Yohane Twerɛtohɔ
20 Nnawɔtwe no da a ɛdi kan no, Maria Magdalene kɔɔ ɛda no so anɔpatutuutu;+ ná animu ntetee. Na ɔhuu sɛ wɔayi boɔ no afiri ɛda no ano dada.+ 2 Enti ɔde mmirika kɔɔ Simon Petro ne osuani foforɔ a Awurade pɛ n’asɛm no+ nkyɛn, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Wɔayi Awurade afiri ɛda no mu,+ na yɛnnim baabi a wɔde no akɔto.”
3 Ɛnna Petro ne osuani foforɔ no siim sɛ wɔrekɔ ɛda no so. 4 Wɔn mmienu no firii aseɛ tuu mmirika, nanso na osuani baako no mmirika mu yɛ den sene Petro, enti ɔduruu ɛda no ho kane. 5 Berɛ a ɔbɔɔ ne mu ase hwɛɛ mu no, ɔhuu sɛ nwera no gu hɔ,+ nanso wankɔ mu. 6 Simon Petro nso dii n’akyi bae, na ɔkɔɔ ɛda no mu. Na ɔhuu sɛ nwera no gu hɔ. 7 Ntoma a wɔde kyekyeree ne ti no, na ɛnka nwera no ho. Mmom na wɔabobɔ agu nkyɛn baabi. 8 Afei osuani a ɔduruu ɛda no ho kane no nso kɔɔ mu, na ɔhunui, na ɔgye dii. 9 Ɛfiri sɛ saa berɛ no, na wɔnnya ntee twerɛsɛm no ase sɛ, ɛsɛ sɛ ɔnyane firi awufoɔ mu.+ 10 Enti asuafoɔ no san kɔɔ wɔn fie.
11 Maria deɛ, na ɔda so ara gyina ɛda no nkyɛn baabi resu. Berɛ a ɔresu no, ɔbɔɔ ne mu ase hwɛɛ ɛda no mu. 12 Na ɔhuu abɔfoɔ mmienu+ a wɔhyehyɛ ntaade fitaa sɛ wɔtete baabi a na Yesu amu no da no. Ná ɔbaako te atifi, ɛnna ɔbaako te anaafoɔ. 13 Ɛnna wɔbisaa no sɛ: “Ɔbaa, adɛn nti na woresu?” Ɛnna ɔbuaa wɔn sɛ: “Wɔafa me Wura kɔ, na mennim baabi a wɔde no akɔto.” 14 Berɛ a ɔkaa saa no, ɔdanee ne ho, na ɔhuu sɛ Yesu gyina hɔ, nanso na ɔnnim sɛ ɛyɛ Yesu.+ 15 Yesu bisaa no sɛ: “Ɔbaa, adɛn nti na woresu? Hwan na worehwehwɛ no?” Maria deɛ, na n’adwene yɛ no sɛ ɛyɛ deɛ ɔhwɛ turom hɔ no. Enti ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Owura, sɛ woafa no afiri ha a, kyerɛ me baabi a wode no akɔto na menkɔfa no nkɔ.” 16 Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Maria!” Na Maria danee ne ho ka kyerɛɛ no Hebri mu sɛ: “Rabuni!” (aseɛ ne “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ!”) 17 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Gyaa me mu, ɛfiri sɛ mennya nkɔɔ Agya no hɔ. Mmom kɔ me nuanom nkyɛn,+ na kɔka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Merekɔ m’Agya+ ne mo Agya, ne me Nyankopɔn+ ne mo Nyankopɔn nkyɛn.’” 18 Maria Magdalene bɛkaa deɛ asi no kyerɛɛ asuafoɔ no sɛ: “Mahunu Awurade!” Na deɛ Yesu ka kyerɛɛ no no, ɔka kyerɛɛ wɔn.+
19 Saa da no, nnawɔtwe no da a ɛdi kan no, na asuafoɔ no ahyiam anwummerɛ. Na Yudafoɔ no ho suro nti, na wɔatoto apono no mu. Nanso Yesu ba bɛgyinaa wɔn mfimfini, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Asomdwoeɛ nka mo.”+ 20 Berɛ a ɔkaa saa no, ɔde ne nsa ne ne mfe kyerɛɛ wɔn.+ Na asuafoɔ no dii ahurisie sɛ wɔahu Awurade.+ 21 Yesu san ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Asomdwoeɛ nka mo.+ Sɛdeɛ Agya no asoma me no,+ me nso meresoma mo.”+ 22 Berɛ a ɔkaa saa wieeɛ no, ɔhuu mframa guu wɔn so, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monnye honhom kronkron.+ 23 Obiara a mode ne bɔne bɛkyɛ no no, wɔde bɛkyɛ no; obiara a moamfa ne bɔne ankyɛ no no, wɔremfa nkyɛ no.”
24 Berɛ a Yesu baeɛ no, na Toma,+ Dumienu no mu baako a wɔfrɛ no Ata no, nka wɔn ho. 25 Enti asuafoɔ a aka no ka kyerɛɛ no sɛ: “Yɛahu Awurade!” Nanso ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Sɛ manhu nnadewa no ananmu wɔ ne nsam, na mamfa me nsateaa anka nnadewa no ananmu, na mamfa me nsa anka ne mfe mu a,+ merennye nni da.”
26 Ne nnawɔtwe akyi no, na asuafoɔ no wɔ dan mu bio, na na Toma ka wɔn ho. Ɛwom sɛ na wɔatoto apono no mu deɛ, nanso Yesu ba bɛgyinaa wɔn mfimfini, na ɔkaa sɛ: “Asomdwoeɛ nka mo.”+ 27 Afei ɔka kyerɛɛ Toma sɛ: “Fa wo nsateaa ka ha, na hwɛ me nsam, na fa wo nsa ka me mfe, na gyae akyinnyegyeɛ na gye di.” 28 Toma ka kyerɛɛ no sɛ: “M’Awurade ne me Nyankopɔn!” 29 Ɛnna Yesu bisaa no sɛ: “Woahu me nti na afei woagye adi yi? Anigyeɛ ne wɔn a wɔnhuiɛ nanso wɔgye die.”
30 Nokwasɛm nie, Yesu san yɛɛ nsɛnkyerɛnne foforɔ bebree wɔ asuafoɔ no anim a wɔantwerɛ wɔ nwoma mmobɔeɛ yi mu.+ 31 Nanso wɔatwerɛ weinom ato hɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mobɛgye adi sɛ Yesu ne Kristo no, Onyankopɔn Ba no. Na ɛsiane sɛ mogye die nti, monam ne din so anya nkwa.+