Yakobo Nwoma
4 Aperepereɛ ne ntɔkwa a ɛrekɔ so wɔ mo ntam no, ɛhe na ɛfire? Ɛnyɛ mo honam akɔnnɔ a ɛhyɛ mo so* no mu na ɛfire?+ 2 Deɛ mo kɔn dɔ no, monnya. Modi awu na mo ani bere adeɛ, nanso mo nsa nka deɛ mopɛ. Modi apereɛ na mokõ ntɔkwa.+ Mo nsa nka deɛ mopɛ ɛfiri sɛ mommisa. 3 Sɛ mobisa nso a, mo nsa nka, ɛfiri sɛ ɛnyɛ adwempa na mode bisa; mopɛ sɛ mode di mo honam akɔnnɔ akyi.
4 Awaresɛefoɔ,* monnim sɛ obi yɛ wiase adamfo a, ɛkyerɛ sɛ ɔyɛ Onyankopɔn tamfo? Enti obiara a ɔpɛ sɛ ɔfa wiase adamfo no, na ɔreyɛ ne ho Onyankopɔn tamfo.+ 5 Anaa mosusu sɛ twerɛsɛm no kaa no kwa sɛ: “Aniberɛ honhom a ɛte yɛn mu no, akɔnnɔ ahyɛ no ma”?+ 6 Nanso adom a ɔma yɛn nsa ka no kyɛn saa honhom no. Enti twerɛsɛm no ka sɛ: “Onyankopɔn si ahantanfoɔ kwan,+ na ahobrɛasefoɔ deɛ, ɔdom wɔn.”+
7 Ne saa nti mommrɛ mo ho ase nhyɛ Onyankopɔn ase;+ monsi Ɔbonsam kwan,+ na ɔbɛdwane afiri mo ho.+ 8 Mommɛn Onyankopɔn na ɔbɛbɛn mo.+ Mo abɔnefoɔ, monhohoro mo nsa;+ mo a mo adwene nsi mo pi, monte mo akomam.*+ 9 Monni abooboo ne awerɛhoɔ na monsu.+ Momma mo sereɛ nnane awerɛhoɔ na mo anigyeɛ nnane apinisie. 10 Mommrɛ mo ho ase wɔ Yehowa* anim,+ na ɔbɛma mo so.+
11 Anuanom, monnkasa nntia mo yɔnko bio.+ Obiara a ɔkasa tia ne nua anaa ɔbu ne nua atɛn no kasa tia mmara, na ɔbu mmara atɛn. Na sɛ wobu mmara atɛn a, ɛnneɛ na wonyɛ obi a ɔdi mmara so; mmom woyɛ ɔtemmufoɔ. 12 Mmarahyɛfoɔ ne Ɔtemmufoɔ baako pɛ na yɛwɔ;+ ɔno na ɔtumi gye nkwa na ɔtumi kum.+ Wo deɛ, wone hwan a wobu wo yɔnko atɛn?+
13 Afei montie, mo a moka sɛ: “Ɛnnɛ anaa ɔkyena yɛbɛtu kwan akɔ kuro yi so akɔdi afe wɔ hɔ, na yɛbɛdi dwa anya mfasoɔ,”+ 14 nanso monnim deɛ ɛbɛto mo ɔkyena.+ Moyɛ suwisie; ɛpue berɛ tiaa bi a na ayera.+ 15 Mmom no, deɛ ɛsɛ sɛ moka ne sɛ: “Sɛ Yehowa* pɛ a,+ yɛbɛnya nkwa na yɛayɛ sɛɛ anaa sɛɛ.” 16 Nanso seesei deɛ ɛyɛ mo fɛ ne sɛ mobɛkeka nsɛm akɛseɛ de ahoahoa mo ho. Ahohoahoa a ɛte saa nyinaa yɛ bɔne. 17 Enti sɛ obi nim adepa na wanyɛ a, ɛyɛ bɔne ma no.+