Timoteo Nwoma a Ɛdi Kan
4 Nanso asɛm a ɛfiri honhom mu no* ka no pefee sɛ, mmerɛ bi bɛba a ebinom bɛtwe wɔn ho afiri gyidie no ho akɔdi nnaadaasɛm a ɛfiri honhom mu*+ ne ahonhommɔne* nkyerɛkyerɛ akyi. 2 Deɛ ɛbɛma aba saa ne sɛ wɔbɛtie nyaatwomfoɔ a wɔka atosɛm.+ Wɔn na wɔn ahonim* awuo; ɛte sɛ ɛtwã a dadeɛ ahye obi ama abɛda ne ho. 3 Wɔbara awareɛ,+ na nnuane a Onyankopɔn bɔɔ sɛ wɔn a wɔwɔ gyidie+ na wɔahunu nokorɛ no yie mfa aseda nni no,+ wɔka kyerɛ nkurɔfoɔ sɛ ɛnsɛ sɛ wɔdi.+ 4 Nanso deɛ ɛwom ne sɛ, Onyankopɔn abɔdeɛ nyinaa yɛ,+ na sɛ obi da ase wɔ ho a, ɛnsɛ sɛ ɔpo biribiara,+ 5 ɛfiri sɛ Onyankopɔn asɛm ne mpaeɛ a wɔbɔ gu so no ma ɛho te.
6 Sɛ wode afotusɛm yi ma anuanom no a, wobɛyɛ Kristo Yesu somfoɔ pa, obi a wɔde nsɛm a ɛgyina gyidie ne nkyerɛkyerɛ pa so atete no;* ɛno na woadi akyire pɛpɛɛpɛ no.+ 7 Atosɛm a ɛtia nneɛma kronkron, te sɛ deɛ mmerewa ka no, bɔ gu.+ Mmom, fa onyamesom pa si w’ani so na fa tete wo ho. 8 Ɛfiri sɛ apɔmutenetene so wɔ mfasoɔ kakra deɛ, nanso onyamesom pa so wɔ mfasoɔ adeɛ nyinaa mu, ɛfiri sɛ ɛboa yɛn wɔ asetena mu nnɛ, na ɛbɛboa yɛn wɔ nkwa a ɛbɛba daakye no+ nso mu. 9 Saa asɛm no yɛ nokorɛ, na ɛsɛ sɛ yɛgye tom paa. 10 Wei nti na yɛyɛ adwumaden na yɛyere yɛn ho+ no, ɛfiri sɛ yɛde yɛn ani ato Onyankopɔn teasefoɔ no so. Ɔno na ɔyɛ nnipa ahodoɔ nyinaa+ Agyenkwa,+ ne titire no, anokwafoɔ.
11 Kɔ so fa ahyɛdeɛ ahodoɔ yi ma na fa kyerɛkyerɛ. 12 Mma obiara mmmu aberanteɛ a woyɛ no animtia* da. Mmom no, yɛ nhwɛsoɔ ma anokwafoɔ no wɔ ɔkasa, abrabɔ, ɔdɔ, gyidie, ne ahoteɛ mu. 13 Ma w’ani nku badwam akenkan,+ afotuo,* ne nkyerɛkyerɛ ho kɔsi sɛ mɛba. 14 Mmu w’ani ngu akyɛdeɛ a ɛwɔ wo mu no so, deɛ wɔnam nkɔmhyɛ so maa wonyaeɛ, berɛ a mpanimfoɔ kuo no de wɔn nsa guu wo so no.+ 15 Dwendwene weinom ho; fa w’adwene nyinaa si so, na ama nnipa nyinaa ahu wo nkɔsoɔ. 16 Hwɛ wo ho so yie berɛ nyinaa, na ma w’ani nku wo nkyerɛkyerɛ+ ho daa. Yere wo ho yɛ weinom, na sɛ woyɛ saa a, wobɛgye wo ho ne wɔn a wɔtie wo no nkwa.+