Ɔde Kɔmaa Efesofoɔ
6 Mma, montie mo awofoɔ asɛm+ sɛdeɛ Awurade pɛ, na wei na ɛtene. 2 “Di wo papa ne wo maame ni”;+ wei ne mmara a ɛdi kan a bɔhyɛ yi ka ho: 3 “Ɛbɛsi wo yie,* na woatena ase akyɛ wɔ asaase so.” 4 Agyanom nso, monnhyɛ mo mma abufuo,+ na mmom monkɔ so ntete wɔn Yehowa* ntenesoɔ+ ne ne kasakyerɛ*+ mu.
5 Nkoa, momfa osuro ne ahopopoɔ a ɛfiri akoma nyinaa mu ntie mo wuranom a wɔwɔ asaase so,*+ sɛdeɛ moreyɛ ama Kristo, 6 ɛnyɛ berɛ a nnipa rehwɛ mo nko, na ankɔyɛ sɛ deɛ moresɔ nnipa ani,*+ na mmom sɛ Kristo nkoa a wɔde wɔn kra* nyinaa yɛ Onyankopɔn apɛdeɛ.+ 7 Monyɛ nkoa a mode suban pa som te sɛ deɛ moreyɛ ama Yehowa,*+ na ɛnyɛ nnipa, 8 na monim sɛ papa a obiara bɛyɛ no, ɔyɛ akoa oo, ɔdehyeɛ oo, ɔbɛnya so akatua afiri Yehowa* hɔ.+ 9 Mo awuranom, mo nso monkɔ so nyɛ wɔn saa ara, na monnhunahuna wɔn, ɛfiri sɛ monim sɛ wɔne mo nyinaa Wura wɔ soro,+ na ɔnyɛ animhwɛ.
10 Afei, momma Awurade mfa n’ahoɔden kɛseɛ no nhyɛ mo den.+ 11 Nneɛma a Onyankopɔn de ama yɛn sɛ yɛmfa nkɔ ɛko no, momfa ne nyinaa nhyehyɛ mo ho,+ na moatumi agyina pintinn ako atia Ɔbonsam nnɛɛdɛɛ; 12 ɛfiri sɛ ɛnyɛ yɛne mogya ne honam na ɛredi asie,*+ na mmom yɛne aban ahodoɔ, atumfoɔ, wiase yi sum mu mpanimfoɔ, ne ahonhommɔne dɔm+ a wɔwɔ soro. 13 Wei nti nneɛma a Onyankopɔn de ama yɛn sɛ yɛmfa nkɔ ɛko no, momfa ne nyinaa nhyehyɛ mo ho,+ na sɛ da bɔne no ba a, moatumi ako, na mototo biribiara wie a, moagyina hɔ pintinn.
14 Enti monnyina hɔ pintinn na momfa nokorɛ nyɛ abɔsoɔ* mmɔ mo asene,+ na momfa tenenee nyɛ nkataboɔ,+ 15 na monhyɛ mpaboa na ama moayɛ krado akɔka asomdwoeɛ asɛmpa no.+ 16 Ne nyinaa da nkyɛn a, momfa gyidie kyɛm kɛseɛ no;+ ɛno na mobɛtumi de adum ɔbɔnefoɔ no agyan* a ɛredɛre no nyinaa.+ 17 Afei nso, monhyɛ nkwagyeɛ dadeɛ kyɛ+ na momfa honhom no sekan a ɛne Onyankopɔn asɛm+ no, 18 na momfa mpaebɔ+ ne nkotosrɛ nyinaa bi mmɔ mpaeɛ berɛ nyinaa wɔ honhom no tumi so.+ Ne saa nti, monwɛn daa na monkɔ so nsrɛ mma akronkronfoɔ nyinaa. 19 Me nso mommɔ mpaeɛ mma me, na sɛ mebue m’ano a, matumi aka nsɛm a ɛfata, na mede ahotɔsoɔ aka ahintasɛm kronkron a ɛfa asɛmpa no ho akyerɛ nkurɔfoɔ;+ 20 saa asɛmpa yi, meyɛ ho nanmusini*+ a meda afiase. Mepɛ sɛ metumi de akokoɔduro ka ho asɛm sɛdeɛ ɛsɛ sɛ meka no.
21 Afei deɛ ɛbɛyɛ na mo nso moate me ho asɛm ahunu deɛ ɛrekɔ so no, onua dɔfoɔ Tikiko+ a ɔyɛ ɔsomfoɔ nokwafoɔ Awurade mu no bɛka biribiara akyerɛ mo.+ 22 Wei ara nti na meresoma no mo nkyɛn, na moate yɛn nka na wama mo akoma atɔ mo yam.
23 Asomdwoeɛ nka anuanom na wɔnnya ɔdɔ ne gyidie mfiri Agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo hɔ. 24 Wɔn a yɛn Awurade Yesu Kristo ho dɔ a wɔwɔ nsa da no, adom nka wɔn nyinaa.