Yohane Twerɛtohɔ
13 Ansa na Twam Afahyɛ no rebɛdu no, na Yesu nim sɛ ne berɛ aso+ sɛ ɔfiri wiase na ɔkɔ Agya no nkyɛn.+ Ɛsiane sɛ na Yesu dɔ ɔno ara ne deɛ a wɔwɔ wiase no nti, ɔdɔɔ wɔn kɔsii awieeɛ.+ 2 Ná wɔredi anwummerɛ aduane no, na na Ɔbonsam de ahyɛ Simon ba Yuda Iskariot+ akomam dada sɛ ɔnyi Yesu mma.+ 3 Ná Yesu nim sɛ Agya no de nneɛma nyinaa ahyɛ ne nsa. Ná ɔnim nso sɛ ɔfiri Onyankopɔn hɔ, na ɔrekɔ Onyankopɔn nkyɛn.+ Enti 4 ɔsɔre firii anwummerɛ aduane no ho, na ɔyii n’ataadeɛ ngugusoɔ guu hɔ, ɛnna ɔfaa mpepaho de sii n’asene.+ 5 Ɛno akyi no, ɔde nsuo guu kyɛnsee bi mu, na ɔfirii aseɛ hohoroo asuafoɔ no nan ho, na ɔde mpepaho a ɛbɔ ne mu no pepaa wɔn nan ho. 6 Berɛ a ɔduruu Simon Petro so no, Petro bisaa no sɛ: “Awurade, wo na worehohoro me nan ho?” 7 Yesu buaa no sɛ: “Deɛ mereyɛ yi, seesei deɛ worente aseɛ, na weinom akyi na wobɛte aseɛ.” 8 Petro ka kyerɛɛ no sɛ: “Worenhohoro me nan ho da.” Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ manhohoro wo nan ho+ a, wonni m’afa.” 9 Simon Petro ka kyerɛɛ no sɛ: “Awurade, nhohoro me nan ho nko ara, mmom hohoro me nsa ho ne me tirim nso ka ho.” 10 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Obiara a wadware no, ɛnhia sɛ wɔhohoro ne ho baabiara ka ne nan ho, ɛfiri sɛ ne ho nyinaa afi. Mo ho afi, nanso ɛnyɛ mo nyinaa.” 11 Ná ɔnim onipa a ɔbɛyi no ama.+ Ɛno nti na ɔkaa sɛ: “Ɛnyɛ mo nyinaa na mo ho afi” no.
12 Berɛ a ɔhohoroo wɔn nan ho wieeɛ no, ɔhyɛɛ n’ataadeɛ ngugusoɔ no, na ɔkɔtenaa ɛpono no ho bio. Ɛnna ɔbisaa wɔn sɛ: “Deɛ mayɛ ama mo yi, mote aseɛ? 13 Mofrɛ me ‘Ɔkyerɛkyerɛfoɔ’ ne ‘Awurade,’ na ɛyɛ ne kwan so, ɛfiri sɛ meyɛ Ɔkyerɛkyerɛfoɔ ne Awurade.+ 14 Enti sɛ me a meyɛ Awurade ne Ɔkyerɛkyerɛfoɔ no, mahohoro mo nan ho+ a, mo nso, ɛsɛ sɛ* obiara hohoro ne yɔnko nan ho.+ 15 Na magya mo nhwɛsoɔ* sɛ, sɛdeɛ mayɛ ama mo no, mo nso monyɛ saa ara.+ 16 Nokorɛ, nokorɛ, mereka akyerɛ mo sɛ, akoa nsene ne wura. Saa ara nso na deɛ wɔasoma no no nsene deɛ ɔsomaa no no. 17 Sɛ monim weinom na moyɛ a, mo ani bɛgye.+ 18 Ɛnyɛ mo nyinaa na mereka mo ho asɛm; menim wɔn a mayi wɔn. Na mmom sɛdeɛ ɛbɛyɛ a twerɛsɛm yi bɛba mu ntira.+ Ɛka sɛ: ‘Deɛ na ɔdi m’aduane* no, wasɔre atia me.’*+ 19 Ɛfiri saa berɛ yi, mereka akyerɛ mo ansa na aba, na sɛ ɛba a, moagye adi sɛ mene no.+ 20 Nokorɛ, nokorɛ, mereka akyerɛ mo sɛ, obiara a ɔgye deɛ mesoma no no, ɔgye me nso.+ Na obiara a ɔgye me no gye Deɛ ɔsomaa me no nso.”+
21 Berɛ a Yesu kaa wei wieeɛ no, ne ho yeraa no, na ɔkaa sɛ: “Nokorɛ, nokorɛ, mereka akyerɛ mo sɛ, mo mu baako bɛyi me ama.”+ 22 Asuafoɔ no mu biara firii aseɛ hwɛɛ ne yɔnko anim, na na wɔnhunu onipa a ɔreka ne ho asɛm.+ 23 Ná asuafoɔ no baako, deɛ na Yesu dɔ no no,+ te Yesu nkyɛn pɛɛ.* 24 Enti Simon Petro bɔɔ n’ani kyerɛɛ no, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Kyerɛ yɛn deɛ ɔreka ne ho asɛm no.” 25 Ɛnna osuani a Yesu dɔ no no pa tweree Yesu kokom, na ɔbisaa no sɛ: “Awurade, ɛyɛ hwan?”+ 26 Ɛnna Yesu buaa sɛ: “Ɔno na mede paanoo sini bɛbɔ ayowa mu ama no no.”+ Afei ɔde paanoo sini no bɔɔ mu, na ɔde maa Yuda, Simon Iskariot ba no. 27 Berɛ a Yuda gyee paanoo sini no, Satan bɛhyɛɛ ne mu.+ Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Deɛ woreyɛ no, yɛ no ntɛm.” 28 Wɔn a wɔtete ɛpono no ho deɛ, na obiara nnim deɛ enti a ɔkaa saa kyerɛɛ no. 29 Yuda na na ɔkura sika adaka no,+ enti ebinom adwene yɛɛ wɔn sɛ Yesu reka akyerɛ no sɛ, “Kɔtotɔ nneɛma a yɛde bɛdi afahyɛ no,” anaasɛ ɔmfa biribi mma ahiafoɔ. 30 Berɛ a ɔgyee paanoo sini no, ntɛm ara na ɔfirii hɔ. Ná ɛyɛ anadwo.+
31 Berɛ a ɔpueeɛ no, Yesu kaa sɛ: “Afei wɔahyɛ onipa Ba no animuonyam,+ na ne nti, wɔahyɛ Onyankopɔn animuonyam. 32 Na Onyankopɔn ankasa bɛhyɛ no animuonyam,+ na ɔbɛhyɛ no animuonyam ntɛm. 33 Mma nkumaa, me ne mo bɛtena kakra. Mobɛhwehwɛ me; na sɛdeɛ meka kyerɛɛ Yudafoɔ no sɛ, ‘Baabi a merekɔ no morentumi mma hɔ’+ no, saa ara na seesei mereka akyerɛ mo nso. 34 Mede ahyɛdeɛ foforɔ rema mo, sɛ monnodɔ mo ho; sɛdeɛ medɔ mo no,+ mo nso monnodɔ mo ho saa ara.+ 35 Sɛ mododɔ mo ho a, ɛno na ɛbɛma nnipa nyinaa ahunu sɛ moyɛ m’asuafoɔ.”+
36 Simon Petro bisaa no sɛ: “Awurade, ɛhe na worekɔ?” Ɛnna Yesu buaa sɛ: “Baabi a merekɔ no, worentumi nni m’akyi seesei, nanso akyire yi, wobɛdi akyire aba.”+ 37 Petro bisaa no sɛ: “Awurade, adɛn nti na merentumi nni w’akyi seesei? Mede me nkwa* bɛto hɔ ama wo.”+ 38 Yesu buaa sɛ: “Wode wo nkwa* bɛto hɔ ama me? Nokorɛm mereka akyerɛ wo sɛ, ansa na akokɔ bɛbɔn no, na woaka no mprɛnsa sɛ wonnim me.”*+