Mateo Twerɛtohɔ
6 “Monhwɛ yie na moanyɛ mo tenenee wɔ nnipa anim sɛdeɛ wɔbɛhu mo;+ anyɛ saa a, morennya akatua biara mfiri mo Agya a ɔwɔ soro no nkyɛn. 2 Enti sɛ woreyɛ adɔeɛ* a, nhyɛn totorobɛnto nni w’anim, sɛdeɛ nyaatwomfoɔ no yɛ wɔ hyiadan ne mmɔnten so na ama nnipa ahyɛ wɔn animuonyam no. Nokorɛm mereka akyerɛ mo sɛ, wɔanya wɔn akatua nyinaa awie. 3 Na wo deɛ, sɛ woreyɛ adɔeɛ a, mma wo nsa benkum nnhunu deɛ wo nsa nifa reyɛ, 4 na ama w’adɔeɛ ayɛ kokoam deɛ. Ɛno na w’Agya a ɔhunu kokoam no bɛtua wo ka.+
5 “Afei nso, sɛ mobɔ mpaeɛ a, monnyɛ sɛ nyaatwomfoɔ+ no, ɛfiri sɛ wɔpɛ sɛ wɔgyina hyiadan mu ne mmantwea wɔ mmɔnten so bɔ mpaeɛ, sɛdeɛ nnipa bɛhu wɔn.+ Nokorɛm mereka akyerɛ mo sɛ, wɔanya wɔn akatua nyinaa awie. 6 Nanso sɛ worebɔ mpaeɛ a, kɔ wo pia mu, na to wo pono mu, na bɔ w’Agya a ɔwɔ kokoam no mpaeɛ.+ Ɛno na w’Agya a ɔhunu kokoam no bɛtua wo ka. 7 Sɛ worebɔ mpaeɛ a, ntĩ nsɛm korɔ no ara mu nka no mprɛ pii sɛdeɛ amanaman mufoɔ yɛ no, ɛfiri sɛ wɔsusu sɛ wɔn nsɛm dodoɔ nti wɔbɛtie wɔn. 8 Enti monnyɛ sɛ wɔn, ɛfiri sɛ mo Agya nim nneɛma a mohia+ koraa ansa na moabisa no.
“‘Yɛn Agya a wowɔ soro, wo din+ ho nte.*+ 10 W’Ahennie+ mmra. W’apɛdeɛ+ nyɛ hɔ wɔ asaase so+ te sɛ ɔsoro. 11 Ma yɛn aduane* a yɛhia no nnɛ da yi;+ 12 na fa yɛn aka kyɛ yɛn, sɛdeɛ yɛn nso, yɛde akyɛ wɔn a wɔde yɛn aka no.+ 13 Na mfa yɛn nkɔ sɔhwɛ mu,+ mmom gye yɛn firi ɔbɔnefoɔ no+ nsam.’
14 “Na sɛ mode nkurɔfoɔ mfomsoɔ kyɛ wɔn a, mo soro Agya nso de mo deɛ bɛkyɛ mo;+ 15 na sɛ moamfa nkurɔfoɔ mfomsoɔ ankyɛ wɔn a, mo Agya nso remfa mo mfomsoɔ nkyɛ mo.+
16 “Sɛ moreyɛ akɔnkyene*+ a, monnyɛ mo anim mmɔbɔmmɔbɔ te sɛ nyaatwomfoɔ no, ɛfiri sɛ wɔyɛ wɔn anim basaa* na ama nnipa ahunu sɛ wɔreyɛ akɔnkyene.+ Nokorɛm mereka akyerɛ mo sɛ, wɔanya wɔn akatua nyinaa awie. 17 Na wo deɛ, sɛ woreyɛ akɔnkyene a, fa ngo sra wo tirim na hohoro w’anim, 18 na nnipa anhunu sɛ woreyɛ akɔnkyene, na mmom w’Agya a ɔwɔ kokoam no nko ara ahunu. Ɛno na w’Agya a ɔhunu kokoam no bɛtua wo ka.
19 “Monnyae sɛ moboaboa agyapadeɛ ano wɔ asaase so no,+ baabi a nweweboaa* ne nnaakyen sɛe no, na akorɔmfoɔ bubu kɔwia. 20 Mmom no, mommoaboa mo agyapadeɛ ano wɔ soro,+ baabi a nweweboaa* anaa nnaakyen nsɛe no,+ na akorɔmfoɔ mmubu nkɔwia. 21 Ɛfiri sɛ baabi a w’agyapadeɛ wɔ no, ɛhɔ na w’akoma nso wɔ.
22 “Nipadua kanea ne ani.+ Enti sɛ w’ani hwɛ tẽẽ* a, wo nipadua nyinaa bɛhyerɛn.* 23 Nanso sɛ wowɔ ani a ɛbere adeɛ*+ a, wo nipadua nyinaa bɛyɛ sum. Na sɛ hann a ɛwɔ wo mu no yɛ sum a, ɛnneɛ na ɛyɛ esum kabii!
24 “Obiara rentumi nsom awuranom mmienu; ɛfiri sɛ ɔbɛtan baako na wadɔ baako,+ anaasɛ ɔbɛbata baako ho na wabu ɔfoforɔ no animtia. Morentumi nsom* Onyankopɔn nsan nsom Ahonyadeɛ.+
25 “Wei nti mereka akyerɛ mo sɛ: Monnyae sɛ modwendwene+ mo nkwa* ho sɛ deɛn na mobɛdie anaa deɛn na mobɛnom, anaa mo nipadua ho sɛ ɛdeɛn na mobɛhyɛ.+ Nkwa* nhia nsene aduane? Na nipadua no nsen ataadeɛ anaa?+ 26 Momfa mo ani nto fam nhwɛ wiem nnomaa;+ wɔngu aba, wɔntwa, wɔmmoaboa ano ngu adekoradan mu, nanso mo soro Agya ma wɔn aduane. Mo ho nhia pii nsene wɔn anaa? 27 Mo mu hwan na sɛ ɔdwendwene a ɔbɛtumi de basafa* baako aka ne nkwa nna ho?+ 28 Bio nso, adɛn nti na modwendwene ataadeɛ ho? Monhwɛ nhwiren* na monsua biribi, sɛdeɛ ɛnyini; ɛnyɛ adwuma, na ɛnnwene ntoma; 29 nanso mereka akyerɛ mo sɛ, Solomon+ mpo, n’animuonyam nyinaa akyi no, wansiesie ne ho sɛ nhwiren yi mu baako. 30 Sɛ Onyankopɔn hyɛ wuram afifideɛ a ɛwɔ hɔ nnɛ na ɔkyena wɔde agu gya mu no ataadeɛ a, ɔrenhyɛ mo ataadeɛ mmoro so anaa, mo a mo gyidie sua? 31 Enti ɛnsɛ sɛ modwendwene da,+ na moka sɛ, ‘Ɛdeɛn na yɛbɛdie?’ anaasɛ, ‘Ɛdeɛn na yɛbɛnom?’ anaasɛ, ‘Ɛdeɛn na yɛbɛhyɛ?’+ 32 Weinom nyinaa ne nneɛma a amanaman no di akyire dendeenden. Mo soro Agya nim sɛ mohia saa nneɛma yi nyinaa.
33 “Enti, monkɔ so nhwehwɛ Ahennie no ne Onyankopɔn tenenee kane, na ɔde nneɛma a aka yi nyinaa bɛka ho ama mo.+ 34 Enti ɛnsɛ sɛ modwendwene ɔkyena ho da,+ ɛfiri sɛ ɔkyena ankasa bɛnya ne dadwene. Ɛda biara wɔ ɛno ankasa haw a ɛdɔɔso ma no.