Yohane Twerɛtohɔ
14 “Mommma mo akoma nntu.+ Monnye Onyankopɔn nni;+ me nso, monnye me nni. 2 Tenabea* pii wɔ m’Agya fie. Sɛ ɛnte saa a, anka mɛka akyerɛ mo. Merekɔ akɔsiesie baabi ama mo.+ 3 Na sɛ mekɔ kɔsiesie baabi ma mo a, mɛsan aba bio na mabɛfa mo akɔ me fie, na baabi a mewɔ no, mo nso moaba hɔ bi.+ 4 Baabi a merekɔ no, monim kwan no.”
5 Ɛnna Toma+ bisaa no sɛ: “Awurade, yɛnnim baabi a worekɔ. Enti ɛbɛyɛ dɛn na yɛahunu kwan no?”
6 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Mene ɛkwan+ no, ne nokorɛ+ no, ne nkwa+ no. Obiara mma Agya no nkyɛn, gye sɛ ɔnam me so.+ 7 Sɛ monim me a, anka monim m’Agya nso. Ɛfiri seesei rekɔ, monim no, na moahu no.”+
8 Ɛnna Filipo ka kyerɛɛ no sɛ: “Awurade, kyerɛ yɛn Agya no, na ɛno ara yɛ ma yɛn.”
9 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Filipo, enti berɛ tenten a me ne mo atena yi nyinaa, wonnya nhuu me? Obiara a wahu me no ahu Agya no nso.+ Adɛn nti na woreka sɛ, ‘Kyerɛ yɛn Agya no’? 10 Wonnye nni sɛ mewɔ Agya no mu, ɛnna Agya no nso wɔ me mu+ anaa? Nsɛm a meka kyerɛ mo no, ɛnyɛ me ara m’adwene na mede ka.+ Mmom Agya a ɔwɔ me mu no na ɔreyɛ ne nnwuma. 11 Monnye me nni sɛ mewɔ Agya no mu, na Agya no nso wɔ me mu. Sɛ ɛnte saa nso a, monhwɛ nnwuma no na monnye nni.+ 12 Nokorɛ, nokorɛ, mereka akyerɛ mo sɛ, deɛ ɔgye me die no, ɔno nso bɛyɛ nnwuma a meyɛ no bi; na ɔbɛyɛ nnwuma akɛseɛ asene weinom,+ ɛfiri sɛ merekɔ Agya no nkyɛn.+ 13 Afei nso, biribiara a mobɛbisa wɔ me din mu no, mɛyɛ, na Ɔba no nti, wɔahyɛ Agya no animuonyam.+ 14 Sɛ mobisa biribiara wɔ me din mu a, mɛyɛ.
15 “Sɛ modɔ me a, mobɛdi m’ahyɛdeɛ so.+ 16 Na mɛsrɛ Agya no, na ɔbɛma mo ɔboafoɔ* foforɔ a ɔne mo bɛtena daa.+ 17 Ɛno ne nokorɛ no honhom+ a wiase no ntumi nnya, ɛfiri sɛ wiase no nhu no, na ɛnnim no nso.+ Mo deɛ, monim no, ɛfiri sɛ ɛwɔ mo nkyɛn, na ɛte mo mu. 18 Merennya mo sɛ nnyanka. Mereba mo nkyɛn.+ 19 Aka kakra, wiase no renhu me bio. Nanso mo deɛ, mobɛhu me,+ ɛfiri sɛ mete ase, na mo nso mobɛtena ase. 20 Saa da no, mobɛhunu sɛ mewɔ m’Agya mu, na mowɔ me mu, na me nso mewɔ mo mu.+ 21 Obiara a ɔtie m’ahyɛdeɛ na ɔdi so no, ɔno na ɔdɔ me. Na deɛ ɔdɔ me no, m’Agya bɛdɔ no, na me nso mɛdɔ no, na mɛyi me ho adi akyerɛ no pefee.”
22 Yuda,+ ɛnyɛ Iskariot, bisaa no sɛ: “Awurade, deɛn na asi a enti wopɛ sɛ woyi wo ho adi kyerɛ yɛn pefee, na ɛnyɛ wiase no?”
23 Yesu buaa no sɛ: “Sɛ obi dɔ me a, ɔbɛdi m’asɛm so,+ na m’Agya bɛdɔ no, na yɛbɛba ne nkyɛn na yɛde hɔ abɛyɛ yɛn tenabea.*+ 24 Obiara a ɔnnɔ me no, ɔnni m’asɛm so. Asɛm a mote no nyɛ me dea, na mmom ɛyɛ Agya a ɔsomaa me no dea.+
25 “Maka weinom akyerɛ mo berɛ a mewɔ mo nkyɛn yi. 26 Nanso ɔboafoɔ no, honhom kronkron no, deɛ Agya no bɛsoma no me din mu no, ɔno na ɔbɛkyerɛ mo biribiara, na wakaakae mo deɛ maka akyerɛ mo nyinaa.+ 27 Mede asomdwoeɛ gya mo; mede m’asomdwoeɛ ma mo.+ Ɛnyɛ sɛdeɛ wiase no de asomdwoeɛ ma na mede ma. Mommma mo akoma nntu, na mommma no mmmɔ hu. 28 Motee sɛ meka kyerɛɛ mo sɛ, ‘Merekɔ, na mɛsan aba mo nkyɛn.’ Sɛ modɔ me a, mo ani bɛgye sɛ merekɔ Agya no nkyɛn, ɛfiri sɛ Agya no yɛ kɛse sene me.+ 29 Enti madi kan aka akyerɛ mo ansa na aba, na sɛ ɛba a, moagye adi.+ 30 Me ne mo renkasa pii bio, ɛfiri sɛ deɛ ɔdi wiase so+ no reba. Na ɔnni me so tumi.+ 31 Deɛ ɛbɛyɛ na wiase no ahunu sɛ medɔ Agya no, deɛ Agya no ahyɛ me sɛ menyɛ no, ɛno ara na mereyɛ.+ Monsɔre, momma yɛmfiri ha nkɔ.