Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • 1 Korintofoɔ 15
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ

Deɛ woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

1 Korintofoɔ Mu Nsɛntitire

      • Kristo wusɔreɛ (1-11)

      • Owusɔreɛ no ma yɛnya gyidie (12-19)

      • Kristo wusɔreɛ no yɛ nnyinasoɔ (20-34)

      • Honam nipadua ne honhom nipadua (35-49)

      • Deɛ ɛnwuo ne deɛ ɛmporɔ (50-57)

      • Monyɛ pii wɔ Awurade adwuma no mu (58)

1 Korintofoɔ 15:1

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 18:1, 11

1 Korintofoɔ 15:3

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Dw 22:15; Yes 53:8, 12; Da 9:26; 1Pe 2:24

1 Korintofoɔ 15:4

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Yes 53:9; Mt 27:59, 60
  • +Yon 1:17; Lu 24:46
  • +Mt 28:7
  • +Dw 16:10

1 Korintofoɔ 15:5

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Ɔno ara na wɔfrɛ no Petro no.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Mt 10:2; Lu 24:33, 34
  • +Yoh 20:26

1 Korintofoɔ 15:6

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Nt., “adeda.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Mt 28:16, 17

1 Korintofoɔ 15:7

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 12:17
  • +Aso 1:3, 6

1 Korintofoɔ 15:8

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 9:3-5

1 Korintofoɔ 15:9

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 8:3; Ga 1:13

1 Korintofoɔ 15:12

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 4:2; 17:31

1 Korintofoɔ 15:15

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 2:24; 4:10; 13:30, 31
  • +Aso 3:15

1 Korintofoɔ 15:17

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ro 4:25; Heb 7:25

1 Korintofoɔ 15:18

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Nt., “wɔadeda.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 7:59; 1Ko 15:14; 1Pe 1:3

1 Korintofoɔ 15:20

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Nt., “wɔadeda.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 26:23; Kol 1:18

1 Korintofoɔ 15:21

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ge 3:17, 19
  • +Yoh 11:25

1 Korintofoɔ 15:22

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ro 5:12
  • +Ro 5:17; 6:23

1 Korintofoɔ 15:23

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Adi 1:5
  • +Mt 24:3; 1Te 4:16

1 Korintofoɔ 15:24

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Da 2:44

1 Korintofoɔ 15:25

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Dw 110:1, 2

1 Korintofoɔ 15:26

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Adi 20:14

1 Korintofoɔ 15:27

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Dw 8:6; Efe 1:22
  • +Heb 2:8
  • +1Pe 3:22

1 Korintofoɔ 15:28

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Yoh 14:28
  • +1Ko 3:23

1 Korintofoɔ 15:29

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ro 6:4

1 Korintofoɔ 15:30

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “dɔn.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ro 8:36; 2Ko 11:23-27

1 Korintofoɔ 15:32

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “nkekaboa; mmoa a wɔn ho yɛ hu.”

  • *

    Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “sɛdeɛ ɛteɛ wɔ nnipa ani so.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Ko 1:8
  • +Yes 22:13

1 Korintofoɔ 15:33

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Mme 13:20; 1Ko 5:6

1 Korintofoɔ 15:35

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Yo 3:2

1 Korintofoɔ 15:37

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Ɛbɛtumi aba sɛ ɛyɛ baali.

1 Korintofoɔ 15:39

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “mmoa a wɔn nan yɛ nnan.”

1 Korintofoɔ 15:40

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Mt 28:3; Lu 24:4
  • +Heb 2:6, 7

1 Korintofoɔ 15:41

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ge 1:16

1 Korintofoɔ 15:42

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ro 2:6, 7

1 Korintofoɔ 15:43

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Kol 3:4
  • +Adi 20:4

1 Korintofoɔ 15:45

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “ɔkra teasefoɔ.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ge 2:7
  • +Yoh 5:26; 1Ti 3:16

1 Korintofoɔ 15:47

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ge 2:7
  • +Yoh 3:13

1 Korintofoɔ 15:48

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Flp 3:20, 21

1 Korintofoɔ 15:49

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ge 5:3
  • +Ro 8:29

1 Korintofoɔ 15:51

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Nt., “yɛbɛdeda.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Te 4:17

1 Korintofoɔ 15:52

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Te 4:16

1 Korintofoɔ 15:53

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ro 2:6, 7
  • +2Ko 5:4

1 Korintofoɔ 15:54

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Yes 25:8; Adi 20:6

1 Korintofoɔ 15:55

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ho 13:14

1 Korintofoɔ 15:56

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ro 6:23
  • +Ro 3:20; 7:12, 13

1 Korintofoɔ 15:57

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Yoh 3:16; Aso 4:12

1 Korintofoɔ 15:58

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Kol 1:23; Heb 3:14; 2Pe 3:17
  • +Ro 12:11
  • +2Be 15:7; 1Ko 3:8; Adi 14:13

Bible Afoforɔ

Klike nkyekyɛmu bi so. Ɛbɛma woahunu asɛm korɔ no ara wɔ Bible afoforɔ mu.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So No Nyinaa

1 Kor. 15:1Aso 18:1, 11
1 Kor. 15:3Dw 22:15; Yes 53:8, 12; Da 9:26; 1Pe 2:24
1 Kor. 15:4Yes 53:9; Mt 27:59, 60
1 Kor. 15:4Yon 1:17; Lu 24:46
1 Kor. 15:4Mt 28:7
1 Kor. 15:4Dw 16:10
1 Kor. 15:5Mt 10:2; Lu 24:33, 34
1 Kor. 15:5Yoh 20:26
1 Kor. 15:6Mt 28:16, 17
1 Kor. 15:7Aso 12:17
1 Kor. 15:7Aso 1:3, 6
1 Kor. 15:8Aso 9:3-5
1 Kor. 15:9Aso 8:3; Ga 1:13
1 Kor. 15:12Aso 4:2; 17:31
1 Kor. 15:15Aso 2:24; 4:10; 13:30, 31
1 Kor. 15:15Aso 3:15
1 Kor. 15:17Ro 4:25; Heb 7:25
1 Kor. 15:18Aso 7:59; 1Ko 15:14; 1Pe 1:3
1 Kor. 15:20Aso 26:23; Kol 1:18
1 Kor. 15:21Ge 3:17, 19
1 Kor. 15:21Yoh 11:25
1 Kor. 15:22Ro 5:12
1 Kor. 15:22Ro 5:17; 6:23
1 Kor. 15:23Adi 1:5
1 Kor. 15:23Mt 24:3; 1Te 4:16
1 Kor. 15:24Da 2:44
1 Kor. 15:25Dw 110:1, 2
1 Kor. 15:26Adi 20:14
1 Kor. 15:27Dw 8:6; Efe 1:22
1 Kor. 15:27Heb 2:8
1 Kor. 15:271Pe 3:22
1 Kor. 15:28Yoh 14:28
1 Kor. 15:281Ko 3:23
1 Kor. 15:29Ro 6:4
1 Kor. 15:30Ro 8:36; 2Ko 11:23-27
1 Kor. 15:322Ko 1:8
1 Kor. 15:32Yes 22:13
1 Kor. 15:33Mme 13:20; 1Ko 5:6
1 Kor. 15:351Yo 3:2
1 Kor. 15:40Mt 28:3; Lu 24:4
1 Kor. 15:40Heb 2:6, 7
1 Kor. 15:41Ge 1:16
1 Kor. 15:42Ro 2:6, 7
1 Kor. 15:43Kol 3:4
1 Kor. 15:43Adi 20:4
1 Kor. 15:45Ge 2:7
1 Kor. 15:45Yoh 5:26; 1Ti 3:16
1 Kor. 15:47Ge 2:7
1 Kor. 15:47Yoh 3:13
1 Kor. 15:48Flp 3:20, 21
1 Kor. 15:49Ge 5:3
1 Kor. 15:49Ro 8:29
1 Kor. 15:511Te 4:17
1 Kor. 15:521Te 4:16
1 Kor. 15:53Ro 2:6, 7
1 Kor. 15:532Ko 5:4
1 Kor. 15:54Yes 25:8; Adi 20:6
1 Kor. 15:55Ho 13:14
1 Kor. 15:56Ro 6:23
1 Kor. 15:56Ro 3:20; 7:12, 13
1 Kor. 15:57Yoh 3:16; Aso 4:12
1 Kor. 15:58Kol 1:23; Heb 3:14; 2Pe 3:17
1 Kor. 15:58Ro 12:11
1 Kor. 15:582Be 15:7; 1Ko 3:8; Adi 14:13
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
  • Kenkan wɔ Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ (Asante) mu
  • 1
  • 2
  • 3
  • 4
  • 5
  • 6
  • 7
  • 8
  • 9
  • 10
  • 11
  • 12
  • 13
  • 14
  • 15
  • 16
  • 17
  • 18
  • 19
  • 20
  • 21
  • 22
  • 23
  • 24
  • 25
  • 26
  • 27
  • 28
  • 29
  • 30
  • 31
  • 32
  • 33
  • 34
  • 35
  • 36
  • 37
  • 38
  • 39
  • 40
  • 41
  • 42
  • 43
  • 44
  • 45
  • 46
  • 47
  • 48
  • 49
  • 50
  • 51
  • 52
  • 53
  • 54
  • 55
  • 56
  • 57
  • 58
Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
1 Korintofoɔ 15:1-58

Krataa a Ɛdi Kan a Ɔde Kɔmaa Korintofoɔ

15 Afei anuanom, merekae mo asɛmpa a meka kyerɛɛ mo,+ a mo nso mogye toom, na mokura mu no. 2 Sɛ mokura asɛmpa a meka kyerɛɛ mo no mu dendeenden a, ɛnneɛ na wɔnam so regye mo nkwa. Anyɛ saa a, ɛnneɛ na mobɛyɛɛ agyidifoɔ kwa.

3 Na nneɛma a ɛdi kan a me nso menyaeɛ a mede maa mo no, ebi ne sɛ, yɛn bɔne nti na Kristo wuiɛ, sɛdeɛ Twerɛnsɛm no ka no.+ 4 Wɔsiee no,+ aane, na da a ɛtɔ so mmiɛnsa+ no, wɔnyanee no,+ sɛdeɛ Twerɛnsɛm no ka no;+ 5 na ɔyii ne ho adi kyerɛɛ Kefa,*+ ɛnna afei ɔyii ne ho adi kyerɛɛ Dumienu no.+ 6 Ɛno akyi no, ɔyii ne ho adi kyerɛɛ anuanom bɛboro 500 berɛ korɔ mu.+ Ɛwom, wɔn mu binom awuwu,* nanso wɔn mu dodoɔ no ara da so ne yɛn wɔ hɔ. 7 Ɛno akyi no, ɔyii ne ho adi kyerɛɛ Yakobo,+ ne afei asomafoɔ no nyinaa.+ 8 Deɛ ɛtwa toɔ koraa no, ɔyii ne ho adi kyerɛɛ me+ a mete sɛ obi a ne berɛ anso na wɔwoo no no.

9 Na mene deɛ ɔsua koraa wɔ asomafoɔ no mu, na memfata sɛ wɔfrɛ me ɔsomafoɔ, ɛfiri sɛ metan Onyankopɔn asafo no ani.+ 10 Nanso Onyankopɔn adom nti na mete sɛdeɛ meteɛ yi. Na adom a ɔde adom me no anyɛ kwa, na mmom meyɛɛ adwuma pii senee wɔn a aka nyinaa. Nanso ɛnyɛ me na meyɛeɛ; mmom ɛyɛ Onyankopɔn adom a ɛka me ho no ntira. 11 Nso sɛ ɛyɛ me oo, sɛ ɛyɛ wɔn oo, saa na yɛka asɛm no, na saa na moagye adi.

12 Afei, sɛ yɛreka sɛ wɔanyane Kristo afiri awufoɔ mu+ a, ɛnneɛ adɛn nti na mo mu bi ka sɛ awufoɔ rennya owusɔreɛ? 13 Na sɛ awufoɔ rennya owusɔreɛ a, ɛnneɛ na wɔannyane Kristo nso. 14 Na sɛ wɔannyane Kristo a, ɛnneɛ yɛn asɛnka yɛ kwa, na mo gyidie nso yɛ kwa. 15 Bio nso, sɛ ɛyɛ ampa sɛ wɔrennyane awufoɔ, ɛnna yɛreka sɛ Onyankopɔn anyane Kristo a, ɛnneɛ na yɛadi adanseɛ atia Onyankopɔn,+ na wɔbɛbu yɛn sɛ yɛdi Onyankopɔn ho adanseɛ a ɛnyɛ nokorɛ.+ 16 Na sɛ wɔrennyane awufoɔ a, na ɛkyerɛ sɛ wɔannyane Kristo nso. 17 Bio nso, sɛ wɔannyane Kristo a, ɛnneɛ na mo gyidie so nni mfasoɔ, na moda so ara wɔ mo bɔne mu.+ 18 Ɛbɛkyerɛ nso sɛ, wɔn a wɔawuwu* wɔ Kristo mu no ayera korakora.+ 19 Sɛ asetena yi mu nko ara na yɛwɔ Kristo mu anidasoɔ a, ɛnneɛ na yɛn na yɛyɛ mmɔbɔ paa wɔ nnipa nyinaa mu.

20 Nanso afei wɔanyane Kristo afiri awufoɔ mu. Ɔno na ɔyɛ wɔn a wɔawuwuo* no aba a ɛdi kan.+ 21 Na sɛdeɛ ɛnam onipa so na owuo baeɛ+ no, saa ara na ɛnam onipa so na owusɔreɛ nso bɛba.+ 22 Na sɛdeɛ obiara rewu wɔ Adam mu+ no, saa ara na wɔbɛma obiara anya nkwa wɔ Kristo mu.+ 23 Nanso obiara ne ne berɛ: Kristo ne aba a ɛdi kan+ no, ansa na wɔn a wɔyɛ Kristo dea no adi hɔ wɔ ne mmaeɛ mu.+ 24 Ɛno akyi na awieeɛ no bɛba, na ɔde Ahennie no bɛhyɛ ne Nyankopɔn ne n’Agya nsa, berɛ a watu aban nyinaa ne tumi ne ahoɔden nyinaa agu no.+ 25 Na ɛsɛ sɛ ɔdi hene kɔsi sɛ Onyankopɔn de atamfo nyinaa bɛgu ne nan ase.+ 26 Na ɔtamfo a ɔtwa toɔ a ɔbɛtu n’ase ne owuo.+ 27 Na Onyankopɔn “de nneɛma nyinaa guu ne nan ase.”+ Na sɛ ɔka sɛ ‘wɔde nneɛma nyinaa agu ne nan ase’+ a, emu da hɔ pefee sɛ Deɛ ɔde nneɛma nyinaa guu ne nan ase no nka ho bi.+ 28 Na sɛ ɔnya de nneɛma nyinaa gu ne nan ase a, afei Ɔba no ankasa nso de ne ho bɛhyɛ Deɛ ɔde nneɛma nyinaa guu ne nan ase no ase,+ na Onyankopɔn ayɛ adeɛ nyinaa ama obiara.+

29 Anyɛ saa a, anka wɔn a wɔbɔ wɔn asu kɔ owuo mu no, mfasoɔ bɛn na ɛwɔ so ma wɔn?+ Na sɛ wɔrennyane awufoɔ koraa a, ɛnneɛ adɛn nti na wɔbɔ wɔn asu kɔ owuo mu? 30 Adɛn nti nso na berɛ* biara yɛwɔ asiane mu?+ 31 Da biara, me ne owuo bɔ mpunimpu. Anuanom, wei yɛ nokorɛ turodoo te sɛ ahurisie a medi no mo ho wɔ yɛn Awurade Yesu Kristo mu no. 32 Sɛ me ne mmoa* koo wɔ Efeso+ sɛdeɛ ebinom yɛeɛ* no a, mfasoɔ bɛn na ɛwɔ so ma me? Sɛ wɔrennyane awufoɔ a, ɛnneɛ “momma yɛnnidi na yɛnnom, na ɔkyena na yɛawu.”+ 33 Mommma wɔnnnaadaa mo. Fekubɔne sɛe ɔbra pa.+ 34 Momma mo ani nna hɔ wɔ tenenee mu, na monntena bɔne mu, ɛfiri sɛ ebinom nni Onyankopɔn ho nimdeɛ. Merekasa de ahyɛ mo aniwuo.

35 Nanso obi bɛbisa sɛ: “Ɛkwan bɛn na wɔbɛfa so anyane awufoɔ? Nipadua bɛn mpo na wɔde bɛba?”+ 36 Onipa a wonni adwene! Wodua adeɛ a, ɛrennya nkwa, gye sɛ ɛdi kan wu ansa. 37 Wodua adeɛ a, sɛ ɛyɛ hwiit* oo, sɛ ɛyɛ biribi foforɔ biara oo, ɛnyɛ dua a ɛbɛnyini abɛyɛ no na wodua, na mmom aba kɛkɛ na wodua. 38 Nanso Onyankopɔn ma deɛ woadua no nyini bɛyɛ dua a ɔpɛ; aba biara ne dua a ɔma no nyini bɛyɛ. 39 Ɔhonam nyinaa nyɛ honam korɔ. Ɛsono nnipa honam, ɛnna ɛsono afieboa* honam; ɛsono nnomaa honam, ɛnna ɛsono mpataa honam. 40 Na ɔsoro nipadua wɔ hɔ,+ ɛnna asaase so nipadua wɔ hɔ;+ ɔsoro nipadua animuonyam nko, ɛnna asaase so nipadua deɛ nko. 41 Awia animuonyam nko, bosome animuonyam nko,+ ɛnna nsoromma nso animuonyam nko. Na nsoromma mpo, emu biara ne n’animuonyam.

42 Saa ara na owusɔreɛ a awufoɔ bɛnya no teɛ. Wɔdua no deɛ ɛporɔ mu; wɔnyane no deɛ ɛmporɔ mu.+ 43 Wɔdua no animguaseɛ mu; wɔnyane no animuonyam mu.+ Wɔdua no mmerɛyɛ mu; wɔnyane no tumi mu.+ 44 Wɔdua no honam nipadua; wɔnyane no honhom nipadua. Sɛ honam nipadua wɔ hɔ a, ɛnneɛ honhom nipadua nso wɔ hɔ. 45 Saa ara nso na wɔatwerɛ sɛ: “Onipa a ɔdi kan, Adam, bɛyɛɛ ɔteasefoɔ.”*+ Adam a ɔdi akyire no bɛyɛɛ honhom a ɔma nkwa.+ 46 Nanso, ɛnyɛ honhom mu deɛ no na ɛdi kan. Mmom honam mu deɛ no na ɛdi kan, na ɛno akyi no, honhom mu deɛ no adi hɔ. 47 Onipa a ɔdi kan no firi asaase so, na wɔde dɔteɛ na ɛyɛɛ no;+ onipa a ɔtɔ so mmienu no firi soro.+ 48 Wɔn a wɔde dɔteɛ yɛɛ wɔn no, wɔte sɛ deɛ wɔde dɔteɛ yɛɛ no no. Na wɔn a wɔwɔ soro no, wɔte sɛ deɛ ɔfiri soro baeɛ no.+ 49 Na sɛdeɛ yɛayɛ te sɛ deɛ wɔde dɔteɛ yɛɛ no no,+ saa ara nso na yɛbɛyɛ sɛ deɛ ɔfiri soro no.+

50 Nanso anuanom, deɛ mereka akyerɛ mo ne sɛ, honam ne mogya rentumi nnya Onyankopɔn Ahennie, na saa ara na deɛ ɛporɔ rentumi nnya deɛ ɛmporɔ. 51 Hwɛ! Mereka ahintasɛm kronkron bi akyerɛ mo: Ɛnyɛ yɛn nyinaa na yɛbɛwuwu,* na mmom yɛn nyinaa bɛsesa,+ 52 ntɛm so, anibuo mu, totorobɛnto a ɛtwa toɔ no mu. Na totorobɛnto no bɛbɔ,+ na wɔbɛnyane awufoɔ sɛ wɔn a wɔmporɔ, na yɛbɛsesa. 53 Na ɛsɛ sɛ deɛ ɛporɔ yi hyɛ deɛ ɛmporɔ,+ na deɛ ɛwuo yi hyɛ deɛ ɛntumi nwu da.+ 54 Na sɛ deɛ ɛporɔ yi hyɛ deɛ ɛmporɔ, na deɛ ɛwuo yi hyɛ deɛ ɛntumi nwu da no a, ɛno na asɛm a wɔatwerɛ no bɛba mu sɛ: “Wɔamene owuo afebɔɔ.”+ 55 “Owuo, wo nkonimdie wɔ he? Owuo, adeɛ a wode wowɔ no wɔ he?”+ 56 Adeɛ a ɛwowɔ a ɛde owuo ba ne bɔne,+ na Mmara no na ɛma bɔne nya tumi.+ 57 Nanso aseda nka Onyankopɔn, ɛfiri sɛ ɔnam yɛn Awurade Yesu Kristo so ma yɛdi nkonim!+

58 Enti me nuanom adɔfo, montintim,+ monnhinhim, monyɛ pii+ wɔ Awurade adwuma no mu daa, na monim sɛ mo brɛ renyɛ kwa+ Awurade mu.

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane