Yesaia
25 O Yehowa, wone me Nyankopɔn.
Mema wo so, na meyi wo din ayɛ,
Ɛfiri sɛ woayɛ anwanwadeɛ pii,+
Nneɛma a wobɔɔ wo tirim* wɔ ho firi tete no,+
Ayɛ nokorɛ,+ na aba mu.
Ahɔhoɔ* aban no nyɛ kuro bio;
Wɔrensan nsi bio da.
4 Ɛfiri sɛ woabɛyɛ mmɔborɔwafoɔ abandenden,
Ohiani abandenden wɔ n’ahohia mu,+
Ahum ano dwankɔbea,
Ne ɔhyew mu nwunu.+
Berɛ a atirimuɔdenfoɔ abufuo* te sɛ ahum a ɛpem ɔfasuo,
5 Te sɛ serɛ so ɛhyew no,
Wobrɛ ahɔhoɔ* dede ase.
Sɛdeɛ mununkum nwunu gye ɛhyew no,
Saa ara na woma atirimuɔdenfoɔ dwom ano brɛ ase.
6 Bepɔ yi so+ na asafo Yehowa bɛto aman nyinaa pono;
Ɔde aduane pa,+
Ɔde nsã pa,*
Ɔde aduane pa a hon fra mu,
Ɔde nsã pa a wɔasɔne so.
Ɔbɛyi ne man animguaseɛ* afiri asaase nyinaa so,
Ɛfiri sɛ Yehowa ankasa na aka.
9 Saa da no wɔbɛka sɛ:
“Hwɛ! Yɛn Nyankopɔn nie!+
Yehowa nie!
Yɛde yɛn ani ato ne so.
Momma yɛn ani nnye, na yɛnni ne nkwagyeɛ mu ahurisie.”+
10 Ɛfiri sɛ Yehowa de ne nsa bɛto bepɔ yi so,+
Na wɔbɛtiatia Moab so wɔ ɔno ankasa asaase so+
Te sɛ nwura bebree a wɔtiatia so wɔ sumina* so.