Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Hebrifoɔ 10
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ

Deɛ woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

Hebrifoɔ Nwoma No Mu Nsɛntitire

      • Mmoa a wɔde bɔ afɔreɛ rentumi nyi bɔne mfiri hɔ (1-4)

        • Mmara no yɛ sunsum (1)

      • Kristo bɔɔ afɔreɛ baako pɛ, na n’afɔrebɔ no ntwam da (5-18)

      • Ɔkwan foforɔ a ɛwɔ nkwa (19-25)

        • Mommma yɛnnnyae sɛ yɛne yɛn ho bɛhyiam (24, 25)

      • Ɛnsɛ sɛ yɛboapa tena bɔne mu (26-31)

      • Ahotosoɔ ne gyidie a ɛma yɛde animia gyina mu (32-39)

Hebrifoɔ 10:1

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “nnipa rentumi.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Kol 2:16, 17
  • +Heb 8:5
  • +Heb 7:19; 9:9

Hebrifoɔ 10:2

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “tiboa.”

Hebrifoɔ 10:3

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Le 16:34

Hebrifoɔ 10:6

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Dw 40:6

Hebrifoɔ 10:7

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Nt., “nwoma no nwoma mmobɔeɛ.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Dw 40:8

Hebrifoɔ 10:9

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Dw 40:6-8

Hebrifoɔ 10:10

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ga 1:4
  • +Heb 13:12

Hebrifoɔ 10:11

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “ɔsom adwuma.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Sa 2:27, 28
  • +Ex 29:38; Nu 28:3
  • +Heb 7:18; 10:1

Hebrifoɔ 10:12

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ro 8:34

Hebrifoɔ 10:13

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Dw 110:1; 1Ko 15:25

Hebrifoɔ 10:14

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Heb 7:19

Hebrifoɔ 10:16

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Hwɛ Nkh. A5.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Yer 31:33; Heb 8:10

Hebrifoɔ 10:17

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Yer 31:34; Heb 8:12

Hebrifoɔ 10:19

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “ahotɔsoɔ.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Heb 9:8, 24

Hebrifoɔ 10:20

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Nt., “ɛkwan a ɔbuee ano.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Mt 27:51

Hebrifoɔ 10:21

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Sak 6:13; Heb 3:6

Hebrifoɔ 10:22

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “wɔde mogya apete.”

  • *

    Anaa “tiboa.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Yo 1:7
  • +Efe 5:25, 26

Hebrifoɔ 10:23

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “wɔ badwam.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ko 15:58; Kol 1:23

Hebrifoɔ 10:24

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “obiara mma n’ani nku ne yɔnko ho; obiara mma ne yɔnko ho nhia no.”

  • *

    Anaa “bɛpusu; bɛtwetwe.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Kol 3:23; 1Ti 6:18

Hebrifoɔ 10:25

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 31:12; Aso 2:42
  • +Yes 35:3; Ro 1:11, 12
  • +Ro 13:11; 2Pe 3:11, 12

Hebrifoɔ 10:26

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Pe 2:21
  • +Mt 12:32; Heb 6:4-6; 1Yo 5:16

Hebrifoɔ 10:27

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Yes 26:11

Hebrifoɔ 10:28

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 17:6

Hebrifoɔ 10:29

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Mt 26:27, 28; Lu 22:20
  • +Heb 6:4-6

Hebrifoɔ 10:30

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “Awerɛdie wɔ me.”

  • *

    Hwɛ Nkh. A5.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 32:35, 36

Hebrifoɔ 10:31

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “Ɛyɛ hu sɛ obi bɛhwe Onyankopɔn teasefoɔ no nsam.”

Hebrifoɔ 10:32

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Ko 4:6; Heb 6:4

Hebrifoɔ 10:33

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Nt., “te sɛ deɛ mowɔ adehwɛbea.”

  • *

    Anaa “moyɛ wɔn a wɔrefa saa haw no mu no mfɛfoɔ.”

Hebrifoɔ 10:34

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Mt 5:12
  • +Lu 16:9

Hebrifoɔ 10:35

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Nt., “ahotɔsoɔ a mode kasa.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Mt 10:32; 1Ko 15:58

Hebrifoɔ 10:36

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Lu 21:19; Yak 5:11

Hebrifoɔ 10:37

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Yes 26:20
  • +Hab 2:3; 2Pe 3:9

Hebrifoɔ 10:38

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “me kra ani.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Yoh 3:16; Ro 1:17
  • +Hab 2:4

Hebrifoɔ 10:39

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “yɛn kra.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Pe 2:20

Bible Afoforɔ

Klike nkyekyɛmu bi so. Ɛbɛma woahunu asɛm korɔ no ara wɔ Bible afoforɔ mu.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So No Nyinaa

Heb. 10:1Kol 2:16, 17
Heb. 10:1Heb 8:5
Heb. 10:1Heb 7:19; 9:9
Heb. 10:3Le 16:34
Heb. 10:6Dw 40:6
Heb. 10:7Dw 40:8
Heb. 10:9Dw 40:6-8
Heb. 10:10Ga 1:4
Heb. 10:10Heb 13:12
Heb. 10:111Sa 2:27, 28
Heb. 10:11Ex 29:38; Nu 28:3
Heb. 10:11Heb 7:18; 10:1
Heb. 10:12Ro 8:34
Heb. 10:13Dw 110:1; 1Ko 15:25
Heb. 10:14Heb 7:19
Heb. 10:16Yer 31:33; Heb 8:10
Heb. 10:17Yer 31:34; Heb 8:12
Heb. 10:19Heb 9:8, 24
Heb. 10:20Mt 27:51
Heb. 10:21Sak 6:13; Heb 3:6
Heb. 10:221Yo 1:7
Heb. 10:22Efe 5:25, 26
Heb. 10:231Ko 15:58; Kol 1:23
Heb. 10:24Kol 3:23; 1Ti 6:18
Heb. 10:25De 31:12; Aso 2:42
Heb. 10:25Yes 35:3; Ro 1:11, 12
Heb. 10:25Ro 13:11; 2Pe 3:11, 12
Heb. 10:262Pe 2:21
Heb. 10:26Mt 12:32; Heb 6:4-6; 1Yo 5:16
Heb. 10:27Yes 26:11
Heb. 10:28De 17:6
Heb. 10:29Mt 26:27, 28; Lu 22:20
Heb. 10:29Heb 6:4-6
Heb. 10:30De 32:35, 36
Heb. 10:322Ko 4:6; Heb 6:4
Heb. 10:34Mt 5:12
Heb. 10:34Lu 16:9
Heb. 10:35Mt 10:32; 1Ko 15:58
Heb. 10:36Lu 21:19; Yak 5:11
Heb. 10:37Yes 26:20
Heb. 10:37Hab 2:3; 2Pe 3:9
Heb. 10:38Yoh 3:16; Ro 1:17
Heb. 10:38Hab 2:4
Heb. 10:392Pe 2:20
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
  • Kenkan wɔ Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ (Asante) mu
  • 1
  • 2
  • 3
  • 4
  • 5
  • 6
  • 7
  • 8
  • 9
  • 10
  • 11
  • 12
  • 13
  • 14
  • 15
  • 16
  • 17
  • 18
  • 19
  • 20
  • 21
  • 22
  • 23
  • 24
  • 25
  • 26
  • 27
  • 28
  • 29
  • 30
  • 31
  • 32
  • 33
  • 34
  • 35
  • 36
  • 37
  • 38
  • 39
Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
Hebrifoɔ 10:1-39

Ɔde Kɔmaa Hebrifoɔ

10 Mmara no yɛ nneɛma pa a ɛbɛba+ no sunsum,+ na ɛnyɛ sɛdeɛ nneɛma no teɛ ankasa. Ɛno nti, wɔn a wɔba Onyankopɔn nkyɛn a wɔkɔ so bɔ afɔreɛ koro no ara afe biara no, ɛrentumi* mma wɔnwie pɛyɛ da.+ 2 Ɛnte saa a, anka wɔgyaee afɔreɛ a na wɔbɔ no. Ɛfiri sɛ wɔn a na wɔde ɔsom kronn ma Onyankopɔn no, sɛ wɔnya te wɔn ho wie a, anka wɔn ahonim* remmu wɔn fɔ wɔ bɔne ho bio. 3 Mmom no, saa afɔreɛ ahodoɔ a wɔbɔ no ma wɔkae wɔn bɔne afe biara,+ 4 ɛfiri sɛ anantwinini ne mpɔnkye mogya ntumi nyi bɔne mfiri hɔ.

5 Enti berɛ a ɔbaa wiase no, ɔkaa sɛ: “‘Afɔreɛ ne ayɛyɛdeɛ deɛ woampɛ, na mmom nipadua na wosiesie maa me. 6 Ɔhyeɛ afɔreɛ ne bɔne ho afɔreɛ ansɔ w’ani.’+ 7 Ɛnna mekaa sɛ: ‘Hwɛ! Maba (wɔatwerɛ me ho asɛm wɔ nwoma mmobɔeɛ* no mu) sɛ merebɛyɛ w’apɛdeɛ, O Onyankopɔn.’”+ 8 Ɔdii kan kaa sɛ: “Afɔreɛ ne ayɛyɛdeɛ ne ɔhyeɛ afɔreɛ ne bɔne ho afɔreɛ deɛ, w’ani ansɔ, na woampɛ”; weinom yɛ afɔreɛ a na Mmara no hwehwɛ. 9 Ɛnna afei ɔkaa sɛ: “Hwɛ! Maba sɛ merebɛyɛ w’apɛdeɛ.”+ Ɔyii deɛ ɛdi kan no firii hɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔde deɛ ɛtɔ so mmienu no bɛsi hɔ. 10 Saa ‘apɛdeɛ’ no+ na wɔnam so ama Yesu Kristo nipadua a wɔde maa prɛko no ate yɛn ho.+

11 Bio nso, da biara, ɔsɔfoɔ biara kɔgyina ne gyinabea yɛ adwuma kronkron,*+ na ɔbɔ afɔreɛ koro no ara mprɛ pii,+ afɔreɛ a ɛntumi nyi bɔne mfiri hɔ korakora no.+ 12 Nanso saa ɔbarima yi deɛ, ɔbɔɔ bɔne ho afɔreɛ baako pɛ, na n’afɔrebɔ no ntwam da. Ɛno akyi no, ɔkɔtenaa Onyankopɔn nsa nifa.+ 13 Ɛfiri saa berɛ no, ɔretwɛn akɔsi sɛ wɔde n’atamfo bɛyɛ ne nan ntiasoɔ.+ 14 Na ɔnam afɔreɛ baako so ama wɔn a wɔate wɔn ho no awie pɛyɛ,+ na wɔn pɛyɛ no bɛwɔ hɔ afebɔɔ. 15 Afei nso, honhom kronkron no nso di yɛn adanseɛ, ɛfiri sɛ ɛka sɛ: 16 “‘Wei ne apam a me ne wɔn bɛyɛ wɔ saa nna no akyi,’ Yehowa* asɛm nie. ‘Mede me mmara bɛhyɛ wɔn akomam, na matwerɛ wɔ wɔn adwenem.’”+ 17 Na ɛno akyi no, ɛka sɛ: “Na merenkae wɔn bɔne ne wɔn mmarato bio.”+ 18 Na sɛ wɔde bɔne ne mmarato yi kyɛ a, ɛnneɛ na bɔne ho afɔrebɔ nhia bio.

19 Enti anuanom, yɛnam Yesu mogya so anya akokoɔduro* a yɛde fa ɛkwan a ɛkɔ kronkronbea hɔ+ no so. 20 Ɛkwan a ɔbue maa yɛn* no yɛ ɛkwan foforɔ a ɛwɔ nkwa, na ɛfa ntwamutam+ no mu, ntwamutam a ɛgyina hɔ ma ne honam no. 21 Afei nso, yɛwɔ ɔsɔfo kɛseɛ a ɔdi Onyankopɔn fie so.+ 22 Ɛno nti, momma yɛmfa akoma pa ne gyidie a ɛdi mu mmra, ɛfiri sɛ wɔadwira* yɛn akoma ho ama ɛho ate afiri ahonim* bɔne ho,+ na wɔde nsuo a emu teɛ adware yɛn nipadua.+ 23 Momma yɛnsɔ anidasoɔ a yɛka ho asɛm kyerɛ nkurɔfoɔ* no mu dendeenden a yɛnhinhim,+ ɛfiri sɛ deɛ ɔhyɛɛ bɔ no yɛ ɔnokwafoɔ. 24 Na momma obiara nnwene ne yɔnko ho,* sɛdeɛ ɛbɛyɛ a obiara bɛkanyan* ne yɔnko ama no ada ɔdɔ adi na wayɛ nnwuma pa.+ 25 Na mommma yɛnnnyae sɛ yɛne yɛn ho bɛhyiam,+ sɛdeɛ ebinom nhyia mu no. Mmom momma yɛnhyehyɛ yɛn ho nkuran,+ ne titire no, berɛ a mohunu sɛ ɛda no rebɛn no.+

26 Na sɛ yɛnya nokorɛ no ho nimdeɛ a ɛdi mu, na ɛno akyi no yɛboapa tena bɔne mu a,+ bɔne ho afɔreɛ biara nni hɔ bio.+ 27 Mmom deɛ aka ara ne sɛ yɛde ehu bɛhwɛ atemmuo ne abufuhyeɛ a ɛrebɛsɛe asɔretiafoɔ no kwan.+ 28 Obiara a ɔbu Mose mmara no animtia no, wɔgyina nnipa mmienu anaa mmiɛnsa adanseɛ so ku no a wɔnhu no mmɔbɔ.+ 29 Ɛnneɛ obi a watiatia Onyankopɔn Ba no so, na wabu apam mogya+ a wɔde te ne ho no sɛ adehunu bi, na wadidi adom honhom no atɛm pɔtɔɔ no, asotwe a ɛbɛba ne so deɛ, yɛnka!+ 30 Na yɛnim Deɛ ɔkaa sɛ: “Me na metua bɔne so ka;* me ara mɛtua ka” no. Afei nso: “Yehowa* bɛbu ne nkurɔfoɔ atɛn.”+ 31 Ɛyɛ hu sɛ Onyankopɔn teasefoɔ no bɛtwe obi aso.*

32 Nanso, monkɔ so nkae kane nna a mohunuu hann no.+ Saa berɛ no, mode animia gyinaa ɛko a emu yɛ den ne amanehunu mu. 33 Ɛtɔ da a, na wɔgu mo anim ase, na wɔteetee mo wɔ badwam.* Ɛtɔ da nso a, na mo ne wɔn a wɔrefa saa haw no mu no bom hunu amane.* 34 Na wɔn a wɔda afiase no asɛm yɛɛ mo mmɔbɔ, na mode anigyeɛ penee so maa wɔfom mo ahodeɛ,+ ɛfiri sɛ monim sɛ mowɔ agyapadeɛ a ɛkyɛn so a ɛwɔ hɔ daa.+

35 Enti monnto mo akokoɔduro* nntwene, ɛfiri sɛ mobɛnya so akatua kɛseɛ.+ 36 Na ɛhia sɛ mode animia gyina mu,+ na sɛ moyɛ Onyankopɔn apɛdeɛ wie a, mo nsa aka bɔhyɛ no. 37 Ɛfiri sɛ “aka kakraa bi”+ na “deɛ ɔreba no abɛduru, na ɔrenkyɛ.”+ 38 Na “me teneneeni deɛ, gyidie na ɛbɛma no anya nkwa,”+ na “sɛ ɔsan n’akyi a, m’ani* rennye ne ho.”+ 39 Yɛn deɛ, yɛnyɛ nnipa a yɛtwe yɛn ho kɔ ɔsɛeɛ mu,+ na mmom yɛyɛ nnipa a yɛwɔ gyidie a ɛgye yɛn* nkwa.

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane