Ɔde Kɔmaa Romafoɔ
1 Me Paul, meyɛ Kristo Yesu akoa a wɔafrɛ me sɛ memmɛyɛ ɔsomafoɔ. Wɔayi me asi hɔ sɛ menka Onyankopɔn asɛmpa no,+ 2 asɛmpa a ɔnam n’adiyifoɔ so hyɛɛ ho bɔ too hɔ wɔ Twerɛ kronkron no mu no. 3 Asɛmpa no fa ne Ba no ho. Wɔwoo no honam mu sɛ Dawid aseni,*+ 4 nanso wɔnam honhom a ɛyɛ kronkron no tumi so nyanee no firii awufoɔ mu+ maa ɛdaa adi sɛ ɔyɛ Onyankopɔn Ba.+ Ɔno ne yɛn Awurade Yesu Kristo. 5 Yɛnam ne so anya adom ne asomafoɔ adwuma+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a aman nyinaa bɛgye no adi na wɔayɛ ɔsetie ama no+ na ama wɔahyɛ ne din animuonyam. 6 Saa aman no mu na mo nso, wɔafrɛ mo ama moabɛyɛ Yesu Kristo dea. 7 Meretwerɛ akɔma Onyankopɔn adɔfoɔ a wɔwɔ Roma a wɔafrɛ wɔn abɛyɛ akronkronfoɔ nyinaa:
Yɛn Agya Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo adom ne asomdwoeɛ nka mo.
8 Deɛ ɛdi kan koraa no, menam Yesu Kristo so da me Nyankopɔn ase wɔ mo nyinaa mo ho, ɛfiri sɛ wɔka mo gyidie ho asɛm wɔ wiase baabiara. 9 Na Onyankopɔn a mede me honhom* som no a enti meka ne Ba no ho asɛmpa no, ɔno ne me danseni sɛ mebɔ mo din daa wɔ me mpaebɔ mu a mennyae,+ 10 na mesrɛ daa sɛ, sɛ Onyankopɔn pɛ, na sɛ ɛbɛyɛ yie nko ara deɛ a, afei deɛ, mɛtumi aba mo nkyɛn. 11 Ɛfiri sɛ me ho pere me sɛ mɛhu mo, na mama mo honhom mu akyɛdeɛ bi sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mo ase bɛtim wɔ gyidie no mu; 12 anaa me ne mo nyinaa, obiara de ne gyidie bɛhyɛ ne yɔnko nkuran.+
13 Nanso anuanom, mepɛ sɛ mohunu sɛ mayɛ m’adwene mprɛ pii sɛ mɛba mo nkyɛn na mabɛnya aba bi wɔ mo mu sɛdeɛ menyaa wɔ aman a aka no mu no. Nanso wɔasi me kwan abɛsi nnɛ. 14 Mede Greecefoɔ ne ahɔhoɔ* ka, mede anyansafoɔ ne wɔn a wɔnni nimdeɛ nyinaa ka; 15 enti me ho pere me sɛ mɛka asɛmpa no akyerɛ mo a mowɔ Roma+ no nso. 16 Na m’ani nwu asɛmpa no ho;+ nokorɛm no, ɛyɛ Onyankopɔn tumi a ɔde gye obiara a ɔwɔ gyidie nkwa,+ Yudani na ɛdi kan,+ na afei Greeceni adi hɔ.+ 17 Ɛfiri sɛ wɔn a wɔwɔ gyidie no hunu sɛ, Onyankopɔn nam asɛmpa no so yi ne tenenee adi, na ɛno ma wɔn gyidie yɛ den,+ sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ: “Ɔteneneeni deɛ, gyidie na ɛbɛma no anya nkwa.”+
18 Na nnipa a wɔnam kwammɔne so si nokorɛ no kwan+ no, wɔreyi Onyankopɔn abufuo+ adi firi soro atia wɔn bɔne ne wɔn mmarato nyinaa, 19 ɛfiri sɛ deɛ wɔbɛtumi ahunu afa Onyankopɔn ho no, ɛda adi pefee wɔ wɔn mu; Onyankopɔn maa wɔhuu no pefee.+ 20 Ɛfiri sɛ ne suban ahodoɔ a nnipa ntumi nhunu, a ɛno ne ne tumi a ɛwɔ hɔ daa+ ne Onyankopɔn ko a ɔyɛ*+ no, ada adi pefee firi berɛ a ɔbɔɔ wiase, na wɔnam nneɛma a wayɛ so na ɛhunu,+ enti wɔnni anoyie biara. 21 Ɛwom sɛ wɔnim Onyankopɔn deɛ, nanso wɔanhyɛ no animuonyam sɛ Onyankopɔn, na wɔanna no ase nso. Mmom, wɔdwene adehunu ho, na wɔn akoma a ɛnnim nyansa no duruu sum.+ 22 Ɛwom, na wɔka sɛ wɔnim nyansa, nanso wɔbɛyɛɛ nkwaseafoɔ, 23 na Onyankopɔn a ɔmporɔ no, wɔmaa n’animuonyam bɛyɛɛ sɛ onipa a ɔporɔ honi, ne nnomaa ne mmoa a wɔn nan yɛ nnan ne awɔ ne nkoterɛ* a wɔporɔ nso ahoni.+
24 Ɛsiane sɛ wɔpɛ sɛ wɔdi wɔn akoma mu akɔnnɔ akyi nti, Onyankopɔn gyaa wɔn maa ɔbra fĩ,* sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɛbɛgu wɔn nipadua ho fĩ wɔ wɔn mu. 25 Wɔde Onyankopɔn ho nsɛm a ɛyɛ nokorɛ no sesaa atorɔ, na wɔdii abɔdeɛ ni, na wɔsom abɔdeɛ senee sɛ anka wɔbɛsom Ɔbɔadeɛ no. Ɔno na ayeyie nka no daa daa. Amen. 26 Ɛno nti na Onyankopɔn gyaa wɔn maa nna ho akɔnnɔ a ɛyɛ aniwu,+ ɛfiri sɛ wɔn mmaa de nna mu nkitahodie a ɛyɛ ne kwan so no sesaa deɛ ɛnyɛ ne kwan so.+ 27 Saa ara na mmarima no nso gyaa wɔne mmaa nna mu nkitahodie a ɛyɛ ne kwan so no. Wɔmaa wɔn yɔnko mmarima ho akɔnnɔ dɛree wɔ wɔn mu,+ na mmarima ne mmarima yɛɛ aniwudeɛ.* Na asotwe* a ɛfata wɔn bɔne no, wɔnyaa ne nyinaa wɔ wɔn mu.+
28 Ɛsiane sɛ wɔanhunu sɛ ɛfata sɛ wɔgye Onyankopɔn tom* nti, Onyankopɔn nso gyaa wɔn maa adwene a ɛmfata sɛ wɔnyɛ nneɛma a ɛnsɛ.+ 29 Na deɛ ɛntene nyinaa ayɛ wɔn ma;+ amumuyɛ, adufudepɛ,*+ ne bɔne. Na ahoɔyaa adidi wɔn mu;+ ɛfiri sɛ awudie,+ mansotwe, nnaadaa,+ ne adwemmɔne+ ayɛ wɔn ma; wɔtutu nsɛm gu nkurɔfoɔ asom,* 30 wɔn ano yɛ ya,+ wɔtan Onyankopɔn, wɔmmu adeɛ,* wɔyɛ ahantan, wɔhoahoa wɔn ho, wɔbɔ pɔ bɔne,* wɔntie wɔn awofoɔ asɛm,+ 31 wɔnni nteaseɛ,+ wɔsɛe apam, wɔnni tema, na wɔn tirim yɛ den. 32 Ɛwom sɛ saa nkurɔfoɔ yi nim Onyankopɔn atemmuo* a ɛtene no yie paa sɛ wɔn a wɔyɛ saa nneɛma no fata owuo,+ nanso wɔkɔ so yɛ saa nneɛma no, na wɔn a wɔyɛ bi no nso, wɔgye wɔn tom.