Yakobo Nwoma
1 Me Yakobo,+ Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo akoa, meretwerɛ krataa yi ama mmusuakuo 12 a moabɔ ahwete no.
Mekyea mo!
2 Me nuanom, sɛ mohyia sɔhwɛ ahodoɔ a, mommu no anigyeɛ koraa,+ 3 na monhu sɛ wɔsɔ mo gyidie hwɛ saa a, ɛbɛma mode animia agyina ɔhaw ano.+ 4 Nanso momma animia no nwie n’adwuma na moawie pɛyɛ adi mu wɔ biribiara mu a hwee nhia mo.+
5 Enti sɛ mo mu bi hia nyansa a, ma no nkɔ so mmisa Onyankopɔn,+ na ɔde bɛma no,+ ɛfiri sɛ ɔyi ne yam kyɛ nnipa nyinaa adeɛ a animtiabuo* biara nnim.+ 6 Nanso ma no nkɔ so mfa gyidie mmisa;+ ɛnsɛ sɛ n’adwenem yɛ no naa koraa,+ ɛfiri sɛ deɛ n’adwenem yɛ no naa no te sɛ po asorɔkye a mframa de no di akɔneaba. 7 Mma onipa a ɔte saa nnsusu da sɛ ɔbɛnya biribi afiri Yehowa* hɔ; 8 ɔyɛ onipa a n’adwene nsi pi,+ na ɔhinhim wɔ n’akwan nyinaa mu.
9 Na ma onua a ɔyɛ mmɔborɔwa* nni ahurisie sɛ wɔama ne so,+ 10 na ɔdefoɔ nso nni ahurisie sɛ wɔabrɛ no ase,+ ɛfiri sɛ ɔdefoɔ bɛtwam akɔ sɛ wuram nhwiren. 11 Sɛdeɛ awia pue a ɛbɔ dendeenden na ɛhye wura ma ne nhwiren po na n’ahoɔfɛ sɛe no, saa ara na ɔdefoɔ bɛgya nneɛma a ɔdi akyire no hɔ akɔ.+
12 Anigyeɛ ne deɛ ɔmia n’ani gyina sɔhwɛ mu,+ ɛfiri sɛ sɛ wɔgye no tom a, ne nsa bɛka nkwa abotire+ a Yehowa* ahyɛ bɔ sɛ ɔde bɛma wɔn a wɔkɔ so dɔ no no.+ 13 Obiara a sɔhwɛ bɛto no no, ɛnsɛ sɛ ɔka sɛ: “Onyankopɔn na ɔresɔ me ahwɛ.” Ɛfiri sɛ obi ntumi mfa bɔne nsɔ Onyankopɔn nhwɛ, na ɔno nso nsɔ obiara nhwɛ. 14 Mmom deɛ ɛsɔ obi hwɛ ne ɔno ara n’akɔnnɔ a ɛtwetwe no na ɛto no bradɛ.*+ 15 Afei sɛ akɔnnɔ no nyinsɛn a, ɛwo bɔne; na sɛ bɔne nya ba a, owuo na ɛdi so.+
16 Me nuanom adɔfo, mommma wɔnnnaadaa mo. 17 Akyɛdeɛ pa ne akyɛdeɛ a ɛdi mu biara firi soro;+ ɛfiri hann Agya no nkyɛn;+ ɔno deɛ, ɔnsakrasakra te sɛ sunsum a ɛnnyina faako.*+ 18 Ne pɛ nti, ɔde n’asɛm a ɛyɛ nokorɛ no+ woo yɛn sɛ yɛmmɛyɛ sɛ n’abɔdeɛ mu aba a ɛdi kan.+
19 Me nuanom adɔfo, monhunu wei: Obiara nyɛ ntɛm ntie asɛm; mma no mmpere ne ho nnkasa+ anaa ɔmmpere ne ho mmfa abufuo,+ 20 ɛfiri sɛ onipa abufuo nna Onyankopɔn tenenee adi.+ 21 Enti monto efĩ nyinaa ne bɔne biara* ngu,+ na mommrɛ mo ho ase mma wɔnnua* asɛm no wɔ mo mu, na ɛno na ɛbɛtumi agye mo* nkwa.
22 Momfa asɛm no nyɛ adwuma;+ monntie asɛm no kɛkɛ mmfa nsusuiɛ hunu nnnaadaa mo ho. 23 Na sɛ obi tie asɛm no na wamfa anyɛ adwuma a,+ ɔte sɛ onipa a ɔhwɛ n’anim* wɔ ahwehwɛ mu. 24 Ɔhwɛ ne ho na ɔkɔ, na ntɛm ara ne werɛ fi sɛdeɛ ɔteɛ. 25 Na deɛ ɔhwehwɛ ahofadie mmara a ɛwie pɛyɛ+ no mu yie na ɔtena mu no, wabɛyɛ obi a ɔde asɛm no yɛ adwuma, na ɔnyɛ obi a ɔtie asɛm no a na ne werɛ afi; n’ani bɛgye sɛ ɔreyɛ saa.+
26 Sɛ obi bu ne ho sɛ ɔsom Onyankopɔn* nanso ɔnhwɛ ne kasa yie*+ a, ɔredaadaa n’akoma, na onipa a ɔte saa no som yɛ kwa. 27 Ɔsom* a ɛho teɛ na efĩ biara nni ho yɛn Nyankopɔn ne Agya no ani so ne sɛ obi bɛhwɛ nnyanka+ ne akunafoɔ+ wɔn ahohia mu,+ na watwe ne ho afiri wiase nkekaeɛ ho.+