Ɔde Kɔmaa Hebrifoɔ
3 Enti anuanom a moyɛ kronkron a wɔafrɛ mo rekɔ soro,+ monsusu Yesu a ɔyɛ ɔsomafoɔ ne ɔsɔfo panin a yɛgye no tom* no ho.+ 2 Ɔdii Onii a ɔyii no no nokorɛ,+ sɛdeɛ Mose nso dii biribiara mu nokorɛ wɔ Onii no fie+ no. 3 Afei nso, wɔbu no* sɛ ɔfata animuonyam sene Mose,+ ɛfiri sɛ deɛ ɔsi fie no wɔ anidie sene efie no. 4 Deɛ ɛwom ne sɛ, efie biara obi na ɔsi, na deɛ ɔyɛɛ nneɛma nyinaa ne Onyankopɔn. 5 Ná Mose yɛ ɔsomfoɔ wɔ Onii no fie, na ɔdii biribiara mu nokorɛ de dii nsɛm a wɔbɛka no akyire yi ho adanseɛ, 6 na Kristo deɛ, ɔdii nokorɛ sɛ ɔba+ a ɔhwɛ Onyankopɔn fie so. Sɛ yɛsɔ ahotɔsoɔ a yɛde kasa ne anidasoɔ a yɛde hoahoa yɛn ho no mu dendeenden kɔsi awieeɛ a, ɛnneɛ na yɛyɛ Onyankopɔn fie+ ampa.
7 Enti sɛdeɛ honhom kronkron ka+ no, “Ɛnnɛ, sɛ mote Onyankopɔn nne a, 8 mommpirim mo akoma te sɛ berɛ a wɔhyɛɛ me abufuo dendeenden no, te sɛ da a wɔsɔɔ me hwɛɛ wɔ serɛ so hɔ,+ 9 baabi a mo agyanom gyegyee me na wɔsɔɔ me hwɛeɛ no. Mereka yi, na wɔahunu me nnwuma mfeɛ 40.+ 10 Ɛno nti, awoɔ ntoatoasoɔ yi ho yɛɛ me abofono, na mekaa sɛ: ‘Daa wɔfom kwan wɔ wɔn akoma mu, na wɔnhuu m’akwan.’ 11 Enti mede abufuo kaa ntam sɛ: ‘Wɔrenkɔ me home mu.’”+
12 Anuanom, monhwɛ yie na akoma bɔne a ɛnni gyidie amma mo mu biara mu da, na wantwe ne ho amfiri Onyankopɔn teasefoɔ no ho;+ 13 mmom monkɔ so nhyehyɛ mo ho nkuran da biara, ɛda biara a wɔfrɛ no “Ɛnnɛ”+ no, na bɔne nnaadaa amma mo mu biara ansene ne kɔn. 14 Ahotɔsoɔ a yɛnya firii mfitiaseɛ no, gye sɛ yɛsɔ mu dendeenden kɔsi awieeɛ ansa na yɛanya Kristo no mu kyɛfa ankasa.+ 15 Sɛdeɛ wɔka sɛ, “Ɛnnɛ, sɛ mote ne* nne a, mommpirim mo akoma te sɛ berɛ a wɔhyɛɛ me abufuo dendeenden no.”+
16 Hwannom na wɔteeɛ nanso wɔhyɛɛ no abufuo dendeenden no? Ɛnyɛ wɔn a wɔfirii Egypt a na wɔhyɛ Mose ase no nyinaa?+ 17 Bio nso, hwannom na wɔn ho yɛɛ Onyankopɔn abofono mfeɛ 40 no?+ Ɛnyɛ wɔn a wɔyɛɛ bɔne a wɔn afunu guguu serɛ so no?+ 18 Na hwannom na ɔkaa wɔn ntam sɛ wɔrenkɔ ne home mu no? Ɛnyɛ wɔn a wɔyɛɛ asoɔden no anaa? 19 Enti yɛhunu sɛ gyidie a wɔannya nti na wɔantumi ankɔ mu.+