Luka Twerɛtohɔ
24 Na nnawɔtwe no da a ɛdi kan no, wɔde aduhwam a wɔasiesie no kɔɔ ɛda no so anɔpatutuutu.+ 2 Nanso wɔhuu sɛ wɔapia boɔ no afiri ɛda no ano,+ 3 na berɛ a wɔkɔɔ mu no, wɔanhunu Awurade Yesu amu no.+ 4 Wei maa wɔn adwene tu frae. Na hwɛ! mmarima mmienu a wɔhyehyɛ ntaadeɛ hyɛnhyɛn bɛgyinaa wɔn nkyɛn. 5 Ehu kaa mmaa no, na wɔsisii wɔn tiri ase. Enti mmarima no bisaa wɔn sɛ: “Adɛn nti na morehwehwɛ deɛ ɔte ase no wɔ awufoɔ mu?+ 6 Ɔnni ha, na mmom wɔanyane no. Mokae deɛ ɔka kyerɛɛ mo berɛ a na ɔda so wɔ Galilea no? 7 Ɔkaa sɛ, ɛsɛ sɛ wɔyi onipa Ba no hyɛ abɔnefoɔ nsa na wɔbɔ no asɛndua mu, na da a ɛtɔ so mmiɛnsa no wasɔre.”+ 8 Enti wɔkaee ne nsɛm no,+ 9 na wɔsan firii ɛda no so, na wɔkɔkaa weinom nyinaa kyerɛɛ Dubaako no ne wɔn a aka no nyinaa.+ 10 Ná mmaa no ne Maria Magdalene, ne Yoana, ne Yakobo maame Maria. Afei nso, mmaa a aka a wɔka wɔn ho no kaa weinom kyerɛɛ asomafoɔ no. 11 Nanso, nsɛm yi yɛɛ wɔn sɛ anansesɛm* bi, na wɔannye mmaa no anni.
12 Nanso Petro sɔree, na ɔtuu mmirika kɔɔ ɛda no so, na berɛ a ɔbɔɔ ne mu ase no, ɔhuu nwera no nko ara. Enti ɔfirii hɔ kɔe; ɔrekɔ nyinaa, na deɛ asi no nsene ne tirim.
13 Na hwɛ! saa da no ara, na asuafoɔ no mmienu rekɔ Emaus a ɛyɛ akuraa bi ase. Ɛfiri hɔ rekɔ Yerusalem bɛyɛ akwansini nson,* 14 na na wɔrebɔ deɛ asi no nyinaa ho nkɔmmɔ.
15 Berɛ a wɔrebɔ nkɔmmɔ na wɔredwendwene deɛ asi no ho no, Yesu ankasa bɛtoo wɔn, na ɔfirii aseɛ ne wɔn bɔɔ anan nantee. 16 Nanso wɔanhunu sɛ ɛyɛ ɔno a.+ 17 Ɔbisaa wɔn sɛ: “Ɛdeɛn asɛm na monam kwan so redi ho nkɔmmɔ dendeenden yi?” Na wɔgyinae, na na wɔn werɛ aho. 18 Wɔn mu baako a ne din de Kleopa ka kyerɛɛ no sɛ: “Enti deɛ akɔ so nnansa yi wɔ Yerusalem no, wontee? Adɛn, woyɛ hɔhoɔ?”* 19 Na ɔbisaa wɔn sɛ: “Asɛm bɛn na asi?” Wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Deɛ ɛfa Nasaretni+ Yesu ho no, deɛ ɔbɛyɛɛ odiyifoɔ wɔ Onyankopɔn ne ɔman no nyinaa anim no. Ná ɔwɔ tumi wɔ ne nnwuma ne ne kasa mu.+ 20 Yɛn asɔfoɔ mpanimfoɔ ne atumfoɔ no yii no mae maa wɔbuu no kumfɔ,+ na wɔbɔɔ no asɛndua mu. 21 Ná yɛwɔ anidasoɔ sɛ saa ɔbarima yi ne deɛ na ɔreba abɛgye Israel+ no. Na weinom nyinaa akyi no, ɛnnɛ ne da a ɛtɔ so mmiɛnsa a nsɛm yi sisiiɛ. 22 Bio nso, mmaa bi a wɔka yɛn ho nso abɛma yɛn ho adwiri yɛn, ɛfiri sɛ wɔkɔɔ ɛda no so anɔpatutuutu+ 23 nanso wɔanhunu n’amu no. Wɔkaa nso sɛ wɔakɔhu abɔfoɔ bi wɔ hɔ, na abɔfoɔ no se Yesu te ase. 24 Na wɔn a na yɛne wɔn wɔ hɔ no binom kɔɔ ɛda no so,+ na wɔkɔhuu sɛ, deɛ mmaa no bɛkaeɛ no te saa pɛpɛɛpɛ, nanso wɔanhu Yesu.”
25 Enti ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “O mo a monni nteaseɛ, mo a ɛyɛ den ma mo sɛ mode mo akoma bɛgye* deɛ adiyifoɔ no kaeɛ nyinaa adi! 26 Ná ɛhia sɛ Kristo no hunu saa amane yi nyinaa+ na ɔkɔ n’animuonyam mu.+ Ɛnte saa?” 27 Na ne ho nsɛm a ɛwɔ Twerɛnsɛm no mu no nyinaa, ɔkyerɛɛ mu kyerɛɛ wɔn; ɔhyɛɛ aseɛ firii deɛ Mose ne Adiyifoɔ no nyinaa+ twerɛeɛ so.
28 Awieeɛ koraa no, wɔbɛn akuraa a na wɔrekɔ aseɛ no, na ɔyɛɛ sɛ deɛ ɔretoa so akɔ n’anim. 29 Nanso wɔsrɛɛ no ara sɛ: “Tena yɛn nkyɛn, ɛfiri sɛ awia rekɔtɔ, na adeɛ reyɛ asa.” Enti ɔne wɔn kɔe, na ɔtenaa wɔn nkyɛn. 30 Na berɛ a ɔne wɔn redidi* no, ɔfaa paanoo, ɔhyiraa so, na ɔbubuu mu. Na ɔfirii aseɛ de maa wɔn.+ 31 Ɛnna wɔn ani bueeɛ, na wɔhuu sɛ ɛyɛ ɔno a; nanso ɔyera firii wɔn nkyɛn.+ 32 Na wɔkeka kyerɛɛ wɔn ho sɛ: “Berɛ a ɔne yɛn rekasa wɔ kwan so, na ɔrekyerɛ Twerɛnsɛm no mu yie* akyerɛ yɛn no, anka* yɛn akoma anaa?” 33 Na saa berɛ no ara, wɔsɔree, na wɔsan kɔɔ Yerusalem, na wɔkɔhuu Dubaako no ne wɔn a wɔka wɔn ho no sɛ wɔahyiam. 34 Ná wɔreka sɛ: “Ampa, wɔanyane Awurade, na ɔyii ne ho adi kyerɛɛ Simon!”+ 35 Ɛnna wɔn nso kaa nsɛm a ɛsii wɔ kwan so, ne sɛdeɛ ɔbubuu paanoo a ɛmaa wɔhuu sɛ ɛyɛ ɔno a no.+
36 Berɛ a wɔgu so reka weinom nyinaa no, ɔno ankasa bɛgyinaa wɔn mfimfini ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Asomdwoeɛ nka mo.”+ 37 Nanso ɛsiane sɛ na ehu aka wɔn na wɔsuro nti, ɛyɛɛ wɔn sɛ wɔahunu honhom bi. 38 Enti ɔbisaa wɔn sɛ: “Adɛn nti na mo akoma atu, na adɛn nti na mo akoma nsi mo pi? 39 Monhwɛ me nsa ne me nan, na monhunu sɛ ɛyɛ me ara; momfa mo nsa nka me nhwɛ, ɛfiri sɛ honhom nni honam ne nnompe sɛdeɛ mohunu sɛ mewɔ bi yi.” 40 Berɛ a ɔkaa wei no, ɔde ne nsa ne ne nan kyerɛɛ wɔn. 41 Nanso anigyeɛ ne ahodwire nti, na wɔda so ara nnye nni. Enti ɔbisaa wɔn sɛ: “Mowɔ aduane wɔ hɔ?” 42 Ɛnna wɔmaa no apataa sini bi a wɔatoto, 43 na ɔgye wee wɔ wɔn anim.
44 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Wei ne me nsɛm a meka kyerɛɛ mo berɛ a na meda so ka mo ho no.+ Meka kyerɛɛ mo sɛ, ɛsɛ sɛ biribiara a wɔatwerɛ afa me ho wɔ Mose Mmara ne Adiyifoɔ no ne Nnwom no mu no ba mu.”+ 45 Afei ɔbuee wɔn adwene mu yie maa wɔtee Twerɛnsɛm no ase.+ 46 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Deɛ wɔatwerɛ nie: Kristo no bɛhunu amane, na da a ɛtɔ so mmiɛnsa no wasɔre afiri awufoɔ mu,+ 47 na ne din na wɔbɛgyina so aka akyerɛ amanaman+ nyinaa sɛ wɔnsakra wɔn adwene sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔde wɔn bɔne bɛkyɛ wɔn;+ Yerusalem na wɔbɛfiri aseɛ afire.+ 48 Mo na mobɛyɛ nneɛma yi ho adansefoɔ.+ 49 Na hwɛ! meresoma deɛ m’Agya ahyɛ ho bɔ no aba mo so. Enti montena kuro no mu nkɔsi sɛ mobɛnya tumi afiri soro.”+
50 Na ɔdii wɔn anim de wɔn pueeɛ, na ɔde wɔn kɔeɛ ara kɔduruu Betania, na ɔmaa ne nsa so hyiraa wɔn. 51 Berɛ a ɔgu so rehyira wɔn no, ɔne wɔn ntam twee, na wɔmaa ne so kɔɔ soro.+ 52 Na wɔkotoo no, na wɔsan de anigyeɛ kɛseɛ baa Yerusalem.+ 53 Na daa na wɔwɔ asɔrefie hɔ reyi Onyankopɔn ayɛ.+