Petro Nwoma a Ɛtɔ So Mmienu
1 Me, Simon Petro a meyɛ Yesu Kristo akoa ne ɔsomafoɔ, meretwerɛ krataa yi akɔma wɔn a wɔnam Onyankopɔn ne yɛn Agyenkwa Yesu Kristo tenenee so anya gyidie a ɛsom bo te sɛ yɛn deɛ no ara:
2 Adom ne asomdwoeɛ mfa Onyankopɔn ne yɛn Awurade Yesu ho nokorɛ nimdeɛ+ so nnɔɔso mma mo, 3 ɛfiri sɛ Onyankopɔn tumi nti yɛanya biribiara a ɛfa nkwa ne onyamesom pa ho,* na ɛnam Onyankopɔn ho nokorɛ nimdeɛ so;+ ɔno na ɔde n’animuonyam ne ne papayɛ frɛɛ yɛn. 4 Ɔnam weinom so ama yɛn bɔhyɛ akɛseɛakɛseɛ a ɛsom bo,+ na berɛ a moatumi adwane afiri wiase a akɔnnɔ bɔne ama no aporɔ mu no, moafa weinom so anya Onyankopɔn su no bi.+
5 Ɛsiane wei nti, mo nso monyɛ deɛ mobɛtumi biara+ mfa ɔbra pa+ nka mo gyidie ho, na momfa nimdeɛ+ nka mo bra pa ho; 6 momfa ahohyɛsoɔ*+ nka mo nimdeɛ ho, momfa animia nka mo ahohyɛsoɔ ho, na momfa onyamesom pa+ nka animia ho; 7 momfa onuadɔ nka mo nyamesom pa ho; onuadɔ no akyi no, monnya ɔdɔ+ mma obiara. 8 Na sɛ weinom nyinaa wɔ mo mu na ɛbu so a, mode Awurade Yesu Kristo ho nokorɛ nimdeɛ bɛyɛ adwuma. Ɛba saa a, morenyɛ mmerɛ anaa morenyɛ nnipa a wɔnso aba.+
9 Na obiara a weinom nni ne mu no, na n’ani afira, ɔmpɛ sɛ ɔhu hann no,*+ na ne werɛ afi sɛ wɔahohoro ne bɔne+ a wayɛ atwam no. 10 Enti anuanom, monyɛ deɛ mobɛtumi biara mma hokwan a moanya sɛ wɔafrɛ mo+ na wɔayi mo no nni mu; na sɛ mokɔ so yɛ saa a, morenhwe ase da.+ 11 Nokwasɛm nie, ɛbɛma moanya hokwan kɛseɛ akɔ yɛn Awurade ne yɛn Agyenkwa Yesu Kristo+ daa Ahennie+ no mu.
12 Wei nti mepɛ sɛ daa mekae mo weinom, ɛwom, monim, na mo ase nso atim wɔ nokorɛ a ɛwɔ mo mu no mu. 13 Nanso mprɛ dodoɔ a mewɔ ntomadan*+ yi mu deɛ, mehu sɛ ɛfata sɛ mekaakae mo de kanyan mo,+ 14 na menim sɛ ɛrenkyɛ koraa na wɔayi me ntomadan yi agu hɔ sɛdeɛ yɛn Awurade Yesu Kristo nso daa no adi kyerɛɛ me no.+ 15 Mɛkɔ so ayɛ deɛ mɛtumi biara na sɛ mekɔ a, mo ara moakae weinom.
16 Ɛnyɛ atosɛm bi a wɔanwene no aniferɛ kwan so na yɛnam so kyerɛɛ mo yɛn Awurade Yesu Kristo tumi ne ne mmaeɛ no, na mmom yɛn ani kann na yɛde huu n’animuonyam.+ 17 Na ɔnyaa anidie ne animuonyam firii Agya Onyankopɔn hɔ, berɛ a Onimuonyamfoɔ kɛseɛ no kaa nsɛm te sɛ wei* kyerɛɛ no no: “Wei ne me Ba, deɛ medɔ no a magye no atom.”+ 18 Berɛ a yɛne no wɔ bepɔ kronkron no so no, wei ne nsɛm a yɛte firii soro.
19 Enti nkɔmhyɛsɛm no, wɔama yɛahu sɛ ɛdi mu paa; na ɛyɛ sɛ moama mo ani aku ho sɛ kanea+ a ɛhyerɛn sum mu, kyerɛ sɛ, mo akomam (kɔsi sɛ adeɛ bɛkye ama adekyeeɛ nsoromma+ apue). 20 Deɛ ɛdi kan koraa no, monim sɛ Twerɛnsɛm mu nkɔmhyɛ biara nni hɔ a ɛnam nnipa nteaseɛ so ba. 21 Na ɛnyɛ nnipa hɔ na nkɔmhyɛ firi ba,+ na mmom Onyankopɔn honhom kronkron+ na ɛmaa nnipa kasaeɛ.