Luka Twerɛtohɔ
16 Na ɔka kyerɛɛ asuafoɔ no nso sɛ: “Ná sikani bi wɔ efiehwɛfoɔ bi,* na nkurɔfoɔ kɔkekaa ne ho nsɛm kyerɛɛ sikani no sɛ ɔyɛ n’agyapadeɛ basabasa. 2 Enti ne wura no frɛɛ no bisaa no sɛ, ‘Ɛdeɛn na meretete fa wo ho yi? Efiehwɛ adwuma a woayɛ no, bɛbu ho akonta kyerɛ me, ɛfiri sɛ meremma wonhwɛ me fie no so bio.’ 3 Ɛnna efiehwɛfoɔ no bisaa ne ho sɛ, ‘Deɛn na menyɛ, ɛfiri sɛ me wura rebɛgye efiehwɛ adwuma no afiri me nsam? Menni ahoɔden a mede bɛtu fam, na mefɛre nso sɛ mɛsrɛsrɛ adeɛ. 4 Ahãã! Mahunu deɛ mɛyɛ, na sɛ me wura gye efiehwɛ adwuma no firi me nsam a, nkurɔfoɔ agye me akɔ wɔn fie.’ 5 Na ɔfrɛɛ wɔn a wɔde ne wura ka no baa ne nkyɛn mmaako mmaako, na ɔbisaa deɛ ɔdi kan no sɛ, ‘Wode me wura ka sɛn?’ 6 Ɔkaa sɛ, ‘Ngo susuhina* 100.’ Ɔka kyerɛɛ no sɛ, ‘Ɛka a wode no ho krataa nie. Gye na tena ase twerɛ 50 ntɛm ara.’ 7 Afei ɔbisaa ɔfoforɔ sɛ, ‘Wo nso, wode ka sɛn?’ Ɔkaa sɛ, ‘Hwiit susukuruwa akɛseɛ 100.’* Ɔka kyerɛɛ no sɛ, ‘Ɛka a wode no ho krataa nie. Gye na twerɛ 80.’ 8 Ɛwom sɛ efiehwɛfoɔ no ntene deɛ, nanso ne wura no kamfoo no, ɛfiri sɛ ɔde n’adwene yɛɛ adwuma.* Wiase yi* mu nnipa ani ate wɔ wɔn nkurɔfoɔ* mu sene hann no mma.+
9 “Bio nso, mereka akyerɛ mo sɛ: Momfa ahonyadeɛ a ɛntene no so nnya nnamfoɔ,+ na sɛ ɛsa a, nnamfoɔ no agye mo akɔ daa tenabea.+ 10 Onipa a ɔdi ade ketewa mu nokorɛ no, ɔdi pii mu nokorɛ nso, na onipa a ɔntene wɔ ade ketewa mu no, ɔntene wɔ pii mu nso. 11 Enti sɛ moanni nokorɛ wɔ ahonyadeɛ a ɛntene mu a, hwan na ɔde ahonyadeɛ pa* bɛhyɛ mo nsa? 12 Na sɛ moanni nokorɛ wɔ deɛ ɛyɛ nkurɔfoɔ dea mu a, hwan na ɔbɛma mo biribi a ɛbɛyɛ mo ara mo dea?+ 13 Akoa biara nni hɔ a ɔbɛtumi asom awuranom mmienu, ɛfiri sɛ ɔbɛtan baako na wadɔ baako, anaasɛ ɔbɛbata baako ho na wabu ɔfoforɔ no animtia. Morentumi nyɛ Onyankopɔn nkoa nsan nyɛ Ahonyadeɛ nkoa.”+
14 Saa berɛ no, na Farisifoɔ a wɔyɛ sikaniberɛ no retie weinom nyinaa, na wɔfirii aseɛ seree no.+ 15 Enti ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Moyɛ mo ho ateneneefoɔ wɔ nnipa anim,+ nanso Onyankopɔn nim mo akoma mu.+ Na deɛ nnipa bu no sɛ ɛsom bo no, Onyankopɔn ani so deɛ, ɛyɛ akyiwadeɛ.+
16 “Mmara no ne Adiyifoɔ no tenaa hɔ bɛsii Yohane so. Ɛfiri hɔ no, wɔreka Onyankopɔn Ahennie no ho asɛmpa, na onipa biara yere ne ho sɛ ɔbɛkɔ mu.+ 17 Nokwasɛm ne sɛ, ɛyɛ mmerɛ sɛ ɔsoro ne asaase bɛtwam akɔ sene sɛ Mmara no mu ntwerɛdeɛ no bi ho nsensaneeɛ baako bɛyera a ɛremma mu.+
18 “Obiara a ɔbɛgyaa ne yere na waware foforɔ no asɛe awareɛ, na obiara a ɔbɛware ɔbaa a ne kunu agyaa no no asɛe awareɛ.+
19 “Ná sikani bi wɔ hɔ a ɔtaa hyɛ ataadeɛ afasebire ne nwera. Ná ɔde nneɛma akɛseɛakɛseɛ gye n’ani daa. 20 Ná obi nso wɔ hɔ a ɔsrɛsrɛ adeɛ a wɔfrɛ no Lasaro. Ná ne ho nyinaa atutu akuro, na na wɔtaa de no kɔtena sikani no aboboano. 21 Deɛ na ɛfiri sikani no didipono so gu fam no, na ne kɔn dɔ sɛ ɔbɛdi bi amee. Afei nso, na nkraman mpo bɛtafere n’akuro no mu. 22 Berɛ bi akyi no, deɛ ɔsrɛsrɛ adeɛ no wuiɛ, na abɔfoɔ de no kɔɔ Abraham nkyɛn.*
“Sikani no nso wuiɛ, na wɔsiee no. 23 Berɛ a ɔwɔ Adamena* mu no, na ne ho yera no. Na ɔmaa n’ani so huu Abraham wɔ akyirikyiri, na na Lasaro wɔ ne nkyɛn.* 24 Enti ɔteaam sɛ, ‘Agya Abraham, hu me mmɔbɔ na soma Lasaro ma ɔmfa ne nsateaa ano mmɔ nsuo mu na ɔmfa mmɛdwodwo me kɛtrɛma, ɛfiri sɛ merehunu amane wɔ egya a ɛredɛre yi mu.’ 25 Ɛnna Abraham kaa sɛ, ‘Ɔba, kae sɛ berɛ a wote aseɛ no, wonyaa nneɛma pa a wopɛ nyinaa, na Lasaro deɛ, nneɛma bɔne na ɔnyaeɛ. Seesei wɔrekyekye ne werɛ wɔ ha, ɛnna wo nso worehunu amane. 26 Na weinom nyinaa akyi no, wɔde ɛbɔn kɛseɛ* ato yɛne mo ntam, enti wɔn a wɔpɛ sɛ wɔfiri ha ba mo nkyɛn no ntumi, na wɔn a wɔpɛ sɛ wɔfiri hɔ ba yɛn nkyɛn no nso ntumi.’ 27 Na ɔkaa sɛ, ‘Saa na ɛteɛ deɛ a, ɛnneɛ agya, mesrɛ wo, soma no ma ɔnkɔ me papa fie, 28 na mewɔ nua mmarima nnum, na ɔnkɔdi wɔn adanseɛ yie, na wɔn nso amma ammɛhunu amane wɔ ha.’ 29 Ɛnna Abraham kaa sɛ, ‘Wɔwɔ Mose ne Adiyifoɔ no; ma wɔntie wɔn.’+ 30 Na ɔkaa sɛ, ‘Daabi, agya Abraham, mmom sɛ obi firi awufoɔ mu kɔ wɔn nkyɛn a, wɔbɛsakra.’ 31 Na Abraham ka kyerɛɛ no sɛ, ‘Sɛ wɔantie Mose+ ne Adiyifoɔ no a, ɛnneɛ sɛ obi sɔre firi awufoɔ mu mpo a, wɔrennye nni.’”