wɔ deɛ me ne no anya asɛm no ntam.’ 4 Ɔtemmufoɔ no twentwɛn ne nan ase kyɛe, nanso akyire yi, ɔkaa wɔ ne tirim sɛ, ‘Ɛwom sɛ mensuro Onyankopɔn, na memmu onipa biara deɛ, 5 nanso, sɛdeɛ ɔbaa kunafoɔ yi kɔ so ha me nti, mɛhwɛ ama wanya atɛntenenee, na wankɔ so amfa n’asɛm ammɛdwan me ho.’”+ 6 Afei Awurade kaa sɛ: “Montie deɛ ɔtemmufoɔ a ɔntene no mpo kaeɛ! 7 Ɛwom sɛ Onyankopɔn to ne bo ase+ deɛ, nanso monnye nni sɛ ɔbɛbu atɛntenenee ama wɔn a wayi wɔn a wɔsu frɛ no awia ne anadwo+ no anaa? 8 Mereka akyerɛ mo sɛ, ɔbɛbu atɛntenenee ama wɔn ntɛm. Nanso sɛ onipa Ba no ba a, ɔbɛhu gyidie a ɛte saa* wɔ asaase so ampa?”
9 Afei, ebinom a na wɔgye wɔn ho di sɛ wɔyɛ ateneneefoɔ a na wɔmfa nnipa a aka nyɛ hwee no, ɔmaa wɔn mfatoho yi: 10 “Mmarima mmienu kɔɔ asɔrefie hɔ kɔbɔɔ mpaeɛ; baako yɛ Farisini, ɛnna baako nso gyegye toɔ. 11 Farisini no sɔre gyinae, na ɔfirii aseɛ bɔɔ mpaeɛ yi wɔ ne tirim sɛ, ‘O Onyankopɔn, meda wo ase sɛ mente sɛ nnipa a aka no, asisifoɔ,* wɔn a wɔntene, awaresɛefoɔ, anaa deɛ ɔgyegye toɔ yi mpo. 12 Nnawɔtwe biara meyɛ akɔnkyene* mprenu, na biribiara a menya no, meyi so ntotosoɔ du du.’+ 13 Na deɛ ɔgyegye toɔ no deɛ, ɔkɔgyinaa akyirikyiri, na wampɛ sɛ ɔma ne ti so hwɛ soro mpo. Na mmom, ɔbobɔɔ ne koko mprɛ pii kaa sɛ, ‘O Onyankopɔn, hu me mmɔbɔ, na meyɛ ɔdebɔneyɛfoɔ.’+ 14 Mereka akyerɛ mo sɛ, berɛ a ɔbarima yi kɔɔ ne fie no, Onyankopɔn buu no ɔteneneeni senee Farisini no.+ Ɛfiri sɛ obiara a ɔma ne ho so no, wɔbɛbrɛ no ase, na obiara a ɔbrɛ ne ho ase no, wɔbɛma ne so.”+
15 Afei nkurɔfoɔ de wɔn mma nketewa brɛɛ no sɛ ɔmfa ne nsa nka wɔn,* nanso berɛ a n’asuafoɔ no hunuiɛ no, wɔfirii aseɛ kaa wɔn anim.+ 16 Nanso, Yesu frɛɛ mmɔfra no baa ne nkyɛn, na ɔkaa sɛ: “Momma mmɔfra nkumaa no mmra me nkyɛn, na monnsi wɔn kwan, ɛfiri sɛ wɔn a wɔte saa na Onyankopɔn Ahennie no yɛ wɔn dea.+ 17 Nokorɛm mereka akyerɛ mo sɛ, obiara a ɔnnye Onyankopɔn Ahennie te sɛ abɔfra kumaa no, ɔrenkɔ mu da.”+
18 Na atumfoɔ no baako bisaa no sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ Pa, ɛdeɛn na menyɛ na manya daa nkwa?”+ 19 Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Adɛn nti na wofrɛ me papa? Obiara nyɛ papa gye ɔbaako pɛ; ɔno ne Onyankopɔn.+ 20 Wonim mmara no: ‘Nsɛe awareɛ,+ nni awu,+ mmɔ korɔno,+ nni adanseɛ a ɛnyɛ nokorɛ,*+ di wo papa ne wo maame ni.’”+ 21 Ɛnna ɔkaa sɛ: “Madi weinom nyinaa so firi me mmɔfraase.” 22 Berɛ a Yesu tee deɛ ɔkaeɛ no, ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Aka wo adeɛ baako: Tɔn deɛ wowɔ nyinaa, na kyekyɛ deɛ wobɛnya no ma ahiafoɔ, na wobɛnya agyapadeɛ wɔ soro; na bra bɛdi m’akyi.”+ 23 Berɛ a ɔtee wei no, ne werɛ hoo paa, ɛfiri sɛ na ɔwɔ sika bebree.+
24 Yesu hwɛɛ no, na ɔkaa sɛ: “Monhwɛ sɛdeɛ ɛyɛ den sɛ asikafoɔ bɛkɔ Onyankopɔn Ahennie mu!+ 25 Nokorɛm no, ɛyɛ mmerɛ sɛ yoma bɛfa paneɛ a wɔde pam adeɛ aniwa mu sene sɛ sikani bɛkɔ Onyankopɔn Ahennie mu.”+ 26 Wɔn a wɔtee wei no kaa sɛ: “Ɛnneɛ, hwan paa na wɔbɛtumi agye no nkwa?”+ 27 Ɔkaa sɛ: “Deɛ ɛrentumi nyɛ yie wɔ nnipa fam no, Onyankopɔn fam deɛ, ɛbɛtumi ayɛ yie.”+ 28 Na Petro kaa sɛ: “Hwɛ! Yɛagya yɛn nneɛma hɔ abɛdi w’akyi.”+ 29 Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Nokorɛm mereka akyerɛ mo sɛ, obiara nni hɔ a wagya ɛdan anaa ɔyere anaa nua mmarima anaa awofoɔ anaa mma, Onyankopɔn Ahennie nti,+ 30 a ɔrennya no mmɔho pii saa berɛ yi, ne daa nkwa wɔ wiase* a ɛreba no mu.”+
31 Afei ɔde Dumienu no kɔɔ nkyɛn, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Hwɛ! Yɛreforo akɔ Yerusalem, na deɛ wɔnam adiyifoɔ no so atwerɛ afa onipa Ba no ho nyinaa bɛba mu.+ 32 Ebi ne sɛ, wɔbɛyi no ama amanaman mufoɔ+ ama wɔadi ne ho agorɔ,+ na wɔadidi no atɛm, na wɔatete ntasuo agu ne so.+ 33 Na sɛ wɔbɔ no mmaa wie a, wɔbɛku no,+ na da a ɛtɔ so mmiɛnsa no, ɔbɛnyane.”+ 34 Nanso, wɔanhunu deɛ nneɛma yi mu biara kyerɛ, ɛfiri sɛ na wɔde nsɛm yi asie wɔn, na wɔante asɛm a Yesu kaeɛ no ase.
35 Na berɛ a Yesu rebɛn Yeriko no, na nifirani bi te kwankyɛn resrɛsrɛ adeɛ.+ 36 Ɔtee sɛ nnipadɔm bi retwam, enti ɔfirii aseɛ bisaa deɛ ɛrekɔ so. 37 Wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Yesu, Nasaretni no na ɔretwam!” 38 Ɛnna ɔteaam sɛ: “Yesu, Dawid Ba, hu me mmɔbɔ!” 39 Na wɔn a wɔdi animu no teateaa no sɛ ɔnyɛ komm, nanso afei koraa na ɔteateaam kɛse sɛ: “Dawid Ba, hu me mmɔbɔ!” 40 Afei Yesu gyinae, na ɔkaa sɛ wɔmfa ɔbarima no mmrɛ no. Berɛ a ɔduruu Yesu nkyɛn no, Yesu bisaa no sɛ: 41 “Deɛn na wopɛ sɛ meyɛ ma wo?” Ɔkaa sɛ: “Awurade, ma menhunu adeɛ.” 42 Enti Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Hunu adeɛ; wo gyidie ama wo ho atɔ wo.”+ 43 Ɛhɔ ara na ɔhunuu adeɛ, na ɔfirii aseɛ dii n’akyi,+ na ɔhyɛɛ Onyankopɔn animuonyam. Afei nso, berɛ a nkurɔfoɔ no nyinaa hunuiɛ no, wɔyii Onyankopɔn ayɛ.+