Timoteo Nwoma a Ɛtɔ So Mmienu
3 Na hunu wei sɛ awieeɛ mmerɛ no+ mu no, mmerɛ a emu yɛ den bɛba. 2 Ɛfiri sɛ nnipa bɛyɛ pɛsɛmenkomenya,* wɔbɛyɛ sikaniberɛ, wɔbɛhoahoa wɔn ho, wɔbɛyɛ ahantan, wɔbɛkeka abususɛm, wɔrentie wɔn awofoɔ asɛm, wɔbɛyɛ bonniayɛ, wɔbɛdi nkurɔfoɔ hwammɔ,* 3 wɔrennya tema, nkurɔfoɔ rentumi ne wɔn nyɛ apam, wɔbɛsɛe nkurɔfoɔ din, wɔrentumi nhyɛ wɔn ho so, wɔbɛdi atirimuɔdensɛm,* wɔbɛyɛ wɔn a wɔmpɛ papa, 4 wɔbɛyi nkurɔfoɔ ama, wɔbɛyɛ asoɔden, wɔbɛyɛ ahomasoɔ, sɛ́ anka wɔbɛdɔ Onyankopɔn no, anigyeɛ mmom na wɔbɛpɛ; 5 wohu wɔn a wobɛka sɛ wɔsom Onyankopɔn, nanso wɔmmɔ wɔn bra sɛdeɛ Onyankopɔn pɛ;*+ saa nnipa yi, twe wo ho firi wɔn ho. 6 Na wɔn mu binom bɛwiawia wɔn ho akɔ afie mu, na mmaa a wɔyɛ mmerɛ a bɔne ahyɛ wɔn so na akɔnnɔ ahodoɔ twetwe wɔn no, wɔbɛfa wɔn de wɔn ayɛ nkoa. 7 Wɔsua adeɛ daa, nanso wɔntumi nnya nokorɛ no ho nimdeɛ a ɛdi mu no da.
8 Na sɛdeɛ Yane ne Yambre ko tiaa Mose no, saa ara na saa nkurɔfoɔ no nso ko tia nokorɛ no. Wɔyɛ nnipa a wɔn adwene asɛe koraa, na Onyankopɔn nnye wɔn ntom wɔ gyidie no mu. 9 Na wɔrentumi nkɔ wɔn anim bio, ɛfiri sɛ wɔn nkwaseasɛm bɛda adi pefee wɔ nnipa nyinaa anim, te sɛ deɛ ɛtoo saa mmarima mmienu no.+ 10 Nanso wo deɛ, deɛ woadi akyire pɛpɛɛpɛ ne me nkyerɛkyerɛ, m’abrabɔ,+ deɛ ɛsi m’ani so, me gyidie, m’aboterɛ, me dɔ, ne m’animia. 11 Bio nso, tan a nkurɔfoɔ tan m’ani ne m’amanehunu, te sɛ deɛ ɛkɔɔ so wɔ Antiokia,+ Ikoniom,+ ne Listra+ no, wonim ne nyinaa. Mede animia gyinaa saa ateetee no ano, na Awurade gyee me firii ne nyinaa mu.+ 12 Deɛ ɛwom ne sɛ, wɔn a wɔpɛ sɛ wɔde onyamesom pa tena ase sɛ Kristo Yesu akyidifoɔ nyinaa, nkurɔfoɔ bɛtan wɔn ani.+ 13 Nanso nnipabɔnefoɔ ne nnaadaafoɔ bɛkɔ wɔn anim wɔ bɔne mu, wɔbɛdaadaa nkurɔfoɔ na nkurɔfoɔ nso adaadaa wɔn.+
14 Na wo deɛ, deɛ woasua na woagye adi sɛ ɛyɛ nokorɛ no, kɔ so fa yɛ adwuma,+ ɛfiri sɛ wonim wɔn a wosua firii wɔn nkyɛn, 15 na wo mmɔfraase+ na wosuaa ntwerɛeɛ kronkron no,+ na ɛno na ɛbɛtumi ama woahunu nyansa afa Kristo Yesu mu gyidie so akɔ nkwagyeɛ mu.+ 16 Twerɛnsɛm no nyinaa firi Onyankopɔn honhom mu,+ na ɛyɛ ma nkyerɛkyerɛ,+ kasakyerɛ, nneɛma atenetene, na ɛtene yɛn so ma yɛyɛ deɛ ɛtene,+ 17 sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Onyankopɔn nipa bɛfata paa a wɔasiesie no yie ama adwuma pa biara.