Luka Twerɛtohɔ
23 Enti nnipadɔm no nyinaa sɔree, na wɔde no kɔmaa Pilato.+ 2 Afei wɔfirii aseɛ bɔɔ no soboɔ+ sɛ: “Yɛahunu sɛ saa ɔbarima yi sɔre tia aban; ɔka sɛ yɛnntua toɔ mmma Kaesare,+ na ɔka sɛ ɔno ne ɔhene+ Kristo.” 3 Afei Pilato bisaa no sɛ: “Wone Yudafoɔ Hene no anaa?” Na ɔbuaa no sɛ: “Wo ara na woreka.”+ 4 Ɛnna Pilato ka kyerɛɛ asɔfoɔ mpanimfoɔ no ne nnipadɔm no sɛ: “Menhunu bɔne biara wɔ ɔbarima yi ho.”+ 5 Nanso wɔkaa no dendeenden sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛ wɔ Yudea nyinaa de sɛe nkurɔfoɔ adwene; ɔfirii aseɛ wɔ Galilea, na ɔde abɛduru ha mpo.” 6 Berɛ a Pilato tee saa no, ɔbisaa sɛ ɔbarima no yɛ Galileani anaa. 7 Berɛ a ɔhuu sɛ baabi a Herode di tumi no,+ ɛhɔ na Yesu firi no, ɔmaa wɔde no kɔmaa Herode a na ɔwɔ Yerusalem saa berɛ no.
8 Berɛ a Herode huu Yesu no, n’ani gyee yie. Deɛ enti a ɛte saa ne sɛ, na watwɛn ara sɛ ɔbɛhu Yesu, ɛfiri sɛ na wate ne ho nsɛm pii,+ na na ɔpɛ sɛ Yesu yɛ sɛnkyerɛnne bi ma ɔhunu. 9 Enti ɔfirii aseɛ bisaa Yesu nsɛm bebree, nanso wamma no mmuaeɛ biara.+ 10 Na asɔfoɔ mpanimfoɔ no ne atwerɛfoɔ no sɔre gyinaa hɔ mprɛ pii, na wɔde abufuo bɔɔ no soboɔ. 11 Ɛnna Herode ne n’asraafoɔ no guu n’anim ase,+ na wɔhyɛɛ no ataadeɛ fɛfɛɛfɛ dii ne ho agorɔ,+ na wɔsan de no kɔmaa Pilato. 12 Na Herode ne Pilato bɛyɛɛ nnamfoɔ saa da no ara. Kane no deɛ, na anka wɔyɛ atamfo.
13 Afei Pilato frɛɛ asɔfoɔ mpanimfoɔ ne mpanimfoɔ* ne ɔmanfoɔ no hyiaam, 14 na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mode ɔbarima yi brɛɛ me sɛ obi a ɔma nkurɔfoɔ no te atua. Na hwɛ! mehwehwɛɛ n’asɛm mu wɔ mo anim, nanso manhunu nnyinasoɔ biara wɔ deɛ mode bɔɔ no soboɔ no mu.+ 15 Nokwasɛm ne sɛ, Herode nso anhunu biribiara wɔ ne ho, na ɔsan de no brɛɛ yɛn. Na hwɛ! ɔnyɛɛ biribiara a enti ɛsɛ sɛ ɔwuo. 16 Enti mɛtwe n’aso+ na magyaa no.” 17 *—— 18 Na nnipadɔm no nyinaa teaam sɛ: “Kum saa ɔbarima yi,* na gyaa Baraba ma yɛn!”+ 19 (Saa Baraba yi, na wɔde no ato afiase, ɛfiri sɛ na waboa ama nkurɔfoɔ ate atua atia aban asan adi awu.) 20 Pilato ne wɔn kasaa bio, ɛfiri sɛ na ɔpɛ sɛ ɔgyaa Yesu.+ 21 Na wɔfirii aseɛ teateaam sɛ: “Bɔ no asɛndua mu! Bɔ no asɛndua mu!”*+ 22 Na ɔne wɔn kasaa mprɛnsa so sɛ: “Adɛn? Bɔne bɛn na ɔbarima yi ayɛ? Menhunu biribiara wɔ ne ho a enti ɛsɛ sɛ ɔwuo. Enti mɛtwe n’aso na magyaa no.” 23 Afei wɔde nne kɛseɛ kɔɔ so kaa sɛ ɔnku no,* enti wɔn nne boroo ne so.*+ 24 Na Pilato kaa sɛ wɔnyɛ deɛ wɔrehwehwɛ mma wɔn. 25 Enti ɔde ɔbarima a na nkurɔfoɔ no pɛ sɛ ɔgyaa no no maa wɔn, ɔbarima a aban so atuateɛ ne awudie nti, na wɔde no ato afiase no. Na Yesu deɛ, ɔde no maa wɔn sɛ wɔnkɔyɛ no deɛ wɔpɛ.
26 Berɛ a wɔde no rekɔ no, wɔkyee Simon, Kireneni bi a ɔnam kwan so reba kurom hɔ, na wɔde asɛndua* no soaa no sɛ ɔmfa nni Yesu akyi.+ 27 Ná nnipadɔm kɛseɛ bi di Yesu akyi, na na mmaa a wɔde awerɛhoɔ rebobɔ wɔn koko, na wɔresu Yesu ka ho. 28 Ɛnna Yesu danee ne ho hwɛɛ mmaa no, na ɔkaa sɛ: “Yerusalem mma mmaa, monnsu me. Na mmom monsu mo ho ne mo mma;+ 29 na hwɛ! berɛ bi reba a nkurɔfoɔ bɛka sɛ, ‘Anigyeɛ ne abonini* ne yafunu a anwo ne nufoɔ a wɔannom ano!’+ 30 Ɛnna wɔbɛfiri aseɛ aka akyerɛ mmepɔ sɛ, ‘Mommɛgu yɛn so!’ na wɔaka akyerɛ nkokoɔ sɛ, ‘Monkata yɛn so!’+ 31 Sɛ dua no yɛ mono mpo na wɔreyɛ wei a, ɛnneɛ sɛ ɛwu a, deɛn na ɛbɛsi?”
32 Ná wɔde mmarima mmienu bi a wɔyɛ akorɔmfo-werɛmfoɔ nso aka Yesu ho a wɔrekɔku wɔn.+ 33 Berɛ a wɔduruu baabi a wɔfrɛ hɔ Tikwankoraa+ no, wɔbɔɔ ɔne akorɔmfo-werɛmfoɔ no asɛndua mu wɔ hɔ, baako wɔ ne nifa, ɛnna baako wɔ ne benkum.+ 34 Na Yesu kaa sɛ: “Agya fa kyɛ wɔn, ɛfiri sɛ wɔnnim deɛ wɔreyɛ.” Bio nso, wɔbɔɔ ntonto kyɛɛ ne ntaadeɛ.+ 35 Na nkurɔfoɔ no gyinaa hɔ hwɛɛ deɛ ɛrekɔ so. Na atumfoɔ no dii ne ho fɛ kaa sɛ: “Ɔgyee nkurɔfoɔ; sɛ ɔno ne Kristo a ɔfiri Onyankopɔn hɔ, Deɛ Wɔayi No+ no a, ma ɔnnye ne ho.” 36 Asraafoɔ no mpo dii ne ho agorɔ; wɔbaa ne nkyɛn de nsã* a emu ka maa no.+ 37 Na wɔkaa sɛ: “Sɛ wone Yudafoɔ Hene no a, gye wo ho.” 38 Ná wɔatwerɛ biribi nso abɔ n’atifi sɛ: “Wei ne Yudafoɔ Hene no.”+
39 Na akorɔmfo-werɛmfoɔ a wɔsɛn dua so no baako firii aseɛ kasa tiaa no+ sɛ: “Ɛnyɛ wone Kristo no? Gye wo ho na gye yɛn!” 40 Na deɛ ɔka ho no kaa n’anim sɛ: “Enti wonsuro Onyankopɔn koraa? Asotwe a wɔde ama no no, ɛnyɛ ɛno ara bi na wɔde ama wo? 41 Yɛn deɛ, ɛfata yɛn, ɛfiri sɛ deɛ yɛyɛeɛ no so akatua na yɛn nsa aka yi. Na ɔbarima yi deɛ, ɔnyɛɛ bɔne biara.” 42 Na ɔkaa sɛ: “Yesu, sɛ woba w’Ahennie+ mu a, kae me.” 43 Ɛnna ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Nokorɛm mereka akyerɛ wo nnɛ sɛ, wobɛka me ho wɔ Paradise.”+
44 Saa berɛ yi, na ɛbɛyɛ dɔn a ɛtɔ so nsia.* Nanso esum baa asaase no nyinaa so kɔsii dɔn a ɛtɔ so nkron,*+ 45 ɛfiri sɛ awia ammɔ; afei ntwamutam a ɛwɔ kronkronbea+ hɔ no mu tee mmienu firi soro bɛsii fam.*+ 46 Na Yesu de nne kɛseɛ teaam sɛ: “Agya, wo nsam na mede me honhom hyɛ.”+ Berɛ a ɔkaa saa no, ɔwuiɛ.*+ 47 Deɛ ɔsraani panin no huu sɛ asisi no nti, ɔfirii aseɛ hyɛɛ Onyankopɔn animuonyam sɛ: “Ampa, na ɔbarima yi yɛ ɔteneneeni.”+ 48 Na berɛ a nnipadɔm a wɔahyiam sɛ wɔrebɛhwɛ deɛ ɛbɛkɔ so no nyinaa huu nsɛm a asisi no, wɔsan kɔɔ wɔn fie. Wɔrekɔ nyinaa, na wɔrebobɔ wɔn koko. 49 Ná wɔn a wɔnim no nyinaa gyinagyina akyiri. Ná mmaa a wɔdii n’akyi firii Galilea no nso wɔ hɔ, na wɔhuu deɛ ɛkɔɔ so no.+
50 Na hwɛ! Ná ɔbarima bi wɔ hɔ a wɔfrɛ no Yosef. Ná ɔyɛ Badwa* no muni, na na ɔyɛ onipa pa a ɔtene.+ 51 (Ɛpɔ a wɔbɔeɛ ne deɛ wɔyɛeɛ no, na saa ɔbarima yi mpene so.) Ná ɔfiri Yudafoɔ kuro Arimatea mu, na na ɔretwɛn Onyankopɔn Ahennie no. 52 Saa ɔbarima yi kɔɔ Pilato nkyɛn kɔsrɛɛ sɛ ɔmfa Yesu amu no mma no. 53 Na ɔyii amu no firii asɛndua* no so,+ na ɔde nwera pa kyekyeree no. Afei ɔde no kɔtoo ɛda a wɔatwa wɔ ɔbotan mu+ no mu, ɛda a wɔmfaa obiara ntoo mu da no. 54 Ná ɛyɛ Ahoboaboa Da,+ na na Homeda+ no rebɛfiri aseɛ. 55 Na mmaa a wɔne Yesu firi Galilea baeɛ no dii akyire, na wɔkɔhwɛɛ ɛda no, na wɔhuu sɛdeɛ wɔde n’amu no too mu.+ 56 Na wɔsan kɔ kɔsiesiee aduhwam ne ngo hwamhwam. Nanso wɔhomee Homeda+ no sɛdeɛ mmara no kyerɛ no.