Luka Twerɛtohɔ
21 Na berɛ a ɔmaa n’ani so no, ɔhuu sɛ asikafoɔ de wɔn akyɛdeɛ regu sika nnaka no mu.+ 2 Afei ɔhuu sɛ ɔbaa kunafoɔ hiani bi de nkaprɛ mma mmienu* a ɛnsom bo ahe biara abɛgu mu,+ 3 na ɔkaa sɛ: “Nokorɛm mereka akyerɛ mo sɛ, deɛ saa ɔbaa kunafoɔ hiani yi de agu mu no, ɛdɔɔso sene deɛ wɔn a aka no nyinaa de abɛgu mu no.+ 4 Ɛfiri sɛ akyɛdeɛ a weinom nyinaa de abɛgu mu no firi deɛ wɔanya ama aboro so mu, na ɔbaa yi deɛ, ɔfiri ne hia mu de deɛ ɔde bɛhwɛ ne ho nyinaa na abɛgu mu.”+
5 Akyire yi, na ebinom redi asɔrefie no ho nkɔmmɔ. Ná wɔreka sɛdeɛ wɔde abo pa ne nneɛma a wɔahyira so* asiesie asɔrefie no ho asɛm.+ 6 Ɛnna ɔkaa sɛ: “Nneɛma a mohu no seesei yi, berɛ bi reba a wɔrennya ɛboɔ a ɛda boɔ so; wɔbɛdwiri ne nyinaa agu fam.”+ 7 Na wɔbisaa no sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, berɛ bɛn koraa na weinom bɛba mu, na nsɛnkyerɛnne bɛn na ɛbɛma yɛahunu sɛ nneɛma yi rebɛsisi?”+ 8 Ɔkaa sɛ: “Monhwɛ yie na wɔannaadaa mo,+ ɛfiri sɛ nnipa bebree de me din bɛba abɛka sɛ, ‘Mene no,’ na ‘Berɛ a wɔahyɛ no abɛn.’ Monnni wɔn akyi.+ 9 Bio nso, sɛ mote ɛko ne basabasayɛ* ho nsɛm a, mommmɔ hu. Ɛfiri sɛ ɛsɛ sɛ weinom di kan sisi, nanso awieeɛ no remma wɔ hɔ ara.”+
10 Afei ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɔman bɛsɔre atia ɔman,+ na ahennie asɔre atia ahennie.+ 11 Asaasewosoɔ akɛseɛ bɛba, na nsanyareɛ a ɛdi awuo ne ɛkɔm bɛba mmeammea;+ na nnipa bɛhunu nneɛma a ɛyɛ hu ne nsɛnkyerɛnne akɛseɛ a ɛfiri soro.
12 “Nanso ansa na weinom nyinaa bɛba no, nkurɔfoɔ bɛkye mo, na wɔbɛtan mo ani,+ na wɔde mo bɛkɔ hyia adan mu ne afiase. Na me din nti, wɔde mo bɛkɔ ahemfo ne amradofoɔ anim.+ 13 Ɛbɛma moadi nkurɔfoɔ adanseɛ. 14 Enti, monsi pi wɔ mo akoma mu sɛ morenni kan nnwennwene nsɛm a mobɛka de ayi mo ano no ho,+ 15 na me na mɛma mo nsɛm ne nyansa a wɔn a wɔsɔre tia mo nyinaa rentumi nsi ano anaa wɔmmɔ ngu.+ 16 Bio nso, awofoɔ ne anuanom ne abusuafoɔ ne nnamfonom mpo bɛyi mo ama, na wɔbɛku mo mu binom,+ 17 na me din nti, nnipa nyinaa bɛtan mo.+ 18 Nanso mo tiri nwi baako mpo renyera.+ 19 Sɛ momia mo ani gyina mu a, mobɛnya nkwa.*+
20 “Afei nso, sɛ mohunu sɛ asraafoɔdɔm atwa Yerusalem ho ahyia a,+ ɛnneɛ monhunu sɛ ne sɛeɛ abɛn.+ 21 Afei momma wɔn a wɔwɔ Yudea mfiri aseɛ nnwane nkɔ mmepɔ so,+ na momma wɔn a wɔwɔ Yerusalem no mfiri mu nkɔ, na mommma wɔn a wɔwɔ nkuraaseɛ no mmma kuro no mu, 22 ɛfiri sɛ wei yɛ berɛ a Onyankopɔn de bɛtwe nkurɔfoɔ aso,* sɛdeɛ ɛbɛyɛ a deɛ wɔatwerɛ nyinaa bɛba mu. 23 Saa nna no mu no, mmaa a wɔanyinsɛn ne wɔn a wɔma nufoɔ nnue!+ Ɛfiri sɛ amanehunu* kɛseɛ bɛba asaase no so, na abufuo aba nkurɔfoɔ yi so. 24 Na wɔde sekan bɛkunkum wɔn, na wɔakye wɔn de wɔn akɔ amanaman nyinaa mu;+ na amanaman no* bɛtiatia Yerusalem so kɔsi sɛ mmerɛ a wɔde ama* amanaman no* bɛso.+
25 “Bio nso, nsɛnkyerɛnne bɛba awia ne bosome ne nsoromma so,+ na ɛsiane ɛpo a ɛrehuru na ɛrebu fa so nti, amanaman ho bɛyera wɔn asaase so, na wɔrenhunu deɛ wɔnyɛ. 26 Na ehu ne nneɛma a ɛreba asaase so no bɛma nnipa atwitwa ahwe, ɛfiri sɛ wɔbɛwoso ɔsoro ahoɔden. 27 Na afei wɔbɛhunu sɛ onipa Ba+ no nam mununkum mu de tumi ne animuonyam kɛseɛ reba.+ 28 Na sɛ nneɛma yi firi aseɛ sɛ ɛresisi a, monsɔre nnyina na momma mo ti so, ɛfiri sɛ mo nkwagyeɛ rebɛn.”
29 Ɛnna ɔmaa wɔn mfatoho bi sɛ: “Monhwɛ borɔdɔma dua ne nnua a aka nyinaa.+ 30 Sɛ ɛfefɛ a mo ara mohunu, na mohunu sɛ ahuhuro berɛ abɛn. 31 Saa ara na mo nso, sɛ mohunu sɛ saa nneɛma yi resisi a, monhunu sɛ Onyankopɔn Ahennie no abɛn. 32 Nokorɛm mereka akyerɛ mo sɛ, saa awoɔ ntoatoasoɔ yi rentwam da kɔsi sɛ nneɛma nyinaa bɛba mu.+ 33 Ɔsoro ne asaase bɛtwam, nanso me nsɛm deɛ, ɛrentwam da.+
34 “Monhwɛ mo ho so yie na adidi mmorosoɔ ne nsanom bebrebe*+ ne asetena mu dadwene+ anhyɛ mo akoma so da, na da no ammɛto mo mpofirim 35 te sɛ fidie.+ Ɛfiri sɛ ɛbɛba obiara a ɔte asaase so baabiara so. 36 Enti, monkɔ so nwɛn,+ na monsrɛ berɛ nyinaa+ na ama moatumi adwane nneɛma a ɛsɛ sɛ ɛsisi yi nyinaa, na moatumi agyina onipa Ba no anim.”+
37 Enti sɛ ɛduru anɔpa a, na Yesu kyerɛkyerɛ wɔ asɔrefie hɔ, na ɛduru anadwo a, na ɔpue kɔda bepɔ a wɔfrɛ no Ngodua Bepɔ* no so.* 38 Ná nkurɔfoɔ no nyinaa ba ne nkyɛn wɔ asɔrefie hɔ anɔpatutuutu bɛtie no.